Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/08 kr. 1
  • Momma Yɛmfa Anisɔ Nkae Agyede No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yɛmfa Anisɔ Nkae Agyede No
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Momma Yɛnkyerɛ Anisɔ—Wɔbɛyɛ Nkaedi no April 17
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nkaedi Ho Nsato Krataa a Wɔbɛkyekyɛ wɔ Wiase Nyinaa!
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 2/08 kr. 1

Momma Yɛmfa Anisɔ Nkae Agyede No

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anisɔ kae agyede no?

1 Wɔ Memeneda, March 22, afe 2008 mu no, Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam bere a owia akɔtɔ ahyɛ Yesu Kristo wu no ho fã de adi n’ahyɛde so. (Luka 22:19; 1 Kor. 11:23-26) Anisɔ kɛse a yɛwɔ ma nea ɔyɛe mfe 1,975 a atwam ni no na ɛka yɛn ma yɛyɛ saa. Nokware a Yesu di kosii sɛ owu yayaayaw wɔ asɛndua so no ma ɔtew n’Agya din ho, na ɔnam so de ahohora a Satan bɔ no no ho mmuae a ɛfata mae.—Hiob 1:11; Mmeb. 27:11.

2 Yesu mogya a ohwie gui no na ɛmaa apam foforo no dii mu, na atumi ama wɔagye nnipa a wɔtɔ sin sɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ ne soro Ahenni no mu. (Yer. 31:31-34; Mar. 14:24) Bio nso, sɛnea ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no kɔ akyiri fa no daa adi pefee wɔ ne Ba a ɔdɔ no paa a ɔde no bɔɔ afɔre no mu, sɛnea na Yesu ankasa akyerɛkyerɛ mu akyerɛ Nikodemo no.—Yoh. 3:16.

3. Mfaso bɛn na wɔn a wɔbɛba Nkaedi no benya?

3 To Nsa Frɛ Afoforo: Yɛn Ahenni Som a ɛbaa January no de nyansahyɛ mae sɛ yɛnkyerɛw nkurɔfo a yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn no din. So woafi ase reto nsa afrɛ wɔn a woakyerɛw wɔn din no? So woreyɛ nhyehyɛe de wo ho ahyɛ ɔsatu a yɛde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no a ebefi ase March 1 no mu? Wɔn a wɔbɛba no bɛte Bible mu nsɛm a ebetumi ama wɔanya gyidi wɔ agyede no mu, na ɛno bɛma wɔanya daa nkwa.—Rom. 10:17.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedu Nkaedi no ase ntɛm?

4 Ɛsɛ sɛ wɔn a wobetumi nyinaa yɛ nhyehyɛe du hɔ ntɛm de anigye gye wɔn a wɔbɛba no fɛw so. Esiane sɛ nnipa a wɔba Nkaedi no dɔɔso nti, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani ku wɔn a wɔyɛ foforo ne wɔn a ɛtɔ bere bi a, wɔba asafo nhyiam no ho titiriw.

5. Dɛn na wubetumi ayɛ de asiesie wo koma ama Nkaedi no?

5 Siesie Wo Koma: Wɔayɛ Bible akenkan ho nhyehyɛe titiriw a ebefi ase March 17 wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2008 de no mu ne 2008 Calendar no so. Sɛ wususuw nsɛm a ɛho hia a esisii wɔ Yesu asase so nna a etwa to no mu ho a, ɛbɛboa wo ma woasiesie wo koma ama Nkaedi no. (Esra 7:10) Sɛ wode mpaebɔ susuw Bible mu nsɛm yi ho a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama ɔdɔ a Yehowa ada no adi ne ne Ba a ɔde ne ho mae sɛ agyede no.—Dw. 143:5.

6. Sɛ yɛkyerɛ agyede no ho anisɔ a, ɛbɛka yɛn dɛn?

6 Bere a Nkaedi no rebɛn no, momma yensiesie yɛn ho na yɛmmoa afoforo ma wɔn nso nsiesie wɔn ho mma saa da titiriw yi. Sɛ yɛde anisɔ kae agyede no a, ɛbɛhyɛ abusuabɔ a ɛda yɛne Yehowa ne ne Ba no ntam mu den. (2 Kor. 5:14, 15) Ɛbɛka yɛn nso ma yɛafi yɛn koma nyinaa mu ada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo de asuasua wɔn.—1 Yoh. 4:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena