Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase February 11
Dwom 168
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban ne February Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Wubetumi Akɔsom wɔ Baabi a Wohia Mmoa Kɛse? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina July 15, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 20 so. Fa Nhyehyɛe nhoma no kratafa 111, nkyekyɛm 1, kosi kratafa 112, nkyekyɛm 1 mu nsɛm ka ho. Bisabisa wɔn a wɔatu kɔ baabi a wohia mmoa kɛse no nsɛm tiawa. Nsɛnnennen bɛn na wohyiae, na wɔyɛɛ dɛn dii so? Nhyira bɛn na wonyae?
20 min: Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo no Ma Wɔmmɛyɛ Asomfo a Wɔn ho Akokwaw. Mma nnianim nsɛm nni simma biako, na momfa nsɛmmisa ne mmuae nsusuw December 1, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31 no ho. Fa adesua asɛm no ho nsɛmmisa a wɔde ama no yɛ eyi. Sɛ mususuw nkyekyɛm 18 no ho wie a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu no, ofiewura bi ka asɛm de yi ne ho ano kyerɛ ɔdawurɔbɔfo a ɔyɛ foforo a ɔne ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw rekɔ asɛnka no. Ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no antumi amma no mmuae a ɛtɔ asom, na ofiewura no twa nkɔmmɔbɔ no so. Bere a wofii fie hɔ no, ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw no fi ɔdɔ mu kamfo ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no mmɔdenbɔ, na afei ɔkyerɛ no sɛnea bere foforo obetumi de Reasoning nhoma no abua obi a ɔbɛka asɛm bi de ayi ne ho ano no.
Dwom 50
Dapɛn a Efi Ase February 18
Dwom 17
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
10 min: Asafo mu ahiade.
25 min: “Gyidi ho Adanse!”a Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka nea mo asafo no tumi yɛe a ɛhyɛ nkuran wɔ ɔsom afe a etwaam no mu ho asɛm fa wie.
Dwom 194
Dapɛn a Efi Ase February 25
Dwom 81
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mma. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Yɛ sɛnea wɔde krataa a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase no reto nsa afrɛ obusuani anaasɛ ofipamfo bi ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Momma Yɛmfa Anisɔ Nkae Agyede No.”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ woka March 1 Ɔwɛn-Aban ne March Awake! no ho asɛm tiawa wie a, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wobetumi akenkan? Fa nyansahyɛ a wɔde ama no yɛ sɛnea yɛde March 1 Ɔwɛn-Aban ne March Awake! bɛma no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 119
Dapɛn a Efi Ase March 3
Dwom 223
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ adaka, “Nkaedi Ho Nkaebɔ” no mu ho asɛm.
20 min: So Wubetumi Afi Bible Adesua Ase wɔ March Mu? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma wɔ March mu, a botae no ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Ka nneɛma a ɛma nhoma no da nsow no bi ho asɛm. Munsusuw sɛnea yebetumi de ama bere a yɛresan akɔ obi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye nkyɛn bere a yɛmaa no Nkaedi nsato krataa no, bere a yɛresan akɔ obi a yɛmaa no nsɛmma nhoma nkyɛn, ne bere a yɛde bi mae wɔ afie afie asɛnka mu wɔ March 22 akyi no ho. (Hwɛ km-TW 8/07 kr. 3; km-TW 3/06 kr. 1, nky. 3; km-TW 3/06 kr. 3-6.) Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.
15 min: Fa Bible no Bua Nsɛmmisa. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no, kratafa 143-144 so. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu no, wobisa ɔdawurubɔfo bi asɛm a nkurɔfo taa bisa wɔ asasesin no mu, na afei ɔde Bible no bua.
Dwom 145
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.