Brochure Foforo no a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwampa So
1 Nnipa a wɔwɔ asetram tebea ahorow nyinaa mu ani begye brochure foforo a ɛne Bere a Obi a Wodɔ no Awu no ho, efisɛ nnipa pii ahwere wɔn dɔfo bi adi ho awerɛhow. Emu mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ yiye no nti, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde bɛma nkurɔfo. Wɔ kratafa 29 no, Lasaro a wɔrenyan no afi owu mu ho mfonini fɛfɛ a wɔayɛ no da Yesu adi sɛ “ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu mpokyerɛ no afi hɔ.” Mfonini a agye kratafa a edi hɔ no nyinaa no da owusɔre a ɛyɛ anigye a ɛrekɔ so wɔ wiase foforo no mu adi. Hwɛ abotɔyam ara a ɛsɛ sɛ eyi de brɛ wɔn a wodi awerɛhow no!
2 Wɔayɛ brochure yi sɛnea wobetumi de abɔ nkɔmmɔ. Nsemmisa a ɛma nsɛntitiriw no da adi wɔ adaka bi mu wɔ ɔfã biara awiei. Wubetumi de “Nsemmisa a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho” yi adi dwuma wɔ ɔkwan biara a wote nka sɛ ɛso bɛba mfaso kɛse ama wo suani no so.
3 Sɛ wokɔsra obi a, wubetumi de emu nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ kratafa 2 no akyerɛ ofiewura no, na woama wakyerɛ nea n’ani gye ho. Ma w’ani nku ankorankoro biara ahiade ho. Ma ɔnna ne nkate adi, na afei kyerɛ sɛnea brochure no ma awerɛkyekye. Ɔfã biara de Bible mu nsɛm a yɛn gyidi gyina so pii di dwuma.
4 Asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 5 a ɛne sɛ, “Anidaso Bi wɔ hɔ Ankasa” no si awufo anidaso a awerɛkyekye wom a egyina Bible so no so dua. Eyi bɛkanyan anigye ama nkɔmmɔbɔ a egyina “Anidaso a Enni Huammɔ ma Awufo,” a ɛwɔ nkratafa 26-31 no so. Adaka a ɛwɔ kratafa 27 no de “Kyerɛw Nsɛm a Ɛma Awerɛkyekye” bio ka ho. Ɛrenkyɛ na ofiewura bi a ɔredi awerɛhow ahu sɛ Yehowa ne “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no ampa.—2 Kor. 1:3-7.
5 Afã a ɛwɔ ɛnonom ntam no ka nkate a egu ahorow a nkurɔfo nya bere a wɔn dɔfo bi awu no ho asɛm anifere kwan so. Ɛkyerɛ sɛnea wogyina awerɛhow ano ne sɛnea afoforo betumi aboa wɔ amanehunu bere a ɛte saa mu. Adaka bi wɔ kratafa 25 a n’asɛmti ne sɛ “Mmofra a Wɔboa Wɔn ma Wogyina Owu Ano.” Eyi bɛyɛ mmoa kɛse ama awofo a wɔwɔ saa ɔhaw yi mu.
6 Fa biako a wubetumi de ama obi hyɛ wo ho, na fa di adanse bɔnnɔ so. Wubetumi afa anifere kwan so akɔ wɔn a wɔredi awerɛhow nkyɛn wɔ amusiei ahorow, bere a wɔsan kɔhwɛ wɔn dɔfo bi da no.
7 Yedi ahurusi sɛ Yehowa ne Onyankopɔn a “ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ.” (2 Kor. 7:6) Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛrenya ‘nkɔmmɔdifo yi a wɔkyekye wɔn werɛ’ no mu kyɛfa.—Yes. 61:2.