Boa Afoforo Ma Wonnya Awerɛkyekye
1 Asiane, akodi, nsɛmmɔnedi, ne amanehunu ho nsɛm afono nnipa pii. Nanso ɛda adi sɛ awerɛkyekye a wɔnte ho asɛm wɔ nnɛyi nsɛm ho amanneɛbɔ mu no ne ade a adesamma hia ankasa. Nea obi werɛ a wɔbɛkyekye kyerɛ ne sɛ “wɔbɛma wanya ahoɔden ne anidaso” na “wama n’awerɛhow anaa n’amanehunu so atew.” Sɛ́ Yehowa Adansefo no, wɔasiesie yɛn sɛ yɛmmoa nkurɔfo wɔ saa kwan yi so. (2 Kor. 1:3, 4) Nokware no ho awerɛkyekyesɛm wɔ yɛn Bible ho nhomawa a yɛde bɛma wɔ July ne August mu no mu. (Rom. 15:4) Nyansahyɛ ahorow a yebegyina so de ama wɔ tebea horow mu bi ni:
2 Awerɛhosɛm bi a epue wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu betumi ama woanya hokwan bi adi adanse akyekye afoforo werɛ, ebia denam biribi te sɛ eyi a wobɛka so:
◼ “Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ebinom bisa wɔn ho sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa, na sɛ ɔwɔ hɔ a, wontumi nhu sɛ odwen yɛn ho. Wususuw ho dɛn? [Ma kwan ma ommua.] Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu sɛ ebia Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ yɛde nnyinasosɛm bi a wogye tom yiye bedi dwuma.” Kenkan Hebrifo 3:4. Twe adwene si nneɛma bi a atwa yɛn ho ahyia a ɛda adi sɛ ehia ɔyɛfo so. Afei toa so sɛ: “Mewɔ nhomawa bi a minim sɛ wubehu sɛ ɛma awerɛkyekye. N’asɛmti ne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? [Kenkan nsɛmmisa a ɛwɔ anim nnuraho no so no.] Adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ mu, na ɛwom nso sɛ ɔde tebea horow a nsisi wom a yɛwom nnɛ no bɛba awiei nnansa yi ara. Mepɛ sɛ wokenkan.” Yɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ.
3 Sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Na yɛreka nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho asɛm bere a mede So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no maa wo no. Ebia wohyɛɛ asɛm yi nsow wɔ kratafa 7. [Fa mfonini no kyerɛ no, na bɔ nkyekyem 15 mua.] Eyi yɛ nhwɛso biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bi a odwen nnipa ho wɔ hɔ ankasa. [Kenkan kratafa 9 nkyekyem 27.] Bible no a m’ankasa masua no aboa me ma magyina da biara da mu nsɛnnennen ano esiane sɛ ɛma minya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho nti.” Kyerɛ no sɛnea wɔyɛ adesua no.
4 Wubetumi de “Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?” nhomawa no adi adanse wɔ telefon so. Wubetumi ada wo ho adi na woaka sɛ:
◼ “Esiane sɛ m’ankasa mintumi mma wo nkyɛn nti na merefrɛ wo aka asɛm bi a ɛho hia akyerɛ wo yi.” Kenkan nhomawa no kratafa 4 nkyekyem a edi kan no, nsakra wo nne na ma ɛnyɛ sɛnea onii no wɔ hɔ ankasa a wo ne no rebɔ nkɔmmɔ tee. Bisa nea osusuw, na tie nea ɔbɛka. “Mabue me Bible no wɔ Yesaia 45:18. Nkyekyem yi da no adi sɛ yɛn nti na wɔbɔɔ asase yi. Menkenkan nkyerɛ wo?” Ɛno akyi no, kyerɛ atirimpɔw a nhoma no kura, na bisa sɛnea wubetumi akɔma no bi.
5 Sɛ wosan ne no kasa bio a, wubetumi asɔ saa kwan yi ahwɛ de afi adesua ase:
◼ “Mepɛ sɛ yɛtoa nkɔmmɔ a yɛbɔɔ no nnaano no so denam onii a obetumi akyerɛ yɛn asetra atirimpɔw a mɛka ne ho asɛm akyerɛ wo no so. [Fa w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ Asetra Atirimpɔw nhomawa no kratafa 6 nkyekyem 1 ne 2 no mu.] Adiyisɛm 4:11 kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa Nyankopɔn ne yɛn Bɔfo. [Kenkan.] Akyinnye biara nni ho sɛ atirimpɔw bi nti na ɔbɔɔ yɛn. Nnipa a wɔpɛe sɛ wohu nea enti a ɔyɛɛ saa no asua Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw, Bible no. Mepɛ sɛ wunya saa hokwan no.” Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ofie Bible adesua a wontua hwee wɔ ho no mu, na yɛ nhyehyɛe fa fi adesua no ase.
6 Ɔkwampa yi betumi akyekye wɔn a wɔn dɔfo bi awu werɛ:
◼ “Mereyɛ baguam adwuma bi ama wɔn a wɔn dɔfo bi awu nyinaa. Esiane sɛ eyi betumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ den sɛ yɛn mu biara betumi agyina ano nti na wɔayɛ Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa yi. Aboa nnipa ɔpepem pii. Mepɛ sɛ mekyerɛ wo nea ɛka fa bɔ bi a ɛyɛ anigye a Yesu Kristo hyɛe ho. [Kenkan kratafa 26 nkyekyem anum, na fa Yohane 5:21, 28, 29 ka ho.] Hyɛ mfonini yi a ɛwɔ kratafa 29 a ɛkyerɛ Yesu a ɔrenyan Lasaro afi awufo mu ankasa a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Asɛmpa no mu no nsow. M’ani begye ho sɛ mede nhoma a ɛma awerɛkyekye yi bɛma wo.”
7 Sɛ wosan kɔ a, wubetumi asan de mfonini a ɛwɔ “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” nhomawa no kratafa 29 no akyerɛ no na woaka sɛ:
◼ “Kae nkɔmmɔ a yɛbɔ faa nyan a Kristo nyanee Lasaro ho no. [Kenkan mfonini ho asɛm a ɛwɔ kratafa 28 no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa “So Esii Ampa?” no ho.] Sɛ wo koma ka wo ma wugye di sɛ wubetumi ahu ɔdɔfo bi a wawu bio a, ma memmoa wo na nya owusɔre anidaso no mu gyidi.” Yɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe.
8 Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ asram a ɛwɔ yɛn anim no mu de asuasua Yesu denam ‘wɔn a wɔredi awerɛhow nyinaa a yɛbɛkyekye wɔn werɛ’ no so.—Yes. 61:2.