Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/10 kr. 2
  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 10/10 kr. 2

Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!

1. Nhomawa bɛn na yɛde bɛma wɔ November mu, na atirimpɔw bɛn nti na wɔyɛe?

1 Wɔ afe 2009 “Monkɔ so Nwɛn!” Ɔmantam Nhyiam ase no, woyii nhomawa foforo a n’asɛmti ne The Bible—What Is Its Message? no adi. Wɔ November mu no, asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa befi ase de ama. Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no benya nhomawa yi so mfaso? Nnipa dodow no ara, titiriw wɔn a wɔnyɛ Kristofo no nnim Bible mu nsɛm pii. Enti wɔakyerɛ mu wɔ nhomawa no kratafa 3 sɛ wɔyɛe sɛ “ɛnkyerɛkyerɛ Bible no mu nsɛm mu tiawa.”

2. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de nhomawa yi ama?

2 Sɛnea Yɛde Bɛma: Yebetumi aka asɛm bi te sɛ: “Yɛpɛ sɛ yehu w’adwene wɔ asɛm yi ho. [Kenkan 2 Timoteo 3:16.] Nnipa pii a yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ no gye asɛm yi tom; afoforo nso susuw sɛ Bible no yɛ nhoma pa bi kɛkɛ. Adwene bɛn na wowɔ wɔ Bible no ho? [Twɛn ma ommua.] Ɛmfa ho gyidi a yekura no, ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ Bible no mu. [Kenkan nnianim nsɛm a ɛwɔ kratafa 3 atifi no.] Bere a worekenkan Bible mu nsɛm a wɔabɔ no mmua wɔ nhomawa yi mu no, wubehu anigyesɛm yi: Bible mũ no nyinaa kura asɛmti biako.”

3. Asɛm foforo bɛn na yebetumi aka, titiriw wɔ asasesin a nnipa dodow no ara nnyɛ Kristofo no mu?

3 Sɛ yɛreka asɛm no akyerɛ nkurɔfo, titiriw wɔ asasesin a nnipa dodow no ara nnyɛ Kristofo mu a, ɔkwan foforo a yebetumi afa so ni: “Yɛpɛ sɛ yehu w’adwene wɔ asɛm a Kyerɛwnsɛm (anaa nhoma kronkron) no ka yi ho. [Kenkan Dwom 37:11.] Sɛ nkɔmhyɛ yi ba mu a, wususuw sɛ asase so tebea bɛyɛ dɛn? [Twɛn ma ommua.] Eyi yɛ anidaso ne awerɛkyekye nsɛm ho nhwɛso a nnipa a wofi aman nyinaa mu na wokura gyidi ahorow betumi anya afi Bible no mu.” Kenkan nkyekyɛm a ɛwɔ kratafa 3 atifi no, na fa nhomawa no ma no.

4. Yɛbɛyɛ dɛn de nhomawa no afi Bible adesua ase?

4 Fi Bible Adesua Ase: Sɛ yɛsan kɔsra ofiewura no a, yebetumi atwe n’adwene asi ɔfã a yɛne no susuw ho no so. Afei yebetumi agyina nsɛmmisa a ɛwɔ asɛm a yɛne no bɔɔ ho nkɔmmɔ ase no so ne no asusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho. Anaa sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma no wɔ hɔ ara a, yebetumi ne no akenkan nhomawa no akyi asɛm no, na yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ama no, na yɛama wakyerɛ ti ko a n’ani gye ho na yɛne no asusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho. Momma yɛn nyinaa nyɛ nea yebetumi biara mfa nhomawa yi mma wɔ November mu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena