Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/12 kr. 1-4
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awufo Ahonhom
  • Amansan Nhoma
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Asetra a Abotɔyam Wom​—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya
  • The Origin of Life​—Five Questions Worth Asking
  • The Pathway to Peace and Happiness
  • Our Problems​—Who Will Help Us Solve Them?
  • Will There Ever Be a World Without War?
  • The Guidance of God​—Our Way to Paradise
  • Real Faith​—Your Key to a Happy Life
  • Lasting Peace and Happiness​—How to Find Them
  • Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 1/12 kr. 1-4

Fa sie

So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?

Awufo Ahonhom

Wɔyɛe sɛnea wɔn a wogye owu akyi asetena ne nananom a wɔawuwu ahonhom di no ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Yɛpɛ sɛ yehu w’adwene wɔ nea Bible ka fa awufo ho yi ho. [Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5.] Wususuw sɛ awufo wɔ tumi a wɔde bɛboa yɛn anaasɛ wɔde bepira yɛn? [Twɛn ma ommua.] Nhomawa yi ma yɛn adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ biribiara nni awufo ho a ɛsɛ sɛ nnipa suro.” Afei fa nhomawa no ma no.

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ wosan kɔ hɔ a, wo ne ofiewura no nkenkan kratafa 2 ne 3, na munsusuw nsɛmmisa a ɛwom no ho. Afei kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa 5 no fa kyerɛ sɛ awufo nni tumi biara. Paw nsɛmti a ɛwɔ kratafa 3 no mu biako a mubesusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

Amansan Nhoma

Wɔyɛe sɛnea nnipa a wɔakɔ sukuu a wonni Bible ho nimdeɛ pii ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17. Afei ka sɛ: “Wugye di sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no? Anaasɛ wususuw sɛ ɛyɛ nhoma pa bi kɛkɛ? [Twɛn ma ommua.] Nnipa dodow no ara wɔ adwene bi wɔ asɛmmisa yi ho, nanso yɛahu sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔn ankasa akenkan Bible no. [Kenkan osuahu a ɛwɔ asɛmti a ɛwɔ kratafa 3 ase no.] Nhomawa a emu nsɛm yɛ anigye yi kyerɛ nea enti a nnipa a ɛsono wɔn gyidi ne baabi a wofi susuw nea Bible no ka ho.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, ka sɛ: “Ade biako nti a nnipa pii susuw sɛ Bible no ho nhia ne sɛ nyamesom akyinkyim emu nsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛwom no. Sɛ mesan ba a, m’ani begye ho sɛ mɛma wo eyi ho nhwɛso.” Sɛ wosan kɔ hɔ a, wo ne no nsusuw nsɛm a ɛwɔ kratafa 4-5 no bi ho.

Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!

Wɔyɛe sɛnea wɔn a wɔn nhomasua ba fam anaa wontumi nkenkan ade yiye ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Wususuw sɛ yebetumi ayɛ Onyankopɔn nnamfo? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yakobo 2:23.] Wɔayɛ nhomawa yi na aboa yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn adamfo te sɛ Abraham.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Wɔ nsrahwɛ a edi kan anaa sankɔhwɛ no mu no, wo ne no mmom nsusuw adesua 1 no nyinaa anaa ne fã bi ho fa kyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua.

So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?

Wɔyɛe sɛnea nnipa a nsɛnnennen a ɛkɔ so nnɛ haw wɔn nanso wontumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn dwen yɛn ho no ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Nnipa bi a wohu sɛnea amanehunu ne atɛnkyea kɔ so wɔ wiase no mu no taa ka sɛ Onyankopɔn na wama ɛkɔ so. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ nti, wosusuw sɛ sɛ odwen yɛn ho ampa a, anka obeyi amanehunu afi hɔ. Wo nso wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Dwom 72:12-14 kyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ankasa. Ɛnyɛ ɔno na ɔma amanehunu ne atɛnkyea kɔ so. Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ obeyi nnebɔneyɛfo afi hɔ. Nhomawa a ɛne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? yi kyerɛ nea ɔbɛyɛ ne sɛnea yebetumi anya so mfaso.” Fa nsɛm a ɛwɔ kratafa 27, nkyekyɛm 22 no toa nkɔmmɔbɔ no so, na fa nhomawa no ma no.

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, ka sɛ: “Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nanso wonnye nni sɛ odwen amane a yehu no ho ankasa. Bere foforo no m’ani begye ho sɛ me ne wo besusuw nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ ma adesamma no ho.” Munsusuw ɔfã 1, nkyekyɛm 3, 4; ne ɔfã 2, nkyekyɛm 1, 2 ho.

Asetra a Abotɔyam Wom​—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya

Wɔyɛe sɛnea wɔn a wɔn ani nnye nyamesom ho ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Nea enti a yɛaba wo nkyɛn ne sɛ nnipa pii pɛ sɛ wonya akomatɔyam kɛse wɔ asetena mu. Yɛn nyinaa hyia ɔhaw a ebetumi ama yɛadi awerɛhow. Sɛ ɛba saa a, ebia yɛbɛhwehwɛ afotu afi yɛn busuani anaa yɛn adamfo bi a yegye no di hɔ. Anaasɛ ebia yɛbɛhwehwɛ mmoa afi nhoma mu anaa wɔ Intanɛt so. Dɛn na woahu sɛ ɛma yɛn afotu pa? [Twɛn ma ommua.] Ebinom anya afotu pa afi Bible mu ma wɔn ho adwiriw wɔn. Ɛho nhwɛso ni. [Bue ti 2 kyerɛ ofiewura no, na kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm wom no biako.] Wɔayɛ nhomawa yi sɛ ɛnkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya asetena a akomatɔyam kɛse wom.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, ka sɛ: “Nnipa pii ate sɛ atosɛm pii wɔ Bible no mu. Sɛ mesan ba a, m’ani begye sɛ mede sɛnea Bible no ka nyansahu ho asɛm pɛpɛɛpɛ ho nhwɛso a ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa kyerɛ wo.” Sɛ wosan kɔ hɔ a, wo ne no nsusuw kratafa 12 nkyekyɛm 4 ho.

The Origin of Life​—Five Questions Worth Asking

Wɔyɛ maa Kristofo mmofra a wɔkyerɛkyerɛ wɔn adannandi wɔ sukuu mu. Ebetumi nso aboa ma yɛne adannandifo, wɔn a wɔkyerɛ sɛ yentumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne wɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no nso asusuw nsɛm ho (Wɔanyɛ nhomawa yi sɛ yɛmfa mma wɔ afie afie.)

Sɛnea wode bedi dwuma bere a wo ne obi a ogye adannandi di anaa obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ rekasa no: “Ɛkame ayɛ sɛ nyansahu nhoma nyinaa kyerɛkyerɛ adannandi. So wugye di sɛ adannandi yɛ nkyerɛkyerɛ kɛkɛ anaasɛ nokwasɛm? [Twɛn ma ommua.] Nea ɛbɛyɛ na woasi gyinae a egyina nokwasɛm so no, migye di sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asɛm no afanu nyinaa mu. Nhomawa yi ka adanse a ama nnipa pii agye adi sɛ wɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom no bi ho asɛm.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ wokɔ sukuu a, fa nhomawa no to wo pon so na hwɛ sɛ ebia wo mfɛfo sukuufo no mu binom bebisa ho asɛm anaa.

The Pathway to Peace and Happiness

Wɔyɛe sɛnea Buddhafo ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama Buddhani a ne mfe akɔ anim: “Ebia ɔbrasɛe ho nsɛm a abu so nnansa yi ne sɛnea enya yɛn mma so tumi no haw wo sɛnea ɛhaw me no ara. Wususuw sɛ dɛn nti na mmabun a wɔn bra asɛe abu so kɛse saa? [Twɛn ma ommua.] So wunim sɛ wɔkaa eyi ho asɛm wɔ nhoma bi a wɔkyerɛw no bere tenten ansa na Kristosom, Hindusom ne Nkramosom reba mu? [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Hyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ wosua ade daa de, nanso tebea a ɛtete saa kɔ so. [Kenkan nkyekyɛm 7.] Saa nhomawa yi na ɛboaa me ma mihuu nokware a nnipa pii nhuu da no. W’ani begye ho sɛ wobɛkenkan?”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ wosan kɔ hɔ na wokanyan ofiewura no anigye wɔ Bible no ho wie a, fa nsɛmmisa a ɛwɔ nhomawa no akyi kyerɛ no, na fa ɔfã a obetumi ahyehyɛ de abisa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi kyerɛ no. Ka kyerɛ no sɛ wode nhoma no bi bae enti sɛ ɔpɛ a wubetumi de akyerɛ no. Fa nhoma no mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ no, na wo ne no nsusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho wɔ ti a ɔbɛpaw no mu.

Our Problems​—Who Will Help Us Solve Them?

Wɔyɛe sɛnea Buddhafo ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Abɔnefosɛm a ɛwɔ wiase no haw nnipa a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ no. Wususuw sɛ da koro Onyankopɔn beyi wiase yi mu haw afi hɔ? [Twɛn ma ommua.] Nkɔmhyɛ yi ma yenya anidaso. [Kenkan Dwom 37:11.] Asɛm a mekenkanee yi fi Bible mu. Ɛyɛ nhoma a nkurɔfo ntaa nte emu nsɛm ase na wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔankyerɛw Bible no amma nnipa a wofi Amerika ne Europa; ɛnhyɛ aman a wɔwɔ tumi no nkuran sɛ wonni aman afoforo so tumi na ɛnka sɛ abusua biako korɔn sen foforo. Mmom no, ɛma yenya anidaso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi yɛn haw afi hɔ. Nsɛm a ɛbɛboa ma yɛadi yɛn haw so nso wom. Nsɛm pii wɔ nhomawa yi mu.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ wosan kɔ hɔ na wokanyan ofiewura no anigye wɔ Bible no ho wie a, fa mfonini a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 4-5 no kyerɛ no. Anyɛ yiye koraa no, kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm wɔ nhoma no mu no biako kyerɛ no na fa ma no.

Will There Ever Be a World Without War?

Wɔyɛe sɛnea Yudafo ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Akodi nti, nnipa ahu amane pii wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Ɛwom sɛ nkurɔfo ka sɛ wɔpɛ asomdwoe de, nanso wususuw sɛ dɛn nti na akodi rekɔ so? [Twɛn ma ommua.] Nkɔm a Yesaia hyɛe yi ma yenya anidaso. [Kenkan Yesaia 2:4.] Nanso, eyi ma nsɛmmisa pii sɔre: Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ yi benya mmamu? Dɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Kyerɛwnsɛm no so sɛ ɛno na ɛma yenya anidaso ankasa? Nhomawa yi bua nsɛmmisa yi.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, twe n’adwene si kratafa 16-17 so na ka sɛ: “Nnipa pii ka atirimɔdenne te sɛ Yudafo pii a Nasifo kunkum wɔn no ho asɛm na wobisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔma kwan ma amanehunu kɔ so?’ Sɛ mesan ba a, yebetumi asusuw eyi ho.”

The Guidance of God​—Our Way to Paradise

Wɔyɛe sɛnea Nkramofo a baabi a wɔte no bɛma wɔatumi afi wɔn pɛ mu asua Bible no ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Minim sɛ Nkramofo gye nokware Nyankopɔn biako pɛ ne adiyifo no nyinaa di. So saa na ɛte? [Twɛn ma ommua.] Mepɛ sɛ me ne wo bɔ tete nkɔmhyɛ bi a ɛka too hɔ sɛ yɛn asase yi bɛdan paradise no ho nkɔmmɔ. So metumi akenkan nea odiyifo no kae no akyerɛ wo? [Kenkan Yesaia 11:6-9.] Nnipa pii abisa ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so de nsakrae a ɛte saa aba asase so no ho asɛm. Nhomawa yi kyerɛ nea adiyifo no ka faa saa asɛm yi ho.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, ka sɛ: “Onyankopɔn nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ mfiase no na onipa te paradise. Bere foforo a yɛbɛbɔ nkɔmmɔ no, m’ani begye ho sɛ mebua asɛmmisa a ɛne sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na onipa poo Onyankopɔn akwankyerɛ na paradise fii ne nsa?’” Sɛ wosan kɔ hɔ a, wo ne no nsusuw ɔfã a efi ase wɔ kratafa 6 no ho.

Real Faith​—Your Key to a Happy Life

Wɔyɛe sɛnea Nkramofo a baabi a wɔte no bɛma wɔatumi afi wɔn pɛ mu asua Bible no ani begye ho.

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 16-17 no kyerɛ no na ka sɛ: “Nea yehu wɔ mfonini yi mu no yɛ soronko koraa wɔ nea yehu wɔ wiase no mu nnɛ no ho. Wususuw sɛ da bi wiase betumi abɛyɛ te sɛ eyi? [Twɛn ma ommua.] Tie Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ nhoma yi mu no. [Kenkan Bible mu nsɛm a wɔde aba nhomawa no mu biako wɔ wo Bible mu.] Nhomawa yi boa ma yenya gyidi ankasa sɛ saa bɔhyɛ ahorow yi bɛbam.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Wɔ nsrahwɛ a edi kan no awiei no, ma ofiewura no mpaw nhomawa no akyi nsɛmmisa no mu biako. Afei yɛ nhyehyɛe na wo ne no nkosusuw mmuae a ɛwɔ nhomawa no mu ho bere a woasan akɔ hɔ no.

Lasting Peace and Happiness​—How to Find Them

Wɔyɛe sɛnea Chinafo ani begye ho

Ɔkwan a wobɛfa so de ama: “Nsɛnnennen pii kɔ so wɔ asetena mu nnɛ a ebetumi ama yɛadi awerɛhow. Wɔ ɔhaw ahorow yi nyinaa akyi no, dɛn na ɛboa wo ma w’ani gye? [Twɛn ma ommua.] Bible mu afotu a nnipa pii de bɔ wɔn bra no ama wɔanya anigye. [Kenkan Dwom 119:1, 2.] Ebinom bu Bible no sɛ wɔkyerɛw maa nnipa a wofi Amerika ne Europa. Nanso hyɛ asɛm yi nsow. [Munsusuw kratafa 17 nkyekyɛm 16 ho.] Nhomawa yi ka sɛnea yebetumi anya asomdwoe ne anigye a enni awiei ho asɛm.”

Wubetumi asɔ eyi ahwɛ: Sɛ ofiewura no gye nhomawa no a, wo ne no nkenkan ɔkasamu abiɛsa a edi kan wɔ nkyekyɛm 18 wɔ kratafa 17 na ka sɛ: “Sɛ mesan ba a, m’ani begye ho sɛ mede nea Bible no ka sɛ yebetumi ahwɛ kwan no kyerɛ wo.” Sɛ wosan kɔ hɔ a, wo ne no nsusuw nsɛm a ɛwɔ kratafa 30 nkyekyɛm 6 no mu biako ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena