Ka Asɛm no Kyerɛ “Nnipa Ahorow Nyinaa”
1. Ɔkwan bɛn so na asɛmpakafo a wotu mpɔn te sɛ adwumfo a wɔn ho akokwaw?
1 Odwumfo a ne ho akokwaw wɔ nnwinnade pii, na onim bere ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde emu biara yɛ adwuma. Saa ara na yɛn nso yɛwɔ nnwinnade ahorow a ɛboa yɛn ma yɛyɛ yɛn adwuma sɛ asɛmpakafo. Sɛ nhwɛso no, wɔayɛ nhomawa pii a ɛka nneɛma ahorow ho asɛm na aboa yɛn ma yɛaka asɛm no akyerɛ “nnipa ahorow nyinaa.” (1Kor. 9:22) Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no bobɔ nhomawa yi bi din, ɛkyerɛ wɔn a wɔkyerɛw maa wɔn, ne ɔkwan a yebetumi afa so de nhomawa no ama.
2. Bere bɛn na yebetumi de nhomawa ama wɔ asɛnka mu?
2 Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛde Nhomawa no Ma: Odwumfo de adwinnade bi bedi dwuma bere biara a ehia sɛ ɔde yɛ saa. Saa ara nso na yebetumi de nhomawa ama bere biara a yɛte nka sɛ obi benya so mfaso, na ɛnyɛ asram a wɔkyerɛ sɛ yɛmfa mma wom no nkutoo mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no na yɛde rema, na yɛreka asɛm no wɔ baabi a ɛhɔfo nyɛ Kristofo na wɔn ani nnye Bible no ho kɛse a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde nhomawa a ɛfata bɛma wɔn, na afei yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no akyerɛ wɔn bere a yɛama wɔanya asɛm no ho anigye kɛse no.
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho kokwaw wɔ sɛnea yɛde yɛn nnwinnade a yɛde di adanse no di dwuma no mu?
3 Kyerɛwnsɛm no kamfo wɔn a wɔde ahokokwaw yɛ wɔn adwuma. (Mmeb. 22:29) Nokwarem no, adwuma biara nni hɔ a ɛho hia nnɛ sen “asɛmpa no ho adwuma kronkron no.” (Rom. 15:16) Nea ɛbɛyɛ na ‘yɛayɛ adwumayɛfo a ɛnsɛ sɛ wɔfɛre’ no, yɛbɛbɔ mmɔden ama yɛn ho akokwaw wɔ sɛnea yɛde yɛn nnwinnade di dwuma no mu.—2 Tim. 2:15.