“Momfa Nsɛmma Nhoma Dedaw Anaa Nhomawa a Ofiewura no Ani Gye Ho Mma”
Wɔ asram a yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma na yɛka Bible adesua ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ, sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, ‘yɛmfa nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho mma wɔn.’ Dɛn ntia?
Nsɛm pii a ɛyɛ ne bere mu de wɔ nhomawa ne nsɛmma nhoma dedaw mu. Emu nsɛm no bi betumi aka ofiewura bi koma. Ɛno nti, sɛ wode nsɛmma nhoma rekɔ asɛnka a, fa nhomawa ahorow ne nsɛmma nhoma dedaw no bi ka ho. Sɛ wunni nsɛmma nhoma dedaw no bi a, ebia wubetumi akɔ baabi a wogye nhoma no na woakogye bi. Afei sɛ ofiewura no wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi dedaw na ɔmpɛ sɛ wo ne no bɛyɛ Bible adesua a, wubetumi de nsɛmma nhoma anaa nhomawa no bi akyerɛ no na woama wayi nea n’ani gye ho. Ɛno akyi no, yɛ nhyehyɛe na san kɔkanyan n’anigye. Ebia ebetumi akowie Bible adesua.