Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 29
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 29
Dwom 33 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 8 ¶17-24, adaka a ɛwɔ kr. 67 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 110-118 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 8 no nyɛ sɛnea wobefi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ September mu no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyem. Ma no sɛ ɔkasa fa kyerɛkyerɛ “Momfa Nsɛmma Nhoma Dedaw Anaa Nhomawa a Ofiewura no Ani Gye Ho Mma” no mu.
15 min: Wɔn Mfe Akɔ Anim De, Nanso Wɔyɛ Nsi. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina 2011 Yearbook, kratafa 61, nkyekyɛm 1-2; kratafa 67, nkyekyɛm 1; ne kratafa 135, nkyekyɛm 2, kosi kratafa 136, nkyekyɛm 1 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ September Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu. Afei paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 122 ne Mpaebɔ