Nhyiam Ahorow Twetwe Yɛn Kɔ Nnwuma Pa Mu
1 Nneɛma abien a ɛho hia wɔ yɛn som mu ne sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Abien no wɔ abusuabɔ. Biako ma yɛyɛ ɔfoforo no. Kristofo nhyiam kanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa, nea ɛkyɛn so koraa ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Heb. 10:24) Sɛ yegyae nhyiam kɔ a, ɛrenkyɛ yebegyae asɛm no ka efisɛ biribiara nkanyan yɛn mma yɛnyɛ saa.
2 Wɔ dapɛn dapɛn nhyiam ase no, yenya honhom mu nkyerɛkyerɛ a wɔasiesie a ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛm no. Wɔkɔ so kae yɛn sɛnea bere no gye ntɛmpɛ no, na ɛkanyan yɛn ma yɛde Bible asɛm a ɛma nkwa no kɔma afoforo. Yenya nkuranhyɛ ne denhyɛ de kɔ so yɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 24:13, 14) Sɛ yɛde hokwan no ma mmuae wɔ nhyiam ase a, ɛma ɛdan yɛn su sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi akyerɛ afoforo. (Heb. 10:23) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, yenya ntetee a ɛma yɛyɛ asomfo a yɛn ho akokwaw kɛse na yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.—2 Tim. 4:2.
3 Sɛnea Ɔsom Nhyiam Kanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No: Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yenni kan nkenkan asɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Afei asɛm yi tra yɛn adwene mu bere a yɛkɔ Ɔsom Nhyiam ase na yehu nsɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so no. Bere a yɛwɔ asɛnka mu no, yebetumi de yɛn adwene akɔ Yɛn Ahenni Som no so, akae asɛm a wɔka kyerɛ a wɔyɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no na yɛatumi adi adanse a etu mpɔn. Adawurubɔfo bebree anya osuahu a ɛte sɛ eyi.
4 Nea ɛbɛyɛ na wɔde Ɔsom Nhyiam no mu nsɛm adi dwuma no, ebinom ne afoforo yɛ nhyehyɛe kɔ asɛnka bom. Adawurubɔfo da so kae nsɛm a wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu no na ɛkanyan wɔn ma wɔde di dwuma efisɛ nhyiam yi ahyɛ wɔn nkuran sɛ wonnya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma no mu dapɛn biara.
5 Yentumi mfa biribiara nsi yɛn Kristofo nhyiam ananmu, baabi a yɛne yɛn mfɛfo asomfo hyia na wɔkanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa no. Sɛ yɛn som adwuma no benya nkɔso a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ ama nsiesiei a ɛsom bo a Yehowa de ama denam ‘gyae a yɛrennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam da’ no so.—Heb. 10:25.