Asɛnka Nhyiam
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ akɔ asɛnka no ho hia yɛn?
1 Yesu yɛɛ sɛnea yɛbɛyɛ nhyehyɛe ayɛ Ahenni asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ ma atu mpɔn ho nhwɛso maa yɛn. Ɛnnɛ nso, wɔn a wodi Ahenni asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa anim no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔayɛ adwuma yi wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Nea ɛbɛyɛ na asafo ahorow no atumi ayɛ adwuma yi yiye no, ɔkwan biako a wɔfa so ne sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam ahorow de boaboa Ahenni adawurubɔfo ano ma wɔkɔ asɛnka.—Mat. 24:45-47; 25:21 Luka 10:1-7.
2. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ asɛnka nhyiam?
2 Ɛyɛ Nhyehyɛe Pa: Nea enti a wɔyɛ asɛnka nhyiam ne sɛ ɛde nkuranhyɛ ne akwankyerɛ bɛma wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ daa asɛm no fa asɛnka adwuma no ho tẽẽ a, wobetumi asusuw ho tiawa. Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi asusuw akwankyerɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som, Reasoning nhoma no, anaa ebia Ɔsom Sukuu nhoma no mu no ho de asiesie wɔn a wɔbɛkɔ asɛnka saa da no. Wobetumi ayɛ sɛnea wɔde nhoma bɛma nso ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Ansa na wɔbɛbɔ mpae a wɔde bewie asɛnka nhyiam no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔahyiam no hu nnipa a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma ne asasesin a wɔrekɔyɛ mu adwuma. Ɛnsɛ sɛ asɛnka nhyiam no di boro simma 15, na sɛ wowie ara pɛ a, ɛsɛ sɛ obiara kɔ n’asasesin mu.
3. Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe?
3 Ɔkwan Bɛn na Wɔfa so Yɛ Ho Nhyehyɛe? Ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔhwɛ yɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe. Ɛyɛ kuw so ahwɛfo anaa wɔn aboafo no asɛyɛde sɛ wodi wɔn kuw ahorow no anim ne wɔn kɔ asɛnka wɔ dapɛn awiei. Asafo mu mpanyimfo anaa asomfo binom betumi adi asɛnka adwuma no anim wɔ dapɛn mfinimfini. Kuw so ahwɛfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ adwuma bom sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asasesin a ɛfata, na ama wɔn akuw no atumi ayɛ afie afie asɛnka adwuma no wom wɔ dapɛn awiei. Wɔ dapɛn no mu no, ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔbɛhwɛ ama ebinom adi akuw no anim akɔ asɛnka.
4-6. (a) Dɛn nti na yɛyɛ asɛnka nhyiam wɔ asafo no asasesin mu? (b) Dɛn na yebetumi asusuw ho na ama yɛahu beae a yebetumi ayɛ asɛnka nhyiam ne bere a ɛbɛfata sɛ yɛyɛ?
4 Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ Asɛnka Nhyiam, na Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ No? Sɛ́ anka wɔbɛma asafo no mufo nyinaa ahyiam wɔ faako no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔyɛ asɛnka nhyiam yi wɔ mmeae a ɛfata. Ɛsɛ sɛ wɔtaa yɛ asɛnka nhyiam no wɔ afoforo afie a ɛwɔ asasesin no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ asafo no asasesin mu adwuma yiye. Wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam yi bi nso wɔ Ahenni Asa so. Asafo ahorow pii yɛ wɔn asɛnka nhyiam wɔ Ahenni Asa so, bere a wɔapɔn baguam nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua Kwasida anɔpa no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔrentwa kwantenten nkɔ asasesin no mu. Enti sɛ ɛwom ara a, wobetumi asan ahwɛ nhyehyɛe no mu ahwɛ sɛ ebia beae a wohyiam no da so ara fata anaa, na ama wɔatumi ayɛ asasesin no mu adwuma yiye.
5 Sɛnea asasesin no te no na wobetumi agyina so ahu bere a ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam ahorow yi ne mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ dapɛn no nyinaa mu. Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa ma yɛahu beae a yebetumi ayɛ asɛnka nhyiam no ne bere a ɛbɛfata sɛ yɛyɛ no.
6 Asasesin bɛn na ehia sɛ wɔma wɔn ani kũ ho? Bere bɛn na eye paa sɛ wɔyɛ afie afie adwuma no? So ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe kɔ afie afie asɛnka anwummere anaa ɛsɛ sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ ahorow? Ɛsɛ sɛ wɔde asɛnka ho nhyehyɛe nyinaa bɔ asafo no amanneɛbɔ pɔn so. Ahenni adawurubɔfo nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ asasesin a wɔde ama wɔn no nyinaa mu adwuma fefeefe, na ama wɔatumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi: “Minni asase bi bio a menyɛɛ mu adwuma.”—Rom. 15:23.
7. Dɛn na ɛsɛ sɛ nea obedi asɛnka kuw no anim akɔ asɛnka no yɛ?
7 Sɛnea Wɔyɛ Asɛnka Nhyiam: Ɛsɛ sɛ nea wɔapaw no sɛ ɔnhwɛ saa nhyiam yi so no siesie ne ho yiye de kyerɛ obu ma teokrase nhyehyɛe yi. Ɛsɛ sɛ wofi nhyiam yi ase wɔ bere ano, na wɔde akwankyerɛ tiawa a emu da hɔ ma wɔ simma 10 kosi 15 ntam. Ansa na nea ɔbɛhwɛ so no befi ase no, ɛsɛ sɛ ohu asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma. Sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam no wie a, ɛho nhia sɛ wɔtwɛn wɔn a wɔbɛka akyi no, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ wogyaw nkra de kyerɛ baabi a kuw no bɛkɔ akɔyɛ adwuma. Sɛ wɔpɔn asɛnka nhyiam no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ obiara si kwan so kɔ asasesin a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe a ɛfata na wɔde akwankyerɛ a etu mpɔn ma wɔ asɛnka nhyiam ase a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa wɔn a wɔahyia no nyinaa ma wɔayɛ asɛnka adwuma no saa da no.—Mmeb. 11:14.
8. Akwan bɛn so na wɔn a wɔkɔ asɛnka nhyiam no betumi aboa wɔn a wodi anim no?
8 Kɔ Asɛnka Nhyiam: Ehia sɛ obiara boa. (Heb. 13:17) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ asɛnka kuw so no boa obiara a obehia mmoa, na ɔne no yɛ adwuma. Eye sɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no bɛkɔ bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn a wɔyɛ foforo a wonni osuahu pii no. Wɔn a bere ne bere mu no wobefi wɔn pɛ mu apene so ne obi foforo akɔ asɛnka no betumi ayɛ pii de aboa. (Mmeb. 27:17; Rom. 15:1, 2) Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ obedu hɔ wɔ bere ano. Obu a yɛbɛkyerɛ ama teokrase nhyehyɛe yi ne yɛn nuanom a yebesusuw wɔn ho no bɛka yɛn ma yɛayɛ nsakrae biara a ehia.—2 Kor. 6:3, 4; Filip. 2:4.
9. Akwampa bɛn na akwampaefo betumi afa so aboa asɛnka nhyiam?
9 Nea Akwampaefo Betumi Ayɛ De Aboa: Sɛ akwampaefo de wɔn ho hyɛ asɛnka nhyiam mu a, ɛhyɛ nkuran na obiara tumi nya so mfaso. Nokwarem no, akwampaefo wɔ asɛyɛde pii. Bible adesua ne sankɔhwɛ a wɔyɛ akyi no, wɔsan hwɛ wɔn mmusua na wɔyɛ honam fam nnwuma afoforo nso. Enti, ɛnsɛ sɛ akwampaefo te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ asɛnka nhyiam biara a asafo no yɛ, titiriw sɛ wɔyɛ nhyiam a ɛte saa da biara da a. Nanso, ɛda adi sɛ akwampaefo betumi aboa asɛnka nhyiam a wɔyɛ no dapɛn biara no mu bi. Asɛnka nhyiam a wɔyɛ no boa ma wɔde ntetee ma asafo no mufo, na Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a akwampaefo wɔ ne wɔn suahu betumi aboa afoforo pii. Esiane sɛ wɔtaa kɔ asɛnka nti, wɔanya osuahu pii wɔ ɔsom adwuma no mu a afoforo betumi anya so mfaso. Nsi a wɔde yɛ asɛnka adwuma no ne asɛnka nhyiam a wɔtaa kɔ nti, wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo. Na yɛn ani sɔ wɔn ho a wɔde hyɛ asɛnka nhyiam mu no paa.
10. Dɛn nti na ɛfata sɛ Ahenni adawurubɔfo nyinaa fi wɔn koma nyinaa mu boa ma nhyehyɛe yi kɔ so?
10 Sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii adanse wɔ afie afie mu no, saa ara na wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no fã kɛse no ara nnɛ. Afie afie adwuma no titiriw nti na yɛyɛ asɛnka nhyiam ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yɛayɛ adwuma no ma atu mpɔn. Ɛsɛ sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo nyinaa boa saa nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn yi sɛnea wɔn tebea bɛma wɔn kwan biara. (Aso. 5:42; 20:20) Momma yɛn nyinaa mfi yɛn koma nyinaa mu mmoa saa nhyehyɛe yi. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya Yehowa nhyira pii, na Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛka no bɛma yɛn Kannifo, Yesu Kristo, koma ani agye.—Mat. 25:34-40; 28:19, 20.