Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/15 kr. 3-6
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Asɛnka Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 3/15 kr. 3-6

Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn

1. Dɛn nti na yɛyɛ asɛnka nhyiam?

1 Bere bi Yesu ne n’asuafo 70 hyiae ansa na ɔresoma wɔn akɔyɛ asɛnka adwuma no. (Luka 10:1-11) Yesu kaa biribi de hyɛɛ wɔn nkuran. Ɔma wɔhuu sɛ Yehowa, ‘otwa adwuma Wura no’ na asoma wɔn, enti ɔka wɔn ho. Bio nso Yesu maa wɔn akwankyerɛ pɔtee bi a ɛbɛboa ma wɔatumi ayɛ adwuma no yie, na ɔsomaa wɔn “mmienu mmienu.” Nnɛ nso, asɛnka nhyiam a yɛyɛ no kura atirimpɔw koro no ara. Ɛne sɛ ɛbɛhyɛ anuanom nkuran na wɔanya akwankyerɛ a ɛbɛma adwuma no atu mpɔn.

2. Bere tenten sɛn na yɛde bɛyɛ asɛnka nhyiam?

2 Yɛde simma 10 kɔsi 15 na ɛyɛ asɛnka nhyiam seesei. Saa bere no bi na yɛde susu asɛnka ho, kyɛ adawurubɔfo ma wɔn asasesin, na yɛbɔ mpae kɔ. Seesei yɛayɛ nsakrae kakra. Ɛfi April rekɔ no, yɛde simma nnum kɔsi nson na ɛbɛyɛ asɛnka nhyiam no. Sɛ asɛnka nhyiam no di asafo nhyiam bi akyi a, ɛnneɛ bere no bɛyɛ tiaa koraa asen saa, efisɛ yɛadi kan asusu honhom fam nneɛma pii ho dedaw. Sɛ asɛnka nhyiam no yɛ tiaa a, ɛboa ma yɛnya bere pii yɛ adwuma no ankasa. Bio nso ɛtɔ da a, akwampaefo ne adawurubɔfo bi fi asɛnka adwuma ase ansa na wɔaba asɛnka nhyiam. Enti sɛ bere a yɛde yɛ asɛnka nhyiam no yɛ tiaa a, ɛma wɔtumi toa adwuma no so a wɔnsɛe bere pii.

3. Sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam na adawurubɔfo anya so mfaso?

3 Sɛ adawurubɔfo ba asɛnka nhyiam a, ɛsɛ sɛ wɔnya biribi a ɛbɛboa wɔn wɔ asɛnka mu. Asafo pii ahu sɛ, sɛ kuo biara hyia yɛ asɛnka nhyiam a, ɛboa sen sɛ adawurubɔfo no nyinaa bɛhyia faako. Sɛ kuo biara hyia wɔ n’asasesin mu a, ɛmma adawurubɔfo ntwa kwantenten nkɔ asɛnka nhyiam ase anaa wɔn asasesin mu. Bio nso esiane sɛ kuo so ahwɛfo nsa so wɔn so nti, ɔtumi kyɛ wɔn ntɛm, na ɔtumi de n’ani di wɔn nyinaa akyi. Mpanyimfo kuo no bɛhwɛ wɔn asafo mu nsɛm tebea na wɔahu nea ɛbɛyɛ ama wɔn. Ɛsɛ sɛ obiara hu nea ɔne no bɛnante ne baabi a wɔbɛyɛ adwuma ansa na moabɔ mpae tiaa de apɔn.

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbu asɛnka nhyiam te sɛ asafo nhyiam a aka nyinaa?

4 Ɛho Hia Te Sɛ Asafo Nhyiam Biara: Esiane sɛ yɛyɛ asɛnka nhyiam ma wɔn a wɔrekɔ asɛnka no nti, ɛnyɛ asafo no mufoɔ nyinaa na ebia wɔbɛba. Nanso wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbu no adewa anaa yɛsusu sɛ asafo nhyiam a aka no ho hia sen no. Asɛnka nhyiam ho hia te sɛ asafo nhyiam biara, efisɛ Yehowa nam ne nyinaa so kanyan yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. (Heb. 10:24, 25) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ onua a ɔbɛhwɛ so no siesie ne ho yie na ahyɛ Yehowa anuonyam na wɔn a wɔbɛba no nso anya so mfaso. Sɛ biribiara nsi obi kwan a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ba asɛnka nhyiam ansa na wakɔ asɛnka.

Ɛnsɛ sɛ yɛbu asɛnka nhyiam adewa anaa yɛsusu sɛ asafo nhyiam a aka no ho hia sen no

5. (a) Nhyehyɛe bɛn na ɔsom adwuma sohwɛfo bɛyɛ ama asɛnka nhyiam? (b) Sɛ onuawa na ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no?

5 Nea Ɔbɛhwɛ So Nsiesie Ne Ho: Ansa na obi bɛtumi asiesie ne ho abɛyɛ dwumadi bi wɔ Ahenni Asa so no, ɛhia sɛ ne nsa ka dwumadi no ntɛm. Saa ara na asɛnka nhyiam nso teɛ; ɛsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ so hu no ntɛm. Sɛ kuo biara hyia a, kuo no sohwɛfo anaa ne boafo na ɔbɛhwɛ nhyiam no so. Nanso sɛ asafo no nyinaa hyia yɛ asɛnka nhyiam a, ɛnneɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛma obi ahwɛ so. Nea ɔsom adwuma so ahwɛfo bi yɛ ni: Wɔhyehyɛ wɔn a wɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no wɔ krataa so, na ɔkyekyɛ ma wɔn de baako bɔ amanneɛbɔ pon so. Sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo rekyekyɛ dwumadi no a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, sɛ asɛnka nhyiam bɛtu mpɔn a ne fa kɛse no ara gyina nea ɔrehwɛ so no so. Enti ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ bere a ɔrekyekyɛ dwumadi no. Sɛ da koro bi ɔpanyin, anaa ɔsomfo, anaa ɔbarima a ɔfata biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ nhyiam no so a, ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛtumi ama onuawa a wabɔ asu a ɔfata ahwɛ so.​—Hwɛ asɛm a wɔato din “Bere a Onuawa Rehwɛ Asɛnka Nhyiam So.”

6. Adɛn nti na ɛho hia sɛ onua a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no siesie ne ho yie?

6 Sɛ wɔma yɛn dwumadi bi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Ɔsom Nhyiam mu a, yɛgye bere siesie yɛn ho yie. Yɛntwɛn nkɔsi sɛ yɛn nan si kwan so rekɔ adesua no ansa na yɛadwen nea yɛbɛka ho. Ɛsɛ sɛ yɛbu asɛnka nhyiam saa ara; sɛ wɔde hyɛ wo nsa a, ɛsɛ sɛ wofa no aniberesɛm. Seesei a yɛrebɛte bere a yɛde yɛ asɛnka nhyiam so no, ɛhia paa sɛ yɛgye bere siesie yɛn ho yie na anuanom anya so mfaso na yɛawie wɔ bere ano. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ so no di kan hu asasesin a adawurubɔfo bɛyɛ mu adwuma. Ɛno nso kyerɛ sɛ wasiesie ne ho yie.

7. Nsɛm bɛn na asɛnka sohwɛfo bɛtumi ne anuanom asusu ho?

7 Nsɛm a Yɛbɛtumi Asusu Ho: Ɛsono asasesin biara ne mu asɛm, enti akoa nokwafoɔ no nhyehyɛɛ nsɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛka wɔ asɛnka nhyiam ase. Hwɛ adaka a wɔato din “Nsɛm a Yɛbɛtumi Asusu Ho Wɔ Asɛnka Nhyiam Ase.” Wɔde nyansahyɛ bi ama wɔ hɔ. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ nhyiam no yɛ nkɔmmɔbɔ. Ɛtɔ da a, nea ɔbɛhwɛ so no bɛtumi ama obi asiesie ne ho ayɛ ɔyɛkyerɛ anaa ɔbɛyi video a ɛwɔ jw.org so no bi. Sɛ woresiesie wo ho akɔhwɛ asɛnka nhyiam so a, ɛsɛ sɛ wohu asɛm a wobɛka de ahyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔanya biribi a ɛbɛboa wɔn asɛnka mu saa da no.

Sɛ woresiesie wo ho akɔhwɛ asɛnka nhyiam so a, ɛsɛ sɛ wohu asɛm a wobɛka de ahyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔanya biribi a ɛbɛboa wɔn asɛnka mu saa da no

8. Sɛ ɛdu Memeneda ne Kwasida a, nneɛma bɛn saa na mobɛtumi asusu ho?

8 Anuanom pii reyɛ wɔn Abusua Som wɔ nnawɔtwe no mfimfini a, ɛyɛ a wɔsusu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔde bɛma ho. Nanso sɛ wɔamfa nyansahyɛ no ankɔ asɛnka ntɛm a, ebia ɛbɛdu Memeneda a wɔrekɔkyekyɛ nsɛmma nwoma no, na wɔn werɛ afi. Enti ebia ɛbɛhia sɛ onua a ɔrehwɛ asɛnka nhyiam so no ne anuanom san susu nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som akyi no ho. Sɛ asɛm bi asi ɔman no mu anaa mpɔtam hɔ, anaa dapɔnna bi adu so a, ɔbɛtumi ne anuanom asusu ho ahwɛ sɛnea wɔbɛgyina so de nsɛmma nwoma no ama. Sɛ ɔpɛ nso a, ɔbɛtumi ne anuanom asusu ho ahwɛ nea wɔbɛka bere a obi agye nsɛmma no bi na wɔatumi akɔyɛ sankɔhwɛ. Sɛ wɔn a wɔabɛhyia no bi afi aseɛ de nsɛmma nwoma no reyɛ adwuma a, nea ɔrehwɛ asɛnka so no bɛtumi ama wɔaka osuahu anaa nyansahyɛ tiawa bi a ɛbɛboa anuanom. Ɛdu Kwasida nso a, nea ɔhwɛ so no bɛtumi de nyansahyɛ yi ayɛ adwuma na anuanom ahu sɛnea wɔde nwoma a yɛde reyɛ adwuma bosome no mu bɛma. Yɛbɛtumi de nwoma a yɛde yɛ adesua te sɛ Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, Tie Onyankopɔn ne Bible Kyerɛkyerɛ no ama bere biara wɔ asɛnka mu. Enti onua a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam so no bɛtumi de bere tiawa akyerɛ sɛnea yɛde emu bi bɛma.

9. Sɛ asafo no rekyekyɛ nsato krataa anaa kratawa titiriw bi a, dɛn na wɔbɛtumi asusu ho wɔ asɛnka nhyiam ase?

9 Sɛ asafo no rekyekyɛ nsato krataa anaa kratawa titiriw bi Memeneda ne Kwasida a, nea ɔhwɛ so no bɛtumi ne anuanom asusu ho ahwɛ sɛnea wɔde nsɛmma nwoma no bɛka kratawa no ho ama, anaa wɔbɛtumi ahwɛ nea wɔbɛka bere a nkurɔfo agye kratawa no. Ɔpɛ nso a ɔbɛtumi ama anuanom aka osuahu a wɔnyae bere a wɔrekyekyɛ kratawa no.

10, 11. Sɛ asɛnka nhyiam bɛkɔ yie a, dɛn na ɛhia sɛ adawurubɔfo nyinaa yɛ?

10 Nea Adawurubɔfo Bɛyɛ De Asiesie Wɔn Ho: Sɛ asɛnka nhyiam bɛtu mpɔn a, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nso yɛ wɔn fam deɛ. Ɛhia sɛ wɔdi kan siesie wɔn ho. Ebia wɔbɛtumi ayɛ saa wɔ abusua som ase. Wei bɛma wɔanya biribi de ahyɛ wɔn nuanom nkuran. Sɛ yɛka ahosiesie a, ebi ne sɛ yɛbɛdi kan agye nsɛmma nwoma ne nwoma a yɛbɛhia ansa na yɛakɔ asɛnka nhyiam ase, na yɛatumi afi hɔ akɔ asasesin no mu ntɛm a yɛnsɛe bere.

11 Ɛho hia sɛ yɛdu asɛnka nhyiam ase ansa na yɛafi aseɛ. Ampa, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdu asafo nhyiam biara ase ntɛm. Nanso sɛ yɛannu asɛnka nhyiam ase ntɛm a, ɛbɛtumi aha adwene paa. Adɛn ntia? Efisɛ onua a ɔdi anim no hwɛ nneɛma bebree ansa na wakyekyɛ. Ɛho nhwɛso ni: Sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ nnɔɔso a, ebia ɔbɛpɛ asasesin ketewa bi ama wɔn. Sɛ asasesin no wɔ akyirikyiri na ebinom nni kar a, ebia ɔde wɔn bɛka anuanom a wɔwɔ kar ho. Sɛ asasesin no mu yɛ hu a, ebia ɔbɛma anuanom mmarima ne mmaa ayɛ adwuma abom. Sɛ mmepɔ mmepɔ ne mmonkyemmɔnka anaa abansoro wɔ asasesin no mu a, ɔremfa mma anuanom a wɔnni ahoɔden no. Bio, ɔbɛma adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔn ho akokwa anantew. Afei hwɛ sɛ wayɛ wei nyinaa awie na wɔn a wɔaka akyi nti ɛsɛ sɛ ɔsan kyɛ ne nyinaa bio! Ɛwom, da koro bi deɛ biribi bɛsi ama yɛaka akyi. Nanso sɛ daa yɛka akyi a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ, ‘Asɛnka nhyiam no na yɛnkyerɛ ho anisɔ, anaa yɛn ara na yɛntumi nyɛ yɛn nhyehyɛe yie nnu hɔ ntɛm?’

12. Sɛ wo nnamfo na wotaa ne wɔn yɛ nhyehyɛe kɔ asɛnka a, dɛn na wobɛtumi asusu ho?

12 Adawurubɔfo bɛtumi ne obi ayɛ nhyehyɛe ansa na wɔafi asɛnka nhyiam ase anaa wɔbɛtumi atwɛn ama nea ɔhwɛ so ama wɔn bi. Sɛ wo nnamfo na wotaa yɛ nhyehyɛe ne wɔn kɔ asɛnka a, adɛn nti na ‘wontrɛ w’akomam’ na wo ne adawurubɔfo foforo nnantew? (2 Kor. 6:11-13) Wobɛtumi ne adawurubɔfo a wɔyɛ foforo akɔ asɛnka bere ne bere mu na aboa ma wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. (1 Kor. 10:24; 1 Tim. 4:13, 15) Sɛ nea ɔhwɛ so no de akwankyerɛ bi ma anaa ɔkyerɛ baabi a anuanom nkɔyɛ asɛnka adwuma no a, tie no yie. Mopɔn asɛnka nhyiam a, nsesa nhyehyɛe no. Mmom monsim nkɔ asasesin no mu ntɛm.

13. Sɛ yɛkɔ asɛnka nhyiam na obiara yɛ ne fam deɛ a, mfaso bɛn na yɛnya?

13 Bere a Yesu somaa asuafo 70 no, ‘wɔde anigyeɛ san baeɛ.’ (Luka 10:17) Yɛbɛtumi aka sɛ nhyiam a Yesu ne wɔn yɛe ansa na wɔrekɔ asɛnka no boaa wɔn paa. Saa ara na asɛnka nhyiam boa yɛn nnɛ. Sɛ yɛkɔ asɛnka nhyiam na obiara hwɛ yɛ ne fam deɛ a, ɛbɛhyɛ anuanom nkuran na wɔanya akwankyerɛ a ɛbɛma adwuma no atu mpɔn. Wei bɛboa ma yɛatumi adi “amanaman nyinaa adanseɛ.”​—Mat. 24:14.

Bere a Onuawa Rehwɛ Asɛnka Nhyiam So

Sɛ onuawa rehwɛ asɛnka nhyiam so a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti na ɛbɛyɛ yie a ɔtena ase. Nea onua barima ne anuanom bɛsusu ho no, ɛno ara bi na ɔne anuanom bɛsusu ho. Ɔbɛtumi abisa nsɛm ma ayɛ nkɔmmɔbɔ, nanso ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔrekyerɛkyerɛ anuanom. Ɔpɛ a ɔbɛtumi afrɛ onuawa a wabɔ asu sɛ ɔmmɔ mpae. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔno nso kata ne ti. Bere a ɔgu so reyɛ asɛnka nhyiam no, sɛ onuabarima a wabɔ asu bɛto so a, onuawa no bɛma no kwan ma watoa so. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo de n’ani to fam hwɛ tebea ahorow a ɛbɛtumi asɔre na ɔtoto nneɛma fɛfɛɛfɛ. Yɛmfa no sɛ abarimaa kumaa bi a wabɔ asu wɔ hɔ, nanso mpanyimfo susu sɛ ɔrentumi nhwɛ asɛnka nhyiam no so enti onuawa bi nhwɛ so. Sɛ mpanyimfo no susu sɛ onua kumaa no fata sɛ ɔbɔ mpae a, ɛnneɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛka akyerɛ onuawa no sɛ ɔnhwɛ so na sɛ ɔwie a onua kumaa no abɔ mpae. Anaa ebia a onuabarima bi wɔ hɔ, nanso anohyeto bi nti ɔrentumi nhwɛ asɛnka nhyiam so mmɔ mpae. Ɛba saa a, mpanyimfo no bɛtumi aka akyerɛ onuawa no sɛ, sɛ onuabarima no wɔ hɔ mpo a, ɔnhwɛ so na ɔno anaa onuawa foforo mmɔ mpae. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔka kokoam asɛm biara kyerɛ onuawa no. Mpanyimfo bɛtumi ama onuabarima no ahu da a anuanom mmaa bɛhwɛ asɛnka nhyiam no so.

Nsɛm a Yɛbɛtumi Asusu Ho Wɔ Asɛnka Nhyiam Ase:

  • Nyansahyɛ bi a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu.

  • Video a ɛwɔ jw.org so a ɛbɛboa wɔ asɛnka mu.

  • Sɛnea yɛbɛma yɛn nnianim asɛm atu mpɔn anaa yɛbɛbɔ kwan ama sankɔhwɛ anaa ɔkwan a yɛbɛfa so aka ntoboayi ho asɛm.

  • Kyerɛwnsɛm bi a ɛbɛhyɛ anuanom nkuran na aboa wɔn wɔ asɛnka mu.

  • Osuahu a anuanom anya wɔ asɛnka mu anaa nea ɛwɔ yɛn nwoma mu.

  • Asɛm bi a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu.

  • Biribi a yɛasusu ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase.

  • Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi a ɛfa asɛnka ho.

  • Asɛm bi a ɛwɔ nwoma te sɛ Ɔsom Sukuu ne “Bra Bedi M’akyi” mu a ɛbɛboa yɛn wɔ asɛnka mu.

  • Asɛm bi a ɛwɔ jw.org so a yɛbɛtumi de ayɛ adwuma.

  • Asɛm bi a ɛwɔ nwomawa a wɔato din Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? a yɛbɛtumi de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu.

  • Sɛnea yɛne wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni, adannandifo, Hindufo, Buddhafo ne nnipa a wɔte saa bɛfi nkɔmmɔbɔ ase.

  • Ɔkwan a yɛbɛfa so abua wɔn a wɔde nsɛm bi yi wɔn ho ano.

  • Sɛnea yɛbɛboa onua a yɛne no nam asɛnka mu ma watu mpɔn.

  • Nea yɛbɛyɛ bere a yɛahyia obi a ɔnka yɛn kasa.

  • Sɛnea yɛbɛdi adanse wɔ tɛlɛfon so anaa baguam, sɛnea yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua anaa yɛbɛhwehwɛ wɔn a wɔka kasa pɔtee bi.

  • Sɛnea yɛbɛyɛ fakaa ada obuo ne suban pa adi ne sɛnea yɛbɛkwati asiane wɔ asɛnka mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena