Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Ase March 30
NNAWƆTWE A ƐFI ASE MARCH 30
Dwom 57 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 22 ¶9-17 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Samuel 14-15 (simma 8)
No. 1: 1 Samuel 14:36-45 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Nnipa To Aban Kɛseɛ—my adesua 12 (simma 5)
No. 3: Bible Nkɔmhyɛ a Ɛfa Nna a Ɛdi Akyire no Ho Mmamu—igw kr. 13 ¶1 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Siesie Wo Ho Ma Adwuma Pa Biara.’—Tito 3:1.
15 min: Video Foforo a Ɛbɛboa Yɛn Wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Video bi wɔ yɛn wɛbsaet hɔ a yɛbɛtumi de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Di kan bɔ video a wɔato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? Ɛsi a, monsusu ho nhwɛ sɛnea yɛbɛtumi de video yi ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Afei bɔ video a wɔato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? nso, na monsusu ho. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Fa ‘Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?’—Fi Nkɔmmɔbɔ Ase.” Nsɛmmisa ne Mmuae. Ma anuanom nka akwan foforo a yɛbɛtumi de “Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?” ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 114 ne Mpaebɔ