Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/91 kr. 4
  • Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesua Sohwɛfo no Asɛyɛde
  • Biakoyɛ ho Hia
  • Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 10/91 kr. 4

Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe

Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea

1 Wɔ ma a beae a yɛyɛ Asafo Nhoma Adesua ma yenya baabi de yɛ kuw adesua akyi no, ebetumi ayɛ asɛnka nhyiambea. Ɛsɛ sɛ mmere a yɛde yɛ saa nhyiam horow no yɛ nea eye ma adawurubɔfo no mu fã kɛse no ara, na ɛboa yiye wɔ adawurubɔfo a yɛbɛhyehyɛ wɔn ama asɛnka no mu.

2 Akuw a wɔahyehyɛ wɔn yiye ama adesua ne asɛnka ma denhyɛ wɔ honhom fam. Hena na onnyaa sɛnea ɛsɛ sɛ yedi anoyi ho dwuma, sɛnea ɛsɛ sɛ yefi nkɔmmɔbɔ ase, sɛnea yɛbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ, anaasɛ nea yɛbɛka wɔ sankɔhwɛ mu ho nkuranhyɛ anaa nyansahyɛ mu mfaso? Yɛn mfɛfo adawurubɔfo ne akwampaefo a wohyiam wɔ baabi a yɛyɛ nhoma adesua no ma yenya mmoa a ɛte saa.​—Gal. 6:9, 10.

Adesua Sohwɛfo no Asɛyɛde

3 Asafo nhoma adesua sohwɛfo no di anim na n’asɛyɛde ne sɛ ɔbɛhyehyɛ kuw no dwumadi. Ɔne adawurubɔfo no yɛ adwuma daa wɔ asɛnka mu (1 Pet. 5:2, 3) Asɛnka nhyiam horow a wɔasiesie no ma kuw no nya Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ pa de siesie wɔn ho ma asɛnka. Eye sɛ adesua kuw biara yɛ n’ankasa asɛnka nhyiam sen sɛ akuw no nyinaa behyiam wɔ faako. Nanso wobetumi aka akuw nketewa abien abom sɛ ɛho hia a. Sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam wɔ Ɔwɛn-Aban adesua akyi a, ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam no yɛ tiawa. Ɛno akyi no, nhoma adesua sohwɛfo biara bɛhwɛ n’ankasa kuw.

4 Asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wɔnsakrasakra no hyɛ anuanom nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu daa. Sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam no wɔ bere a wɔahyɛ no mu ne faako a wɔakyerɛ no a, adawurubɔfo yɛ nhyehyɛe ma ɛne no hyia, na nim a wonim sɛ wobenya asasesin ne afoforo ne wɔn ayɛ adwuma no bɛhyɛ wɔn nkuran. (Fa toto Luka 10:1 ho.) Sɛ adesua sohwɛfo no mpo rentumi mma a, ɔma wɔn asasesin na ɔyɛ nhyehyɛe ma kuw no. (omTW nkr. 44-5) Sɛ onuabarima bi a ɔfata nni hɔ a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam no so a, kuw no sohwɛfo no betumi apaw onuawa bi ma wayɛ saa. (omTW nkr. 77-8; kmTW 4/88 kr. 3) Sɛ kuw no hyiam wɔ bere ne beae a wohyiam daa no a, ɛremma nneɛma nyɛ basaa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wodi kan de eyi mu bere tiaa mu nsakrae a wɔyɛ ho amanneɛbɔ ma dapɛn biako ansa na afi ase.

Biakoyɛ ho Hia

5 Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ obenya asɛnka adwuma no afã horow biara mu kyɛfa a ɛsɛ. Adawurubɔfo betumi abom adi kan asuasua nea wɔbɛka akyerɛ no de asiesie wɔn ho denam anoyi a ntease wom ne tebea a ebetumi asɔre wɔ wɔn asasesin no mu a wɔde bedi dwuma no so.​—Mmeb. 27:17.

6 So wobɛpɛ sɛ wunya ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ma ɔboa wo ma wo ho kokwaw kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu? Sɛ saa a, wo ne Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no nka ho asɛm. Ebia obetumi ayɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo bi a ɔfata aboa wo. Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya mu mfaso no, fa nyansahyɛ ahorow a woanya no di dwuma nnam so na di nhyehyɛe a wo ne afoforo bɛyɛ no so.

7 Ɛsɛ sɛ wɔn a nhoma adesua sohwɛfo no paw wɔn sɛ wɔmmoa afoforo no da ntease adi wɔ nea wɔbɛhwɛ kwan no mu. Osuahu ada no adi sɛ wɔn a wɔwɔ asɛnka ho adwempa a ɛkari pɛ ne ɔkwan pa a wɔfa so ka asɛm kyerɛ afoforo no tumi tete afoforo sen biara. (kmTW 11/79 nkr. 1, 3; kmTW 12/79 nkr. 1, 3) Ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn bere nyinaa bere a wonya nkɔso no. Afei wobetumi de botae afoforo asisi wɔn anim.​—Fa toto Luka 19:17-19 ho.

8 Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho ma yetu mpɔn wɔ asɛmpaka no ne asuafoyɛ no mu. Wiase tebea a ɛresɛe no di ntɛmpɛ a adwuma yi gye no ho adanse. Nkwa ho asɛm wom, na Yehowa rema anoboaboa no akɔ so ntɛmntɛm. (Yes. 60:22) Bere a yɛma ɔsom adwuma a wɔde ama yɛn no ho asɛm tra yɛn adwenem no, yɛne yɛn Asafo Nhoma Adesua kuw no bɛbom kɛse ayɛ adwuma na yɛawie yɛn adwuma no koraa bere a yɛde afotu ne nkuranhyɛ ma yɛn ho yɛn ho no.​—Rom. 12:6-8; 2 Tim. 4:1, 2, 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena