Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Adesua a Wobefi Ase Tẽẽ So
1 Yesu hyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ asuafo.” (Mat. 28:19) Eyi a yɛbɛyɛ no taa hwehwɛ sɛ yɛne anigyefo fi Bible adesua ase. Mprempren a tebea no ano rebrɛ ase no, yɛanya hokwan sɛ yebefi Bible adesua ase tẽẽ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Saa a yɛbɛyɛ wɔ afie afie som adwuma no mu no betumi aboa ma yɛafi Bible adesua ase ntɛm ara. Ɛma wohu atirimpɔw nti a yɛba wɔn nkyɛn no pefee.
2 Dɛn na yebetumi aka bere a yefi Bible adesua ase tẽẽ no? Ɔkwantiaa a yɛbɛfa so ye sen biara. Yebetumi aka sɛ: “M’ani gye ho sɛ mɛboa nkurɔfo ma wɔate Bible no ase, na ɛbɛyɛ me anigye sɛ me ne wo ne w’abusua besua Bible no wɔ wo fie a wuntua hwee. Yebetumi de wo Bible no adi dwuma. Sɛ wunni bi a, metumi anya bi ama wo.”
3 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ni: “Nea enti a maba wo nkyɛn nnɛ ne sɛ merebɛhyɛ wo nkuran ma yɛayɛ ofie Bible adesua na aboa wo ma woahu nea wiase yi de n’ani akyerɛ, ne nea Onyankopɔn wɔ ma yɛn. M’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi anya pii afi wo Bible no mu. Worentua hwee.” Sɛ ofiewura no pene so a, wubetumi de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no anaasɛ Creation nhoma no adi dwuma, ebia wubefi ase afi kratafa 234, nkyekyem 6. Ti yi nkratafa a edi kan no si Yehowa bɔhyɛ a ese ɔbɛsan de Paradise aba no so dua.
Fa Bible Nkratawa Di Dwuma
4 Pii ahu sɛ nkratawa boa bere a wofi Bible adesua ase tẽẽ no. Sɛ ofiewura no bue ɔpon no a, fa Asetra wɔ Wiase Fofofo a Asomdwoe Wom Mu a wummubui ma no na ama watumi ahu mfonini no nyinaa. Kura kratawa foforo wɔ wo nsam, na kenkan nkyekyem abien a edi kan no mu nsemmisa no anaa fa wo nsɛm ka. Munsusuw mmuae no ho, na monkenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien mfa nsi so dua. Afei ka sɛ w’ani agye nkɔmmɔbɔ no ho, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba. Kyerɛkyerɛ yɛn ofie Bible adesua nhyehyɛe a wontua hwee no mu kyerɛ tiawa, sɛ ɛfata a, anaasɛ yɛ nhyehyɛe kɛkɛ sɛ wobɛsan aba na moasan asusuw kratawa no mu asɛm foforo ho.
5 Bere a woreyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn no, eye sɛ wobɛka biribi a wote nka sɛ ofiewura no ani begye ho. Eyi betumi ayɛ asemmisa. Ɛbɛma ofiewura no ahwɛ wo nsrahwɛ a edi hɔ a wubebua asemmisa no wom no kwan.
6 Creation nhoma no da nsow wɔ akwan pii so. Ɛde adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma. Ɛkyerɛ nea enti a adannandi rentumi nyɛ nokware. Ɛkyerɛ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so sɛ Onyankopɔn Asɛm. Mfonini a ɛwɔ atiri 18 ne 19 no bɛtwetwe nnipa komapafo adwene, na akanyan Bible no ne Yehowa atirimpɔw ahorow ho anigye. Enti momma yɛn nyinaa mfa hokwan biara a yebenya no nni dwuma mfa mfi adesua ahorow ase na yennya ahyɛde a ese ‘yɛnyɛ asuafo’ no mu kyɛfa.—Mat. 24:14; 28:19, 20; Marko 13:10.