Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/93 kr. 1
  • Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fi Bible Adesua Ase—Ɛnnɛ Ne Bere Pa
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Adesua a Wobefi Ase Tẽẽ So
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 9/93 kr. 1

Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase

1 Osuahu ahorow a mfaso wɔ so na ɛma akomatɔyam sen biara ma nokware Kristofo mu biako ne sɛ wɔnam ofie Bible adesua so bɛkyerɛkyerɛ obi nokware no. Nanso ebia ebinom nnya ɔsom adwuma fã a mfaso wɔ so na ɛma akomatɔyam yi mu kyɛfa efisɛ wɔte nka sɛ wontumi mfi ase nyɛ Bible adesua. Adawurubɔfo ne akwampaefo a wɔn ho akokwaw pii ate nka saa pɛn. Nanso wɔnam Yehowa a wɔde wɔn ho too ne so ne Yɛn Ahenni Som mu afotusɛm a wɔde dii dwuma so suaa sɛnea wofi Bible adesua ase na wɔyɛ, na ɛmaa wonyaa anigye kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Wubetumi anya botae koro no ara.

2 Ɔkwan Tẽẽ ne Nkratawa a Wɔde Di Dwuma: Akwan a ɛyɛ mmerɛw sen biara a wɔde fi Bible adesua ase no biako ne ɔkwan tẽẽ no. Nea nnipa binom hia ara ne sɛ wubefi ayamye mu ato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔne wo nsua Bible no. Wubetumi ayɛ eyi denam ofiewura no a wubebisa no eyi no so: “So wobɛpɛ sɛ yɛne wo bɛyɛ ofie Bible adesua na ama nimdeɛ a wowɔ wɔ Bible no mu ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho no adɔɔsɔ?” Anaasɛ wubetumi aka akyerɛ ofiewura no sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛkyerɛ no ɔkwan a wɔfa so yɛ ofie Bible adesua. Ɛwom sɛ ebia pii rempene eyi so de, nanso sɛ wunya obi ma ɔpene so a, susuw anigye ara a wubenya no ho!

3 Ɔkwan foforo a yebetumi afi Bible adesua ase ne sɛ yɛde yɛn nkratawa no biako bedi dwuma. Ɛwom sɛ esua de, nanso ekura nkrasɛm a ɛyɛ nnam na etumi dan nkurɔfo ti. Ɔkwan bɛn so na wobetumi afi adesua ase wɔ kratawa mu? Ɛno ara ne sɛ wobɛma ofiewura no kratawa bi a wogye di sɛ n’ani begye ho. Afei to nsa frɛ ofiewura no ma ɔne wo mmom nkenkan nkyekyem a edi kan no. Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Da a wubedi kan akɔ hɔ no, ebia wubetumi ne no asusuw nkyekyem biako anaa abien ho. Bere a ofiewura no fi ase nya anisɔ sɛ nea ɔresua fi Bible no mu no yɛ anigye no, wubetumi ama bere a mode bɔ nkɔmmɔ no adɔɔso kakra.

4 Bible no Nkutoo a Wɔde Di Dwuma: Ɛtɔ mmere bi a, obi bɛpene Bible nkɔmmɔbɔ so nanso ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛpene adesua ankasa so anaasɛ ɔde yɛn nhoma ahorow no biako bedi dwuma. Ebetumi ayɛ yiye ara sɛ wubefi Bible adesua ase denam Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye a egyina Tra Ase Daa nhoma no anaa Reasoning nhoma no so a wobesiesie no so, na mmom Bible no nkutoo na wode bedi dwuma bere a woakɔ onii no hɔ no. Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa betumi adi simma 15 anaa 20, anaa tebea no ma kwan a ebetumi akyɛ asen saa. Sɛ wofa ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ Bible mu nokware ma enya nkɔanim so yɛ no daa a, woafi Bible adesua ase ara nen, na wubetumi abu ho akontaa. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, fa Tra Ase Daa nhoma no kyerɛ no, na yɛ adesua ankasa fi mu.

5 Wɔ hokwan a wohwehwɛ wɔ asɛnka adwuma no mu akyi no, so woabɔ mmɔden sɛ wone w’afipamfo, wo yɔnkonom, anaa w’abusuafo befi Bible adesua ase? So woyɛɛ saa akyɛ? Woasan asɔ ahwɛ nnansa yi ara? Sɛ ɔkwan biako antumi anyɛ yiye a, so woasusuw ho sɛ wobɛfa ɔkwan foforo so?

6 Sɛ wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no di dwuma, wumia w’ani gyina mu wɔ asɛnka adwuma no mu, na wode wo ho to Yehowa so na wahyira wo a, wubetumi afi adesua ahorow ase. Ɛnsɛ sɛ wubu tumi a nokware no ne mmoa a Yehowa de ma wɔ no abomfiaa da. Ɛmmra sɛ wobɛma anigye a wowɔ wɔ asɛnka adwuma no mu ayɛ kɛse denam Bible adesua ahorow a wubefi ase na wɔayɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena