So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?
1 Nnipa pii atumi afi Bible adesua ase denam ɔkwan a ɛyɛ tee no so a wɔfa ka hokwan a nkurɔfo wɔ sɛ wobesua Bible no ho asɛm kyerɛ wɔn no so. Bere a wɔka kyerɛɛ ɔbarima bi a wapow mpɛn pii sɛ obegye nhoma no sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua no, ɔpenee so ntɛm ara. Obuae sɛ: “Na mepɛ bere nyinaa sɛ mesua Bible no.” Wofii Bible adesua ase, na abusua mũ no nyinaa nyaa nkɔso ntɛmntɛm.
2 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ sɛ yebefi Bible adesua ase. Sɛ ankorankoro benya nkɔso abɛyɛ Kristo asuafo a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn. (Mat. 28:19, 20) Sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a, ehia sɛ wɔne wɔn yɛ Bible adesua. Mpɛn pii no yebetumi afi adesua ase denam ofiewura no a yɛbɛka akyerɛ no sɛ yɛbɛkyerɛ no sɛnea obetumi asua Bible no ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho ade pii no so. Onua bi tumi de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom kratawa no fii Bible adesua anum ase. Esiane sɛ na ontumi nyɛ saa Bible adesua pii no daa nti, ofii ase dan adesua no maa adawurubɔfo afoforo.
3 Sɛ ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebefi adesua ase a, yebetumi de adawurubɔfo afoforo aka yɛn ho akɔ, na yɛaboa wɔn ma wɔn nso anya adesua. Anaasɛ yebetumi adan adesua bi a yɛafi ase no ama afoforo wɔ asafo no mu. Sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ Bible adesua a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ wɔn a wuhyia wɔn wɔ afie afie som adwuma no mu no? Wɔ asɛm biako mu no, ɔdawurubɔfo bi san kɔsraa abeawa bi a wankyerɛ anigye kɛse. Nanso, ɔdawurubɔfo no kae sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua, na ɔpenee so. Mprempren wɔabɔ no asu, na ne nuabea ne ne kunu nso ba nhyiam horow.—Gal. 6:6.
4 Ɛnyɛ obiara a yɛne no fi adesua ase no na ɔbɛkɔ so asua ade no. Ɛnyɛ wɔn a wosua ade nyinaa na wɔbɛba nokware no mu. Nanso ebinom bɛba. Sɛ yefi adesua pii ase a, ɛda adi yiye sɛ yebetumi aboa afoforo ma wɔabɛyɛ wɔn a woyi Yehowa ayɛ.