Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Ofie Bible Adesua Ho Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ
1 Krataa a na ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som (Vol. 34, No. 9) no mu no ma yɛkaee asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebegu aba na yɛagugu so nsu bere a yɛreyɛ asuafo ama Kristo no. Ɛkyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa a wotie Ahenni nkrasɛm no kanyan yɛn ma yɛyɛ Bible adesua. Ofie Bible adesua ho nhyehyɛe a yɛbɛyɛ bɛboa yɛn ma yɛadi asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛnyɛ asuafo no ho dwuma.—Mat. 28:19, 20.
2 Eye sɛ yɛahu sɛ yɛn mu pii afi ase de nkuranhyɛ pa a wɔde maa yɛn no di dwuma. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ yɛreyɛ Bible adesua pii. Bible adesua a yebuu ho akontaa wɔ Ghana no kɔɔ anim bɛyɛ ɔha biara mu 25 wɔ 1991 mu sen 1990 ɔsom afe no mu de a yɛyɛe no. Ade a ɛfata nkamfo bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a eyi ne bere a edi kan a wɔafi ase reyɛ adesua no redi ahurusi wɔ asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a wɔrenya no ho. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nnipa pii anya yɛn som adwuma no fa a mfaso wɔ so yi mu kyɛfa?
3 Fa Nea Yɛde Rema wɔ Ɔsram no mu Di Dwuma: December yɛ ɔsram a ɛfata titiriw sɛ yebefi Bible adesua foforo ase. Yɛde New World Translation of the Holy Scriptures ne Is the Bible Really the Word of God? nhoma no bɛma. Ɔkwan pa a yɛbɛfa so akanyan ofiewura no anigye ne sɛ yɛde Reasoning nhoma no mu nyansahyɛ ahorow no bedi dwuma.
4 Yebetumi de Bible no ama denam nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no kratafa 10 no so. Wɔaka akwan horow anum a yɛbɛfa so atwe adwene asi Bible no so ho asɛm wom. Nnipa no nkuran a yɛbɛhyɛ ma wɔahwehwɛ mmuae a Bible no de ma wɔ asetra ho nsemmisa ho no betumi abue kwan ama Bible adesua.
5 Wɔde nyansahyɛ abien a ɛbɛboa ma yɛatwe adwene asi Word of God nhoma no so ama wɔ Reasoning nhoma no mu asɛmti ketewa a ɛne “Home Bible Study” a ɛwɔ kratafa 12 ase no mu. N’abien nyinaa hyɛ nhoma no a yɛde bedi dwuma de ayɛ adesua nnidiso nnidiso ho nkuran. Sɛ worefi Bible adesua ase tee a, wubetumi adi nyansahyɛ pa a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som (Vol. 34. No. 10) mu no akyi.
6 Fa Wo Ho To Yehowa So: Sɛ yebetumi ayɛ Bible adesua adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa mmoa nkutoo so na yɛnam betumi ayɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe. Ɔno na odi anim wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛboa nkurɔfo no mu. (1 Kor. 3:6) Enti, ɛnyɛ obi a yebenya no ne no asua ade nkutoo ho mpae na ɛsɛ sɛ yɛbɔ, na mmom nkɔso a anigyefo a yɛahu wɔn no benya nso. (Yoh. 16:23) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo.”—1 Kor. 3:9.