Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/88 kr. 1-3
  • Fi Bible Adesua Ase—Ɛnnɛ Ne Bere Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Bible Adesua Ase—Ɛnnɛ Ne Bere Pa
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DENAM REASONING NHOMA NO MMOA SO
  • Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Ofie Bible Adesua Ho Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 10/88 kr. 1-3

Fi Bible Adesua Ase​—Ɛnnɛ Ne Bere Pa

1 Wɔ 1987 mu no, anka Bible adesua a yɛyɛe dodow nkyekyem ne wiase nyinaa adawurubɔfo dodow reyɛ ayɛ pɛ. Hokwan a ɛyɛ nwonwa sɛ Ahenni adawurubɔfo betumi anya nkɔanim bɛn ara ni! So wurenya asuafoyɛ ɔfã a ɛma akomatɔyam yi mu kyɛfa? Ɛnnɛ ne bere pa a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si adesua a yebefi ase so.​—Fa toto 2 Korintofo 6:2 ho.

2 Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 89-91 ma yehu hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo honhom mu denam ofie Bible adesua so no. Kratafa 91 hyɛ yɛn sɛ: “Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ ofie Bible adesua biako daa de aka adesua biara a ebia wo ne mmofra a wɔwɔ w’abusua no mu yɛ no ho.” Eyi yɛ botae pa a yebetumi apere adu ho denam Bible adesua ho asɛm a yɛbɛka wɔ hokwan biara mu no so.

DENAM REASONING NHOMA NO MMOA SO

3 So woasɔ ahwɛ sɛ wobɛka Bible adesua ho asɛm nsrahwɛ a edi kan no ara mu? Wɔ Reasoning nhoma no mu kratafa 12 wɔ “Home Bible Studies” ase no, wɔde nyansahyɛ ahorow abien ama a ɛka eyi a wɔbɛyɛ no tee no ho asɛm. Eyi ma ofiewura no hu sɛ atirimpɔw a enti yɛbaa hɔ ne sɛ yɛne no bɛyɛ Bible adesua a ontua ho hwee. Ɛmfa ho sɛ asɛm bɛn na yɛbɛka no, yebetumi ayɛ sɛnea yɛyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ. Afiewuranom pii wɔ yɛn nhoma ahorow no bi dedaw a yebetumi de adi dwuma. Anaasɛ yebetumi de kratawa bi afi adesua no ase. Sɛ ofiewura no pow nhoma a yɛde rema no mpo a, yebetumi ayɛ eyi, sɛ ɛfata na ofiewura no pene so a. Sɛ nhwɛso bere a yɛde Creation nhoma no ma no, ebia onii no bɛka sɛ n’ani nnye adebɔ anaa adannandi ho. Afei yebetumi akyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua no bere a yɛde Creation nhoma no ti 19, “Asase so Paradise Bɛba Nnansa yi Ara” no di dwuma no. Ɛde gyina nea onipa no ani gye ho so no, yebetumi apaw asɛm a ɛfata afi atiri 16 kosi 20 no mu.

4 Ɔkwan foforo a wɔde fi Bible adesua ase no fa Reasoning nhoma no a wɔde di dwuma wɔ sankɔhwɛ mu no ho. Sɛ woreyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔsra onigyefo bi a, bisa sɛ, “So wɔbɛsɛe Asase Okyinsoromma no wɔ nuklea ɔko mu?” Afei sɛ anka wobɛka akyerɛ ofiewura no sɛ wosan ba a wobɛma mmuae ara kwa no, ma ɔnkyerɛw kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 112 ne 113 no mu bɛyɛ abiɛsa anaa anan. Ka kyerɛ no sɛ ɔnkenkan saa kyerɛw nsɛm no mfa nsiesie ne ho mma wo nsrahwɛ a edi hɔ no. San kɔ ne nkyɛn ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye dapɛn no mu, na mommom nkenkan kyerɛw nsɛm no. Afei bisa asɛm foforo a mubebua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Bio ma ofiewura no nkyerɛw kyerɛw nsɛm dodow bi na ɔnkenkan ansa na woasan akɔ hɔ.

5 Eye sɛ wobɛkyerɛ ofiewura no sɛ wuyi wo nsɛm no fi Reasoning nhoma no mu. Bere bi akyi no wubetumi adan n’adwene akɔ Tra Ase Daa nhoma no so ma mode ayɛ ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa. Sɛnea wubetumi ahu no, sɛ ofiewura no annye nhoma nanso wiase nsɛm tebea haw no na ɔpɛ sɛ ohu nea ɛbɛba daakye a, saa ɔkwan yi tu mpɔn.

6 Ma Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asuafo wɔ Mateo 28:19 no ntra w’adwene mu: “Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo.” So wobɛpɛ sɛ wunya kyɛfa wɔ saa nkwagye adwuma yi mu denam ofie Bible adesua a wobɛyɛ so? Sɛ woreyɛ bi dedaw mpo a, so wo nhyehyɛe no betumi ama woayɛ biako anaa abien foforo bio? Fa adesua a wubefi ase no kɔ mpaebɔ mu bere a ‘wotɔ bere’ no.​—Efesofo 5:15, 16, NW.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena