Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/87 kr. 3
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA WOFI BIBLE ADESUA ASE
  • Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fi Bible Adesua Ase—Ɛnnɛ Ne Bere Pa
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Yɛn Ho Yɛn Ho A Yɛbɛboa (Ɔfã 4): Ma Yɛafi Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Ɔfa 1—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 4/87 kr. 3

So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?

1 So woyɛ ofie Bible adesua mprempren? Sɛ ɛnte saa a, so wobɛpɛ sɛ woyɛ bi? Yesu sii so dua sɛ wɔ adanse a edi kan a yebedi akyi no, ɛsɛ sɛ yɛboa anigyefo ma wonyin wɔ honhom mu. (Yoh. 4:39-42) Nanso asɛnka akontaabu ahorow kyerɛ sɛ adawurubɔfo pii nyaa hokwan nyɛɛ ofie Bible adesua da. Ebinom a wɔayɛ bi pɛn no nyɛ bi mprempren.

2 Sɛ yesiesie yɛn ho ma Bible adesua na yɛyɛ bi daa a, Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ no so. Bisa wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔyɛ Bible adesua a ɛsow aba no, na wɔbɛka anigye kɛse a ɛde ba no ho asɛm akyerɛ wo ntɛm ara.

3 “Look!” nhomawa a yɛn nsa kae wɔ ɔmantam nhyiam a etwaam no ase no boa kɛse wɔ Bible adesua a wofi ne yɛ ase mu. Bere a Tra Ase Daa, nhoma no ne yɛn adesua nhoma titiriw no, yebetumi adi kan ato nhyɛase fɛfɛ denam nhomawa yi a yɛne wɔn besua no so. Afei yebetumi ama ofiewura no anya anigye wɔ nsɛm pii a yebesua wɔ nhoma no mu no mu.

SƐNEA WOFI BIBLE ADESUA ASE

4 Sɛ wɔda anigye kɛse adi a, ɛho nhia sɛ wubefi hɔ ntɛm ara bere a wode nhoma ama no. Wubetumi afi Bible adesua ase wɔ hɔ ara. Wubetumi ayɛ eyi denam nkyekyem ahorow bi a wɔapaw a mobɛbom akenkan na moahwɛ kyerɛwnsɛm atitiriw no asusuw ho no so.

5 Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a ebia ofiewura no rennye nhoma a yɛde rema no de, nanso ebia ɔbɛda obu ne anisɔ adi wɔ Bible no ho. Baabiara a wubehu anigye a ɛte sɛɛ no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛtoa nkɔmmɔbɔ no so. Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan aba na moabɛtoa nkɔmmɔbɔ a edi kan no so anaasɛ moabɔ Bible mu asɛm foforo ho nkɔmmɔ. Asafo nhoma ahorow no atiri bi ne afei Reasoning nhoma no afã horow bi ma yenya nsɛm pii a yebegyina so abɔ Bible mu nkɔmmɔ ahorow a ɛte sɛɛ. Wɔ bere bi akyi no, ebia wubetumi de nhoma bi akyerɛ no na woaka adesua ankasa ho nhyehyɛe ho asɛm.

6 Wɔ hokwan ahorow a yenya a wɔ asɛnka mu no akyi no, so yɛabɔ mmɔden sɛ yɛne afipamfo, ayɔnkofo, anaa abusua mufo befi Bible adesua ase? Bere a ebia na yɛyɛ eyi wɔ bere bi a atwam mu no, so yɛasan ayɛ saa bio nnansa yi? Yebetumi de nkakrankakra ama mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne akyerɛkyerɛfo nsemmisa ne nneɛma a ɛhaw wɔn no adan Bible mu nkɔmmɔbɔ ne adesua. Mmuae a efi Kyerɛwnsɛm mu a emu da hɔ na ɛfa asɛm no ho a ɛhyɛ nkuran betumi ama wɔahu bo a Bible no som. Mubetumi ayɛ adesua no awia adidibere, bere a moapɔn adwuma anaa sukuu, anaasɛ bere biara a eye na ama aboa onipa no ma wanya honhom mu nkɔso.

7 Ahosiesie ho hia. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, hwɛ sɛ wowɔ asɛm pɔtee bi a morekosusuw ho. Sɛ woresiesie wo ho ama nsrahwɛ no a, ɛbɛyɛ nea eye sɛ wode w’adwene besi sɛnea nkɔmmɔ biara a mobɔ no betumi aboa ma woadu wo botae a ɛne ofie Bible adesua ase a wubefi no ho.

8 Asomafo no Nnwuma 20:35 boa yɛn ma yehu sɛ nea yɛwɔ no a yɛne afoforo kyɛ no de anigye pii ba. Ofie Bible adesua a yɛyɛ no yɛ hokwan fɛfɛ a ɛma yenya saa anigye no. Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yebenya adwuma yi mu kyɛfa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena