Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/87 kr. 2-3
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Mayɛ Yɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Mayɛ Yɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 5
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 12
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 19
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 26
Yɛn Ahenni Som—1987
km 4/87 kr. 2-3

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Mayɛ Yɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE APRIL 5

Dwom 105

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase nsɛmmansɛmma (Hwɛ borɔfo de no mu.) Kyerɛ asɛnka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma dapɛn awiei no na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem. Yɛ nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien a wɔde foforo a aba di dwuma.

20 min: “Yɛn Anidaso Ho Asɛm a Yɛbɛka wɔ Baguam.” Nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Si hia a ɛho hia sɛ wobefi adesua ase wɔ Tra Ase Daa, nhoma mu so dua. Bisabisa obi a ɔwɔ asafo mu a anigye a odii kan nyae no gyina Tra Ase Daa, nhoma mu adesua so nsɛm. Kyerɛ nea ɛwɔ nhoma no mu a ɛkanyan n’anigye no.

15 min: To Nsa Frɛ Nkurɔfo Bra Nkaedi Afahyɛ no Ase. Ɔhwɛfo guamtrani yɛ sɛnea wɔbɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi ase ho ɔyɛkyerɛ ho nhyehyɛe. Ma ɔdawurubɔfo biako nyɛ Bible suani foforo a ɔnkɔɔ bi da a wɔto nsa frɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Si hia a Kristo wu Nkaedi no ho hia yɛn no so dua. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ nhyiam no mu, titiriw no sɛ nnipa bi bedi nkae ade no bi mpo a, wɔyɛ kakraa bi, na kyerɛ sɛ eyi bɛyɛ nsɛntitiriw a ɔkasafo no bɛkyerɛkyerɛ mu no biako. Ma ɔdawurubɔfo foforo nyɛ sɛnea wɔto nsa frɛ obusuani ba Nkaedi no ase ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde nsaano krataa a Asafo ti no atintim ma eyi no di dwuma wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow abien no nyinaa mu. Ɔhwɛfo guamtrani de ba awiei denam si a osi so dua sɛ Nkaedi no ase a wɔba ayɛ honhom mu nkanyan a ebinom hia na ama wɔanya nkɔso anaasɛ wɔafi ase asua Bible no. Ɛsɛ sɛ obiara ma ɛtra n’adwene mu sɛ nkwa ho asɛm wom.​—1 Tim. 4:16.

Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 12

Dwom 221

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kenkan krataa a ɛkyerɛ sɛ Asafo ti nsa aka ntoboa biara a mode manae a apue wɔ mo ɔsram no statement so no.

20 min: “Mmofra​—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Hyɛ mmofra nkuran sɛ wɔmfa honhom mu botae ahorow nsisi hɔ mma wɔn ho na wɔmpere nnu ho. Bisabisa daa akwampaefo biako anaa baanu anaasɛ mmofra a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde bere nyinaa som adwuma bɛyɛ wɔn adwuma nsɛm. Ma wonkyerɛ nea enti a wɔapaw sɛ wɔbɛpere adu honhom mu botae ahorow ho sen sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ wiase yi mu no.

15 min: Mfaso a Yenya Fi Nguanhwɛfo Anokwafo Hɔ. Kasa a ɛhyɛ nkuran a ɔpanyin ma a ɛfa nguanhwɛfo nsrahwɛ ho. Si so dua sɛ mpanyimfo no wɔ hɔ sɛ wɔde honhom mu nkuranhyɛ bɛma, na sɛ ɛho hia a, wɔaboa nso. Wubetumi asi nsɛm ahorow a ɛwɔ “Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Aniberesɛm” a ɛwɔ June 1, 1986 Ɔwɛn-Aban mu no so dua.

Dwom 184 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 19

Dwom 211

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Asemmisa Afã. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔkyekyɛ Yɛn Ahenni Som wɔ asafo mu no mu. Twe adwene si nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw a ɛfata wɔ mo asasesin mu so na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma dwumadi mu.

20 min: “So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?” Nsemmisa ne mmuae. Ɛsɛ sɛ mode adwene si ɔkwan a eye a mobɛfa so de nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no adi dwuma so. Fa simma 5 ɔyɛkyerɛ a ɛfa sankɔhwɛ a wɔyɛ wɔ faako a wɔde “Look!” nhomawa mae ho ka ho. Ekowie adesuayɛ mu.

15 min: Mommoa Afoforofo ne Wɔn a Wɔagyae Adesua ne Asɛnka Kɔ. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne asafo susuw hia a ɛho hia sɛ wɔbɛboa afoforofo a wɔbaa Nkaedi ase no ne wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no ho. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no betumi aboa wɔn a wohia nkuranhyɛ no? Dɛn na asafo no betumi ayɛ de aboa? Afe biara adawurubɔfo a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no mu pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba Nkaedi no ase. So yebetumi aboa wɔn ma wɔakɔ so aba asafo nhyiam ahorow no na wɔafi ase akɔ asɛnka bio? Na anigyefo a wɔbae no nso ɛ? So wonam afie Bible adesua nhyehyɛe no so reboa wɔn nyinaa? Si hia a ɛho hia sɛ yɛn nyinaa bɛboa wɔ wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ne afoforofo a wɔbɛhyɛ wɔn den mu no so dua. (Heb. 6:1-3) Kyerɛ sɛnea wɔnam asafo Nhoma Adesua no so betumi de mmoa ama.

Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 26

Dwom 72

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa Kwasida a edi kan wɔ May mu na wɔmfa nea yɛde rema no nni dwuma.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Sankɔhwɛyɛ So.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkratafa 3-5 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ekowie adesua wɔ “Look!” nhomawa mu so. Bisabisa ɔdawurubɔfo a ɔbɔ mmɔden titiriw wɔ sankɔhwɛyɛ mu nsɛm sɛnea bere ma kwan. Ka nyansahyɛ ahorow a eye a ɛbɛboa adawurubɔfo a wɔyɛ afoforofo a wɔn ho nkokwawee pii no.

10 min: Yɛn Ɔmansin Nhyiam Ahorow no ho Anisɔ a Yebenya. Nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Ɔmansin nhyiam ahorow a efi ase wɔ June mfinimfini no asɛmti ne “Sɔhwɛ Ahorow a Yɛde Anigye Gyina mu De Onyankopɔn Dom Ba.” Ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea enti a yebetumi ahwɛ sɔhwɛ ahorow kwan, mfaso ahorow a efi boasetɔ mu ba, ne nea enti a yɛn ani betumi agye. Baguam ɔkasa a ne ti ne, “Wubetumi Anya Asetra mu Anigye wɔ Asomdwoe mu Mprempren” no yɛ nea yɛn ani begye ho titiriw. Nsɛm a wɔbɛda no adi no bɛboa anigyefo ma wɔahu asomdwoe fibea ne sɛnea wobetumi anya bi mprempren. Obiara bɛpɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe ba Memeneda ne Kwasida. Ebedu saa bere yi de, asafo ahorow pii akɔ ɔmansin nhyiam a ne ti ne, “Monkɔ Mo Anim wɔ Yehowa Kwan so Nantew Mu” no. Dɛn na woreyɛ na ama wode afotu a wɔde mae no adi dwuma? Kae, wɔde afotu maa mmusua mufo mmiako mmiako sɛ wonni wɔn asɛyɛde ho dwuma wɔ teokrase kwan so. Wɔde akwankyerɛ a emu da hɔ wɔ yɛn abrabɔ wɔ Ahenni Asa so ho nso mae. Wɔbɔɔ mmofra kɔkɔ wɔ wɔn sukuu ayɔnkofo ho. Wɔde nkuranhyɛ maa yɛn nyinaa sɛ yɛnko ntia wiase no akwanside ahorow na yɛnnantew Yehowa akwan so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔakɔ nhyiam yi dedaw no ti emu nsɛm no mu na wɔde nea wosuae no di dwuma. Sɛ woka asafo kakraa bi a wonnya nkɔɔ nhyiam yi bi no ho a, ɛnde yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ woremma ɛmpa wo ti so.

15 min: Asafo mu ahiade anaasɛ ɔkasa a ɔpanyin a ɔyɛ abusua ti ma a egyina asɛmti a ɛne, “So Woreyɛ Abusua Adesua a Etu Mpɔn?” no so. Muntĩ adesua afã a ɛwɔ April 1, 1987 Ɔwɛn-Aban mu no mu. Ma ɛmfa mo ho.

Dwom 210 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena