Yɛn Ho Yɛn Ho A Yɛbɛboa (Ɔfã 4): Ma Yɛafi Bible Adesua Ase
1 Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade a yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no yɛ ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ ɔno ne wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ yɛyɛ mmofra anaa mpanyimfo o, asuafo a wɔyɛ foforo anaa wɔn ho akokwaw o, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛde nea yesua no bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Nanso, ɛtɔ da bi a wɔte sɛ ebinom ka sɛ: “Me yam a anka mitumi fi adesua ase,” anaasɛ “Minnim nea enti. Mitumi nya nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye nanso mintumi mfi adesua ase.” So wo ne obi akasa wɔ afie afie asɛnka mu anaa bɔnnɔso adansedi mu a wote nka sɛ n’ani begye Bible mu nkɔmmɔbɔ ho bio ma wabehu Yehowa anaa? Sɛ wonte nka sɛ wubetumi adi ho dwuma a, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya mmoa? Na, ebi nso a na wunni sankɔhwɛ biara. Sɛ wopɛ sɛ wunya adesua a, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya mmoa?
2 Nea edi kan no, ebia na obi wɔ mo asafo nhoma adesua kuw no mu a obetumi aboa wo ma woafi adesua ase. Nea ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ adesua no so hwɛfo a ɔne adesua so ahwɛfo afoforo na wɔhwɛ Bible adesua adwuma no so mprempren no. Ebia ɔno ankasa betumi aboa wo. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na woanya mmoa bere tenten bi no, ebia ɔbɛma obi a ne ho akokwaw aboa wo. Mo baanu no bɛpɛ sɛ mobom siesie mo ho ma sankɔhwɛ, a mo botae ne sɛ mubefi adesua ase. Mubetumi asi sɛnea mobɛyɛ no no ho gyinae. So mobɛkɔ nhoma no mu tẽe, na moayɛ ofie Bible adesua nhyehyɛe no ho ɔyɛkyerɛ? Anaa, so muhu sɛ ɛho hia sɛ mokɔ so bɔ nneɛma ahorow ho nkɔmmɔ fi Bible no ankasa mu?
3 Sɛ mode nhoma no di dwuma tẽe o, mode Bible no nkutoo di dwuma o, ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo no bom susuw ɔkwan a mobɛfa so aboa onii a ɔwɔ asɛm no ho anigye no ma wahwehwɛ kyerɛwnsɛm ahorow wɔ n’ankasa ne Bible mu. Ebia mubesi gyinae sɛ onii a ɔka wo ho no bɛyɛ sankɔhwɛ no ankasa, na woaboa no. Nanso, bere a moabom asiesie mo ho no, ebia wobɛpɛ sɛ woyɛ sankɔhwɛ no na wosrɛ nea ɔka wo ho no ma ɔkyerɛ n’adwene wɔ sɛnea nneɛma kɔɔ so no ho akyiri yi.
4 Bere a wo botae ne sɛ wubefi adesua ase no, susuw bere tenten a wubedi wɔ hɔ, anaa baabi a mubesua ade no akodu no ho. Hwɛ sɛnea onii no anigye te. Mpɛn pii no eye sɛ woma kakra a moasusuw ho no kɔ onii adwene mu yiye na moasan abɛbɔ kyerɛw nsɛm anaa nkyekyem afoforo ho nkɔmmɔ.
5 Nsrahwɛ a edidi so no, mommom nsiesie nkyerɛw nsɛm anaa nkyekyem ahorow a mo ne onii bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ musi gyinae sɛ onii a ɔka wo ho no bɛyɛ adesua no mpɛn pii a, monyɛ akwan horow a wubetumi afa so anya mu kyɛfa ho nhyehyɛe. Ebia wobɛkenkan kyerɛw nsɛm atitiriw na woaboa ofiewura no ma wate ase. Sɛ wo ne ofiewura no yɛ adesua no a, onii a ɔka wo ho no betumi de nyansahwɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso ama wo, sɛ ebia bere a ɛfata sɛ wode nsemmisa afoforo ba mu, sɛnea wobɛma adesua no ayɛ anigye, sɛnea wobɛma ani agye adesua a edi hɔ no ho, na woatwe adwene asi ahyehyɛde no so, ne ade.
6 Ɛdenam yɛn ho yɛn ho a yɛbɛboa wɔ asafo nhoma adesua nhyehyɛe no mu no so no, ebia wo nso wubetumi anya Bible adesua a wɔyɛ no daa mu anigye.