Yehia—Bible Adesua Pii
1 Yehowa Nyankopɔn rehyira n’asase so ahyehyɛde no ma ɛkɔ so nya nkɔanim. Ɔsom afe a etwaam no, wɔbɔɔ nnipa 375,923 asu wɔ wiase nyinaa—sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔɔ asuafo foforo bɛboro 1,000 asu da biara, anaa bɛyɛ 43 dɔnhwerew biara! Ɛmfa ho ahokyere a ebia yɛn nuanom ahyia mfe pii wɔ wiase afã pii no, Ahenni adwuma no renya nkɔso, na ɛrenya nkɔanim ma ɛyɛ nwonwa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkenkan nkɔanim a aba wɔ asɛmpa no ntrɛwmu mu no ho asɛm!
2 Wɔ Ghana baa dwumadibea no, yɛn nso yenyaa nkɔanim a ɛsen biara wɔ adawurubɔfo, daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo dodow, nnɔnhwerew dodow a yɛde kaa asɛm no, nhomawa ne nsɛmma nhoma dodow a yɛde mae mu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Yenyaa nkɔanim wɔ nnipa dodow a wɔbɔɔ wɔn asu mu, na nnipa dodow a ɛsen biara baa Nkaedi no. Na sankɔhwɛ ne Bible adesua nso ɛ? Sankɔhwɛ dodow a yɛyɛe kɔɔ soro, na Bible adesua nyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyekyem 7. Nanso, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ adawurubɔfo dodow bi nnya sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua yɛ mu kyɛfa daa. Nanso, saa ɔsom adwuma no afã ahorow yi na ɛma yɛyɛ asuafo. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ ma sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow a yɛyɛ anya nkɔanim?
3 Hyɛ Ɔpɛ a Wowɔ sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua no Mu Den: Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa de si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ den na yɛayɛ nnam wɔ honhom fam. Kristo akyidifo anokwafo ‘bɔ nnwuma pa ho mmɔden.’ (Tito 2:14) Sɛ yɛhwehwɛ yɛn som adwuma mu a, so yebetumi aka sɛ yɛde anigye kɛse san kɔ baabiara a yɛma nhoma wɔ asɛnka mu no? So yɛde anigye ne wɔn a wɔkyerɛ anigye no nyinaa yɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe? (Rom. 12:11) Anaasɛ ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den de yɛ sankɔhwɛ na yefi ofie Bible adesua ase?
4 Bible a yɛn ankasa bɛkenkan, asafo nhyiam a yɛbɛkɔ daa, ne nhoma ahorow a yebesua bɛma yɛayɛ nnam wɔ honhom fam, na Onyankopɔn honhom ahyɛ yɛn den. (Efe. 3:16-19) Eyi bɛhyɛ Yehowa mu gyidi ne awerɛhyem a yɛwɔ, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa no mu den. Ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde nokware no akyerɛkyerɛ ɔfoforo, na ɛnam so ma yɛn asɛnka adwuma no ayɛ nea anigye wom, nea ɛkɔ so yiye, na ɛhyɛ nkuran. Yiw, ɛsɛ sɛ yenya Bible adesua pii!
5 Di Kan Ne W’abusua Nsua Ade: Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔn mma wɔ wɔn nkyɛn ma wɔn ani ku abusua Bible adesua a wɔbɛyɛ no daa ho. (Deut. 31:12; Dw. 148:12, 13; Mmeb. 22:6) Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so kɛse sɛ awofo ne wɔn mma besua Ahwehwɛde nhomawa no ne afei Nimdeɛ nhoma no de asiesie wɔn ma wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu na wɔadu ahosohyira ne asubɔ ho. Nanso, wobetumi asua nhoma foforo aka ho, sɛnea abofra no ahiade ne ne mfe te. Ɔwofo a ɔne ne ba a ɔmmɔɔ asu sua ade no betumi abu adesua, bere, ne sankɔhwɛ ho akontaa, sɛnea wɔdaa no adi wɔ May 1987 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã no.
6 Ma Wo Nhyehyɛe Nyɛ Nea Etu Mpɔn: Sɛ yɛhwɛ nsɛmma nhoma, nhomawa ne nhoma dodow a yɛde ma a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛrepete aba pii. Nokware aba a yɛagu yi yɛ nea ebetumi ama yɛanya asuafo foforo pii. Nanso sɛ okuafo anaa turoyɛfo bi kɔ so dua nneɛma, na ne mmɔdenbɔ no nyinaa akyi no, sɛ wannya bere antwa a, so obenya abotɔyam ankasa? Dabida. Saa ara na sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no ho hia.
7 So woyɛ nhyehyɛe kɔyɛ sankɔhwɛ ahorow daa? San kɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye no nyinaa nkyɛn ntɛm ara. Yɛ sankɔhwɛ ahorow, a wo botae ne sɛ wubefi Bible adesua ase. So woyɛ sankɔhwɛ biara ho kyerɛwtohɔ fɛfɛɛfɛ? Hwɛ sɛ wobɛkyerɛw da a wudii kan kɔɔ onipa no nkyɛn, nhoma biara a wode maa no, asɛm a mususuw ho no ho asɛm tiawa, ne asɛm bi a mubetumi asusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu aka ofiewura no din ne n’address ho ato hɔ. Gyaw kwan wɔ kyerɛwtohɔ no so a ɛbɛma woatumi de nsɛm foforo aka ho bere biara a wɔbɛsan akɔ hɔ no.
8 Sua Sɛnea Wɔyɛ Sankɔhwɛ: Sɛ worekɔ onigyefo bi nkyɛn a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wokae? (1) Da ɔdɔ, adamfofa, ne anigye adi, na munsusuw nneɛma ho wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so. (2) Wo ne no nsusuw nsɛm anaa nsɛmmisa a n’ani gye ho ho. (3) Ma nkɔmmɔbɔ no mu nna hɔ, na ɛnyɛ nea egyina Kyerɛwnsɛm so. (4) Wɔ nsrahwɛ biara mu no, bɔ mmɔden kyerɛ ofiewura no biribi a ɔno ankasa behu sɛ ɛso wɔ no mfaso. (5) Kanyan n’akɔnnɔ wɔ asɛm a mubesusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no ho. (6) Nkyɛ pii. (7) Mmisa nsɛm a ɛbɛhyɛ ofiewura no aniwu anaa ɛbɛma ne ho akyere no. (8) Fa nhumu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a worenkasa ntia ofiewura no nsusuwii anaa ne suban a ɛmfata ansa na wanya honhom fam nneɛma ho anisɔ.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu no na nya mmoa foforo a ɛbɛma woayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua yiye.
9 Fa Hokwan Biara Di Dwuma: Wɔ asafo bi mu no, wotumi nyaa nkurɔfo a wɔte afie bi a wɔabɔ ho ban yiye mu no nyinaa din ne wɔn afie nɔma. Wɔkyerɛkyerɛw nkrataa kɔmaa wɔn mu biara de nkratawa abien hyehyɛɛ mu. Wɔyɛɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe wɔ krataa no awiei de wɔn telefon nɔma kaa ho na sɛ wɔn nsa ka a wɔatumi ayɛ ho biribi. Nna bi akyi no, aberante bi frɛ bisaa adesua ho asɛm. Ɛda a edi hɔ no, wɔkɔɔ ne nkyɛn, na wɔhyehyɛɛ adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu. Saa anadwo no ara ɔkɔɔ Asafo Nhoma Adesua, na ɔtoaa so kɔɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa. Ankyɛ biara na ofii ase kenkan Bible no daa na onyaa nkɔso nkakrankakra koduu asubɔ ho.
10 Adawurubɔfo kuw yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbom akɔyɛ sankɔhwɛ ahorow bi. Bere a onuawa bi yɛɛ sankɔhwɛ ahorow no mu biako no, na onipa a ɔrehwehwɛ no no nni fie, nanso ababaa bi baa ɔpon no ano bɛkae sɛ: “Matwɛn mo ara.” Ná ɔmannifo bi adi kan ama ofiewura no Nimdeɛ nhoma no bi. Bere a anuanom mmea no kɔɔ ne nkyɛn no, na wakenkan mu mprenu ma n’ani agye emu nsɛm no ho yiye. Ɔkae sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ Adansefo no aba ne nkyɛn saa da no, efisɛ na wabɔ mpae sɛ wɔne no mmesua Bible. Wofii adesua ase, na ɔhyɛɛ ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm.
11 Onuawa bi a wabɔ asu bɛyɛ mfe 25 ni maa ne maame Nimdeɛ nhoma no bi nnansa yi. Ne maame a ɔyɛ asɔre bi muni no fii ase kenkan nhoma no. Bere a maame no kenkan atiri abien wiei no, ɔfrɛɛ ne babea no, na nea ɛyɛɛ ne babea no nwonwa no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako!” Maame no fii ase suaa ade, na seesei wɔabɔ no asu.
12 Sɔ Nyansahyɛ Ahorow Yi Hwɛ: So woafa ɔkwan tẽẽ so afi adesua ahorow ase pɛn? Wubetumi aka tiawa sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ yɛne wo yɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, metumi de simma kakraa bi akyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no. Sɛ w’ani gye ho a, wubetumi atoa so.” Nnipa pii mpopo wɔn ti wɔ adeyɛ a ɛte saa ho, na wɔde anigye hwɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ no.
13 Adesua no mfiase ara no, kyerɛ osuani no sɛnea obedi kan asiesie ne ho denam kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a ɔbɛkenkan ne nsɛmmisa no ho mmuae mu nsɛntitiriw ase a obetwitwa so. Twe adwene si nsɛntitiriw no nkutoo so. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa wɔ adesua ahorow a edi kan no mu de, nanso ɛho hia sɛ yɛyɛ Bible adesua no daa. Kae sɛnea wode mpaebɔ bɛka adesua no ho ma ayɛ adesua no fã titiriw, ne sɛnea wubefi Kyerɛwnsɛm mu asiesie osuani no ama ɔsɔretia. Sɛnea ɛte biara no, ma adesua no nyɛ anigye!
14 Nokwarem no, ɛnyɛ Bible asuafo nyinaa na wonya nkɔso ntɛmntɛm. Ebinom nkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye sɛ afoforo, na saa ara na ebinom nte nneɛma a wɔkyerɛ wɔn no ase ntɛm. Afoforo nni adagyew koraa, na ebia wonnya bere a ɛbɛma wɔatumi asua ti biako dapɛn biara. Enti, wɔ nsɛm bi mu no, ebia ɛho behia sɛ muhyiam mpɛn dodow bi ansa na moatumi asua atiri bi awie, na ɛbɛma asram dodow bi abegu so ansa na moatumi asua nhoma no awie. Wɔ tebea ahorow bi mu no, yebetumi asua Ahwehwɛde nhomawa no kan, na afei yɛatoa so asua Nimdeɛ nhoma no. Eyi ne asafo nhyiam ahorow a asuafo no ba no bɛboa wɔn mu biara ma n’ase atim wɔ nokware no mu.
15 Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ mpae fa hwehwɛ Bible adesua! (1 Yoh. 3:22) Nnwuma a mfaso wɔ so sen biara ma Kristoni no mu biako ne sɛ Yehowa de no bedi dwuma aboa obi ma wabɛyɛ Yesu Kristo suani. (Aso. 20:35; 1 Kor. 3:6-9; 1 Tes. 2:8) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi kɛse wɔ Bible adesua yɛ mu, a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yebefi Bible adesua pii ase no so!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
So worebɔ mpae sɛ wubefi Bible adesua foforo ase?