Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
1 “Miduae, Apolo guguu so nsu.” Saa na ɔsomafo Paulo kae. (1 Kor. 3:6) Saa nsɛmfua anum yi de nneɛma abien a edi kan wɔ asuafoyɛ mu ho nsɛm a asete nyɛ den ma. Wɔaka sankɔhwɛ adwuma no ho asɛm mpɛn pii sɛ ‘nsu a wɔde gugu nneɛma so’ adwuma. Ɛyɛ adeyɛ a ɛho hia a ɛda nsrahwɛ a edi kan no ne yɛ a onipa no bɛyɛ osuani no ntam. Sankɔhwɛ adwuma no ma yetumi ‘pete nimdeɛ’ de di anigye a wɔada no adi no ho dwuma kosi sɛ ebegye ntini na yɛafi Bible adesua ase.—Mmeb. 15:7.
2 Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛsan akɔ onipa a ɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn, efisɛ wonhu nea wɔbɛka. Ada adi sɛ yɛn nhoma Reasoning From the Scriptures no ayɛ nea mfaso wɔ so sen biara wɔ nsu a yɛde gugu nneɛma so no mu. Mpɛn pii no, ansa na ofiewura no bepene so ma wɔne no ayɛ Bible adesua daa no, ɛsɛ sɛ wɔde bere tiaa bi kɔsra no toatoa so. Reasoning nhoma no de Kyerɛwnsɛm mu nsɛmti a wobetumi ne ofiewura no asusuw ho ma. Siesie wo ho yiye ma sankɔhwɛ no, na ebia fa nyansahyɛ ahorow a edidi so yi biako anaa nea ɛboro saa di dwuma.
3 Sɛ wode April 15, 1992 “Ɔwɛn-Aban” a ɛka mpaebɔ ho asɛm no bi mae na sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Dɛn na ɛremma Onyankopɔn ntie obi mpaebɔ?” Bere a woama ofiewura no bere ma wabua akyi no, fa wo Reasoning nhoma no na bue kratafa 293. Wo ne no nsusuw kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti no ase no bi ho, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan tẽẽ mfi nhoma no mu. Fa ahotoso ka kyerɛ no sɛ ɔnkra bi.
4 Wɔ sankɔhwɛ foforo mu no, bue nkratafa 226-32 bere a woabisa ofiewura no sɛ ɔte ase sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ dɛn sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no akyi. Ka kyerɛw nsɛm a ɛwɔ “Is God’s Kingdom a Real Government?” ne “What Will God’s Kingdom Accomplish?” no ho asɛm sɛnea bere ma kwan. Ma onnyi adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ Ahenni no wɔ obi komam a nnipa pii kura no mfi hɔ. Ahenni no yɛ nniso ankasa! Sɛ anka mubesusuw asɛm no nyinaa ho prɛko no, bisa nsɛm bi na moasusuw ho akyiri yi.
5 Sɛ mo nsa aka March nsɛmma nhoma no a, momfa nni dwuma. Sɛnea ɛso date te biara no, emu nsɛm no pii da so ara yɛ foforo. Afiewuranom pii ani begye March 22, 1992 Awake! nsɛmma nhoma no kratafa 13 asɛm a eti no ne sɛ “Sikasɛm ho Dadwen Ahorow—Bere Bɛn na Ɛbɛba Awiei?” no ho.
Wubetumi abisa sɛ:
◼ “So bere bi bɛba a nnipa rennwen sikasɛm mu ɔhaw ahorow ho bio? Adwene bɛn na Onyankopɔn kura wɔ asɛm no ho?” Hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan mmuae no wɔ nsɛmma nhoma no mu, na yɛ nhyehyɛe sɛ wode nsɛm afoforo a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 229 wɔ asɛmti ketewaa a ɛto so abien no ase, ne kratafa 232 wɔ asɛmti ketewaa a edi kan no ase bɛsan akɔsra no.
6 Sɛ na nkɔmmɔbɔ a edi kan no fa asase no daakye ho a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “So Onyankopɔn bɛma nnipa kwan ma wɔasɛe asase no wɔ ɔkwan bi so?” Afei bue Reasoning nhoma no nkratafa 44-5 na wo ne no nsusuw mmuae a Kyerɛwnsɛm no de ma no ho. Anaasɛ ebia ofiewura no bebisa sɛ: “Sɛ wonyan nnipa ɔpepepem pii fi owu mu a, ɛhe na wɔbɛtra?” Wubetumi ahu mmuae no wɔ Reasoning nhoma no kratafa 340.
7 Mmɔ mmɔden sɛ wobɛka nokware no nyinaa akyerɛ ofiewura no prɛko. Gyaw nsemmisa bi a wubebua wɔ nsrahwɛ a wobɛyɛ akyiri yi no mu. Sɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo no, yɛpɛ sɛ yɛde ahokokwaw dua na yegugu so nsu denam Reasoning nhoma no a yɛde bedi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no so. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛma anyin.