Ɔsom Nhyiam Ahorow Ma September
Dapɛn a Efi Ase September 6
Dwom 164
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a ɛfata.
20 min: Hyɛ Wo Mma Den ma Sukuu. Ɔkasa a nsɛm a wobisabiasa nkurɔfo ne ɔyɛkyerɛ ka ho. Nnɛyi Kristofo mmofra hyia ɔhaw pii a asafo no mufo pii ntumi nsusuw ho mpo. Ɛsɛ sɛ awofo titiriw hu ɔhaw ahorow yi yiye na ama wɔatumi ahyɛ wɔn mma den ma wɔagyina nokwaredi ho sɔhwɛ ahorow ano. Bisabisa mmofra baasa a ɛsonsonoe wɔn mfe nsɛm. Dɛn ne nkɛntɛnso pɔtee binom a ɛsɛ sɛ wogyina ano da biara da wɔ sukuu? Dɛn na ɛboa wɔn ma wokura abusuabɔ pa a wɔne Yehowa wɔ no mu? Hyehyɛ ma wɔnyɛ abusua a wɔresusuw Sukuu brochure no kratafa 11, nkyekyem 2 ne 3 no ho abom ho ɔyɛkyerɛ. Mmofra no ka sɛ wodi wɔn ho fɛw na wɔte nka sɛ afoforo kwati wɔn esiane Bible no abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a wokura mu no nti. Abusua ti no hyɛ mmofra no nkuran denam kyerɛ a ɔkyerɛ sɛ n’ani gye wɔn nhwɛso no ho ne kae a ɔkae wɔn sɛ Yehowa ani sɔ wɔn abrabɔ no yiye no so. (Mmeb. 27:11) Onua a ɔhwɛ dwumadi no so no de ba awiei denam kamfo a ɔkamfo asafo no mu mmofra no wɔ wɔn nnwuma pa no ho, ne tu a otu wɔn fo sɛ wɔne wɔn awofo nni nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ wɔn den wɔ honhom mu wɔ saa sukuu afe yi nyinaa mu no so.
15 min: “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahu Abohene a Ɛyɛ Fɛ.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw ho. Kyerɛ asafo no ma wɔnkyerɛ yɛ a yɛn nhoma ahorow no yɛ honhom mu abohene a ɛyɛ fɛ, a afe a wotintim no no mfa ho no ho anisɔ. Fi ayamye mu hyɛ obiara nkuran sɛ onkogye nhoma abien no bi mfi baabi a wɔtɔn nhoma no, efisɛ sɛ wɔammɔ mmɔden anya nhoma no bi a, wontumi mma bi nso. Bere a moresusuw nkyekyem 4 ho no, ma wɔnyɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔde True Peace nhoma no rema ɔwofo bi ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 13
Dwom 112
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka sika ho akontaabu ne ntoboa biara a wɔakyerɛ sɛ nsa aka nso ho asɛm. Kamfo asafo no wɔ ayamye mu a wofi de sika boa mo asafo no ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho.
10 min: “Boa Afoforo Denam Nsɛmma Nhoma a Wode Bedi Dwuma So.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Si sɛnea nsɛmma nhoma afoforo ne dedaw a yɛde bedi dwuma yiye ho hia no so dua. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien, a wɔde nsɛmma nhoma afoforo di dwuma wɔ biako mu na wɔkyerɛ sɛnea wobetumi de nea aba atwam adi dwuma de adi ofiewura no ahiade pɔtee bi ho dwuma wɔ biako nso mu.
15 min: “Dɛn na Yɛbɛyɛ Wɔ Saa Ɔsom Afe Yi Mu?” Ɔkasa a atiefo nkɔmmɔbɔ ka ho. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no di ho dwuma. Ka nea asafo no yɛe wɔ ɔsom afe a atwam no mu na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe na watumi ayɛ pii wɔ 1994 ɔsom afe no mu.
10 min: “Sua Tra Ase Daa ne Ɔsom Nhoma No.” Bere a wone atiefo asusuw asɛm no ho awie no, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ sɛnea wɔdan adesua fi Onipa a Ɔsen Biara nhoma no so kɔ Tra Ase Daa nhoma no so ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 17 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 20
Dwom 100
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma afoforo mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka adwuma mu dapɛn yi so dua. Afei nso susuw adaka a n’asɛmti ne “Akwampaefo Agyiraehyɛde Kratasin (ID Card)” no ho.
20 min: “Boa Nnipa a Wɔte Sɛ Nguan ma Wɔnto Fapem a Ɛyɛ Den.” Ɛne atiefo nsusuw ho. Si hia a ahosiesie a wɔyɛ ma sankɔhwɛ hia no so dua. Hyehyɛ ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw bi mfa nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 3 anaa 5 no nyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ obi a bere a etwaam no anyɛ yiye koraa ogye e nhoma abien a yɛde rema no mu biako a wɔsan kɔsra no ho.
15 min: “Sɛnea Wofi Ofie Bible Adesua Ase.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moasusuw nkyekyem 4 ho awie no, ma wɔnyɛ sankɔhwɛ a wɔde Bible no nkutoo di dwuma nanso egyina Tra Ase Daa nhoma no anaa Reasoning nhoma no mu nsɛm so sɛnea wɔakamfo akyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ a ɛyɛ anika.
Dwom 84 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 27
Dwom 109
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
20 min: Ɛhe na Yɛn Adɔfo a Wɔawuwu no Wɔ? Abusua nkɔmmɔbɔ. Bere a abusua ti no de nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 98-100 no di dwuma no, wosusuw abusua no adamfo a ɔbɛn wɔn yiye a wɔahwere no wɔ owu mu ho. Ɔde n’adwene si ne mma no a ɔbɛboa wɔn ma wɔate Bible adwene no ase so. Obisabisa nsɛm de hwɛ sɛ wɔte nea owu kyerɛ ase, na wobetumi akyerɛkyerɛ mu pefee sɛnea ɛne wɔn mfe hyia anaa. Afei nso ɔkyerɛ wɔn sɛnea wobetumi de Reasoning nhoma no adi dwuma de akyekye afoforo werɛ.
15 min: Fa Nsɛmma Nhoma Ahorow Ma Wɔ October Mu. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a biako de Ɔwɛn-Aban a aba foforo no di dwuma, biako de Nyan! a aba foforo no di dwuma, na wɔ biako mu no, ofiewura no nni adagyew pii, ɔpow sɛ obegye nsɛmma nhoma no na ogye kratawa. Wowie ɔyɛkyerɛ biara a, ɛne atiefo nsusuw ho nhu nea enti a ɔkwan a wɔfaa so no tu mpɔw. Sɛ ɛfata a, wobetumi ama wɔakra nsɛmma nhoma ahorow no anaa wɔde Mankind’s Search for God no ama.
Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.