Akwampaefo Agyiraehyɛde Kratasin (ID Card)
◼ Ɛsɛ sɛ Ɔsom Boayikuw Hyɛ no Nsow: Yɛde Pioneer Service Identification (S-202) nkratasin a wɔayɛ no foforo kaa krataa a Asafo ti no kyerɛw no May 13, 1991, no ho kɔmaa mpanyimfo kuw nyinaa sɛ wɔmfa mma daa akwampaefo a wɔapaw wɔn. Wɔbɛkɔ so de nkratasin no ama akwampaefo a wɔapaw wɔn a wofi asafo foforo a ɛwɔ ɔman no mu ba mo de mu no. Sɛ nea mowɔ no sa a, ɛsɛ sɛ mubisa foforo. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ ɔsom boayikuw no nni hokwan sɛ wɔde kratasin no ma adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ daa akwampaefo. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ akwammisa kratasin no awie koraa, ne sɛ, nnipa a wɔte saa no fata ankasa na wayɛ nhyehyɛe pa a ebetumi ama wɔadu nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ no ho. Ɛno akyi no, ɔsom boayikuw no mufo de wɔn nsa bɛhyɛ akwammisa kratasin no ase na wɔde amana baa dwumadibea no ma wɔapene wɔn so apaw wɔn. Afei nso monhyɛ no nsow sɛ, sɛ obi fi ɔman foforo mu ba mo asafo no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ mobɔ Asafo ti no amanneɛ na wɔma no akwampaefo kratasin foforo. Krataa a yɛaka ho asɛm wɔ ha no kae sɛ, “sɛ ɔkwampaefo bi kratasin ayera a, yɛsrɛ mo, monkyerɛw Asafo ti no na wɔmma no bi nhyɛ ananmu. Sɛ ɛba saa a, ɛho renhia sɛ moma no kratasin foforo.” Yɛsrɛ mo monkae nso sɛ mobɛhyehyɛ Notification for Discontinuing Regular Pioneer Service (S-206) kratasin no ama obiara a ogyae akwampae adwuma no, na mode n’akwampaefo kratasin no ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔagyae daa akwampae ɔsom adwuma no fi 1989 kosi 1992 a akwampaefo kratasin no da so ara wɔ wɔn hɔ no nyinaa nkuran ma wɔde ma ɔsom boayikuw no ma wɔn nso de brɛ Asafo ti no. Sɛ mpanyimfo no anhyehyɛ Notification for Discontinuing Regular Pioneer Service (S-206) kratasin no bi amfa ammɔ Asafo ti no nkae wɔ obiara a wagyae akwampae adwuma no ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ saa mprempren na ama Asafo ti no atumi asakra kyerɛwtohɔ ahorow no ma afata.