Dɛn na Yɛbɛyɛ Wɔ Saa Ɔsom Afe Yi Mu?
1 Esiane sɛ 1994 ɔsom afe no befi asɛ September 1 nti, ɛfata mprempren sɛ yɛn nyinaa sɛ Yehowa nkurɔfo no, yɛde nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ hyɛ yɛn adwenem pefee sɛ ankorankoro ne ahyehyɛde wɔ saa ɔsom afe yi mu.
2 Kɔ so Nyin wɔ Honhom Mu: Sɛ afei na yɛahu nokware no foforo a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ den wɔ gyidi no mu. (Heb. 6:1-3) Sɛ yɛyɛ den honhom mu dedaw a, ɛnyɛ boa nko na ɛsɛ sɛ yɛboa afoforofo ne wɔn a wɔka ho na mmom ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ankasa honhom fam yiyedi ho, bere a yɛnte nka da sɛ yɛwɔ Bible mu nimdeɛ ne osuahu a ehia wɔ Kristofo asetra mu no nyinaa. So yesusuw daa asɛm no ho, di Bible akenkan ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe no mu no akyi, na yesiesie yɛn ho ma Asafo Nhoma Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua? Ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, obiara de ɛno yɛ ne botae. Sɛ yebenya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei na wɔakora yɛn so akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nyin wɔ honhom mu.—Fa toto Filipifo 3:12-16 ho.
3 Kɔ So Nya Honhom mu Ahotew: Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa apene yɛn so kɛse no, ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi “ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (2 Kor. 7:1) Sɛ yɛn ho nya tew a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ ‘yɛyantam’ wiase bɔne yi ‘dontori’ no mu bio? (Fa toto 2 Petro 2:22 ho.) Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ den na yɛanya honhom mu ahotew. Ɛremma yɛn ani mpa Satan akwammɔne no so, na wannya yɛn amma yɛanhwe bɔne mu na yɛanhwere Yehowa anim dom.—2 Kor. 2:11.
4 Tie Afotu a Nyansa Wom: Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Agyinatufo pii mu na ebegyina.” Nanso, kae sɛ akyiri yi, ɔbarima a ɔkaa saa nsɛm no, a ɔne Salomo, maa “ne yerenom kom ne koma kodii anyame afoforo akyi” efisɛ wantie Onyankopɔn afotu a ese ɛnsɛ sɛ wɔware ananafo mmea no. (1 Ahe. 11:1-4) Enti sɛ yɛn ankasa yɛantie afotu a nyansa wom a, ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi atu mpɔn wɔ Yehowa som mu anaa yɛayɛ nhwɛso a ɛfata sɛ wodi akyi? (1 Tim. 4:15) Bible no afotu bɛboa yɛn ma yɛabɔ yɛn koma ho ban. (Mmeb. 4:23) Nea Yehowa dɔ a yɛbɛdɔ, nea okyi a yebekyi, n’akwankyerɛ a yɛbɛhwehwɛ daa, ne nea ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ no yɛ ahobammɔ kɛse.—Mmeb. 8:13; Yohane 8:29; Heb. 1:9.
5 Yehowa a yɛsom no no nyɛ ade a yɛyɛ ara kwa, ɛnyɛ nyamesom ahofama bi a ɛte sɛ nea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ wiase no mu wɔ no, na mmom efi nkate mu, biribi a wɔda no adi, na wodi ho dwuma ma ɛne nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu hyia.—Yohane 4:23, 24.
6 Yebetumi ahyia yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no ho sɔhwɛ. Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ yɛn nuanom ‘a wɔwɔ wiase nyinaa’ hyia sɔhwɛ a ɛte saa ara, ne sɛ Yehowa na ɔbɛma yɛn ahoɔden no hyɛ yɛn den. (1 Pet. 5:9, 10) Ɛbɛma yɛatumi awie yɛn som no koraa wɔ 1994 ɔsom afe no mu.—2 Tim. 4:5.