Yɛn Ankasa Mmɔdenbɔ So Aba A Yebetwa
1 Yehowa Nyankopɔn ayi ɔdɔ a ɔwɔ ma adesamma no adi akyerɛ akwan pii so. Yesu sii Onyankopɔn dɔ a ɛso nni no so dua, na ɔdaa no adi kyerɛɛ nnipadɔm bi a na wɔaboa wɔn ho ano sɛ Onyankopɔn “ma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mat. 5:43-48) Bere foforo nso, Yesu daa ɔdɔ a ɛsen biara a n’Agya ayi adi akyerɛ no adi—afɔre a Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, a ɔde no mae na yɛanya nkwagye bɔɔ no. (Yoh. 3:16) Yesu tuu n’atiefo fo sɛ wɔmfa anisɔ nyɛ Yehowa dɔ ho ade. So yɛrebɔ mmɔden ayɛ saa?
2 Nea ɛbɛyɛ na yɛada anisɔ a edi mũ adi, na yɛanya Yehowa dɔ mu mfaso a ɛtra hɔ daa no, ɛsɛ sɛ yehu no. (Yoh. 17:3) Yehia sɛnea yebetumi asom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so ho afotu ne akwankyerɛ. Yehowa nam n’Asɛm Bible a efi honhom mu a ɔde ama yɛn no, ne n’ahyehyɛde a ɛyɛ nwonwa a yɛnam so nya afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ a ɔde asi hɔ no so ada ɔdɔ mu a ofi dwen yɛn ho no adi. (Mat. 24:45-47; 2 Tim. 3:16, 17) Sɛ Yehowa nkurɔfo a yɛahyira yɛn ho so no, wakyerɛ yɛn n’akwan. Nanso so yɛde yɛn ankasa mmɔdenbɔ rekyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa dɔ? So yɛretie n’afotu na ama yɛasɔ n’ani, na ɛde mfaso abrɛ yɛn ankasa? (Yes. 48:17; Yak. 1:22) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 3:8 sɛ: “Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.”
3 Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no. Nnipa nyinaa honhom mu nkɔso nyɛ pɛ. Nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi aka nkɔso a yenya no, na nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ ntotoho a ebu abam. Nanso, nea ehia titiriw ne mmɔden a yɛn ankasa bɔ sɛ ankorankoro no. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛatwiw abɛn ahyehyɛde no kɛse? So mmeae bi wɔ hɔ a yebetumi anya nkɔso wɔ yɛn ankasa asɛyɛde ahorow a yebegye atom sɛ Kristofo no mu? Mmɔdenbɔ bɛn na ebegye na yɛaboa asafo no dwumadi ahorow no yiye? So nsɛm bi wɔ hɔ a ehia sɛ yɛde di dwuma wɔ akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma yɛn no mu?
SUASUA ANOKWAFO
4 Anuanom mmarima ne mmea anokwafo aka Ahenni no ho asɛmpa mfe du du pii. Ɛfata sɛ yesuasua anuanom anokwafo yi te sɛ Paulo. (1 Kor. 11:1) Wɔayɛ Onyankopɔn dɔ ho ade na wɔanya mfaso pii, esiane wɔn adwumaden ne mmɔden a wɔn ankasa bɔ sɛ wobedi Bible afotu akyi nti. Wɔka bom yɛ asafo no mu adwumayɛfo a wɔyɛ nnam titiriw, na wɔnkwati wɔn ankasa asɛyɛde. Yebetumi ahu aba a wɔn adwuma sɛ ankorankoro no asow.—Rom. 1:13; 2 Kor. 3:1-3.
5 Mprempren, afoforofo mpem du du pii resen yuu aba ahyehyɛde no mu afe biara. (Yes. 60:8) Wɔn nso wɔn ani abere mmɔden a wɔbɛbɔ abɛyɛ honhom mufo a wɔanyin awie no ho, na nsiyɛ a wɔda no adi wɔ asɛnka adwuma no mu no fata nkamfo. Wonya hu a wohu sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔyɛ adwuma denneennen wɔ ne som adwuma mu no mu mfaso. Nhwɛso a anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw yɛ no boa afoforofo ma wohu sɛ bere nni hɔ a yɛde bɛtoto yɛn som adwuma ma Onyankopɔn no ase anaasɛ yebegyae. Sɛ yɛyɛ afoforofo anaasɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no, so yɛkɔ so nyin honhom mu, yegye yɛn ankasa Kristofo asɛyɛde tom, na yɛde teokrase nsiesiei nyinaa di dwuma?
NEA YESUA A YƐDE BEDI DWUMA
6 Bere tenten ansa na Yakobo rekyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ “adwuma no yɛfo” no, Mose ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ mode nsɛm yi di dwuma.” (Yak. 1:25; Deut. 11:18, New World Translation) Enti na nimdeɛ nkutoo nnɔɔso. Na ehia sɛ Yudafo no de Mmara no mu nsɛm di dwuma de yɛ osetie ma Yehowa. Nnyinasosɛm titiriw yi nsakrae. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu, Onyankopɔn Ba no nim sɛnea osetie ho hia. (Yoh. 8:28) Ɔkae wɔ Mateo 7:24 sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma . . . ho.”
7 So yɛde nea yesua wɔ ɔmansin nhyiam ase di dwuma? So yehu nea enti a ehia yiye sɛ yɛwɛn na yɛma yɛn ani da hɔ wɔ bere yi mu no? So yehu Satan anifere ntua ne mfiri a osum no? So yɛn ani sɔ afotu ne kɔkɔbɔ ahorow a ahyehyɛde no de ma yɛn ntoatoaso wɔ sɛnea ehia sɛ abrabɔ ne honhom fam ahotew tra asafo no mu ho no? Yɛde nea yɛte no di dwuma sɛ ankorankoro kodu he?—Yak. 1:23-25.
8 Da koro nhyiam titiriw dwumadi a ɛrenkyɛ ebefi ase no si sɛnea ehia sɛ yɛyɛ kronkron, efisɛ Yehowa yɛ kronkron no so dua. (1 Pet. 1:14-16) Kronkronyɛ kyerɛ ɔsom mu ahotew anaasɛ kronnyɛ. Ɛkyerɛ sɛ wɔayi yɛn asi hɔ ama Onyankopɔn som adwuma. Wɔde asɛmpa ɔsom adwuma no ahyɛ yɛn nsa. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn ho tew honhom mu, abrabɔ fam, ne ɔhonam mu, na ama yɛafata sɛ yebekura nokware Asɛm kronkron no mu. Eyi hwehwɛ sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn ankasa ho kɛse boro so. (Heb. 2:1) Bere a yɛyɛ saa no, yebenya nhyira a egyina yɛn ankasa mmɔdenbɔ so.
KOKOAM ADESUA MU MFASO
9 Kokoam adesua boa yɛn ma yenya gyidi a ɛyɛ den, na ɛma nokware no ho anisɔ a yɛwɔ yɛ kɛse. Ɛma yenya ahotoso na esiesie yɛn ma yɛde tumi kasa. Ɛma yenya ntease ne nhumu, na ɛboa yɛn ma yɛhyɛ nipasu foforo no. (1 Kol. 1:9-11) Nanso, adesua a ɛsow aba gye bere ne mmɔdenbɔ, na ɔkwantiaa biara nni hɔ a yɛbɛfa so anya nokware nimdeɛ ne honhom mu ntease. Sɛnea yɛbɔ mmɔden sua ade no na ɛbɛkyerɛ nea yebenya afi mu.—2 Kor. 9:6, 7; Gal. 6:7.
10 So yeyi bere a ɛdɔɔso si hɔ dapɛn biara de siesie yɛn ho ma asafo nhyiam horow? Eyi ne ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛ honhom fam aduan a Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so de ma no ho anisɔ. Ahosiesie a ɛfata ma nhyiam horow no boa yɛn ma yɛbata nhyehyɛe a wɔayɛ ama Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua no ho. So yeyi bere si hɔ dapɛn biara de yɛ yɛn Bible akenkan sɛnea wɔakyerɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no mu no? Egye simma kakraa bi da biara na yɛakenkan asɛm no na yɛadwen ho. Ɔsom Nhyiam no boa yɛn ma yehu akwan a yebetumi afa so ama yɛn baguam ɔsom adwuma no atu mpɔn. So yesiesie yɛn ho, na yesusuw sɛnea yebetumi de asɛm yi adi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu ho titiriw? Na so yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bedi dwuma ntɛm ara? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pɔtee de siesie yɛn ho ma Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua. So yɛreyɛ saa?
FA WO HO HYƐ NHYIAM HOROW MU
11 Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nhyiam horow no mu a, yebetumi anya mu mfaso kɛse. Ahosiesie ma nhyiam horow, ne afei mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu no ma yɛyɛ aso tie bere a nhyiam no rekɔ so no, na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yebenya mmuae a afoforo ma no mu mfaso. Pii da so ara kae mmɔden kɛse a wɔbɔe wɔ mmuae a edi kan a wɔmae anaasɛ osuani kasa a edi kan a wɔmae wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no ho no. Ɛwom sɛ ebia ehu no mu fã kɛse ara ano abrɛ ase de, nanso so yɛkɔ so bɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛma obiara ahu yɛn honhom mu onyin? (1 Tim. 4:15) Afoforo nya mmuae a yɛma no mu mfaso na ɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ yɛasiesie yɛn ho yiye, asua asɛm a yebesusuw ho wɔ nhyiam no ase a, yɛn ho a yɛde bɛhyɛ mu sɛnea ɛsɛ no bɛtwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.—Heb. 10:23-25.
12 Ɛnsɛ sɛ yɛn mmuae yɛ tenten a asete yɛ den. Mpɛn pii no eye sɛ yɛbɛma mmuae tiawa a ebua nsɛm a wobisa anaasɛ ɛboa ma wɔkyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi a wɔde adi dwuma no mu no tẽẽ. Sɛ yɛasiesie yɛn ho yiye a, yebetumi de yɛn ankasa nsɛm ama mmuae. Sɛ yɛyɛ saa a, mfaso a yɛn ankasa ne afoforo nya fi mu so yiye. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno hwehwɛ sɛ yesusuw nea yɛka no ho, na yɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu sɛnea yɛte ase. Eyi betumi ama ayɛ mmerɛw kɛse ama afoforo sɛ wɔbɛte asɛm no ase. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ma yɛakae asɛm no de adi dwuma bere foforo.
GU ABA PII WƆ ASƐNKA MU
13 Yɛn Kristofo som adwuma no yɛ ɔsom ademude. (2 Kor. 4:7) So wubu no saa? Ɛdenam ɔsom adwuma no so no, yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi akyerɛ afoforo. Yesu se nea ayɛ koma ma abu so na ano ka. (Luka 6:45) Mmɔden a yɛn ankasa bɔ sɛ yebenya asɛnka adwuma mu kyɛfa akosi ase no ma yenya nhyira pii. Ntease a yɛwɔ wɔ nokware no mu no yɛ kɛse, na sɛnea yetumi de Bible no di dwuma no nya nkɔanim kɛse. Yenya anigye a ɛne afoforo a yɛde wɔn ba nokware no mu, na yɛboa wɔn ma wosua wɔn Ɔbɔadeɛ Kɛse no ho ade no. Yɛyɛ teɛ a Onyankopɔn nniso ne ne tumidi teɛ no ho adansefo. Yɛwɔ anigye efisɛ yenim sɛ yɛresɔ Yehowa ani, yɛresuasua no na yɛreyɛ n’apɛde.—Mat. 5:48.
14 Sɛ yɛkɔ so kari yɛn mmɔdenbɔ hwɛ a, ɔsom a yɛde ma Yehowa no remmɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ yɛresom bi kɛkɛ. Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ yɛremfa koma fã nyɛ nea Onyankopɔn pɛ, a yɛyɛ biribi te sɛ nea yɛresom no, anaasɛ yɛyɛ kakraa bi a ɛnyɛ nokware ahofama ne mmɔdenbɔ na yɛde saa. Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no fi koma nyinaa mu. Yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛde sɛ yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. (Kol. 3:23, 24) Nokwarem no, ɛsono obiara ne ne nsɛm tebea, na Yehowa nhwehwɛ nea ɛsen nea yebetumi ayɛ mfi yɛn hɔ. Nanso, nea yebetumi ayɛ no, ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ saa! (Mat. 22:37) Esiane sɛ ɔdesani su a atɔ sin no pɛ sɛ yɛbɛtwetwe yɛn ho afi adwuma ho nti, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn ho mu wɔ bere ne bere mu, na yɛahu faako a yebetumi anya nkɔso wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no mu. So yɛyɛ saa?
15 Sɛ yɛbɛkwati ma a yɛbɛma kwan ma nneɛma a yɛpɛ na yɛhwehwɛ sɛ yenya akyidi asiw yɛn kwan na yɛanyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma anigyede, ne ahomegyede tra wɔn afã. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye wɔ su a ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ honam fam dwumadi mu atra so no ho. Sɛ yetie Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 6:22, 23 no a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi abɔ mmɔden pii adi honhom nneɛma akyi na yɛatwa so aba.
16 Bere a yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ nipasu foforo no, yebegye yɛn ankasa asɛyɛde atom wɔ afotu ne nyansahyɛ a yɛn nsa ka wɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam horow ase, ne denam nhoma ahorow so no a yɛde bedi dwuma no mu. Momma yɛn mu biara mfa nsiyɛ nsua ade, mfa yɛn ho nhyɛ nhyiam horow mu nnamyɛ so, na yennya saa asuafoyɛ adwuma kɛse yi mu kyɛfa nkodu baabi a yɛn tebea horow ma kwan. Enti, ɛdenam anisɔ a yɛde bɛyɛ Onyankopɔn dɔ ho ade so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya honhom fam akatua pii mprempren, na yɛakura daa nkwa wɔ Yehowa wiase foforo no mu ho anidaso a emu yɛ den no mu.