So Kristofo ‘Si Pɛ’ Ma Awufo?
1 Sɛ yɛresusuw atifi hɔ asɛm no ho a, ntease ne nea enti a wosi pɛ ma awufo no ho hia. Esiane sɛ “pɛsi” ma awufo ho amanne abu so nti, sɛnea wɔyɛ no nso gu ahorow wɔ wiase no afã horow. Nanso, nea enti a wosi pɛ ma awufo no sɛ.
2 Nea ɛka nneɛma ahorow pii nti a wɔyɛ saa wɔ wiase afã horow bi ho ne gyidi a ɛne sɛ ahonhommɔne betumi ayɛ amu no biribi anaasɛ wɔafa akɔ bere a wɔagyaw amu no nkutoo hɔ no. Gyidi a ɛte sɛɛ no gyina Babilon nkyerɛkyerɛ so, na ɛnyɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ.—Ɔsɛnk. 9:5, 10; Dw.146:3, 4.
3 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Kristofo nsie wɔn awufo anaasɛ wɔnkɔ wɔn dɔfo bi ayi ase. Kristofo tɛ sɛ nnipa nyinaa, na wɔwɔ nnipa nkate te sɛ afoforo. Nanso, wɔhwɛ hu sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe a ebetumi ama wɔanya adwene kakra mpo sɛ wogye Babilon atoro gyidi no tom no mu. Enti, wobetumi akɔsra abusua a wɔn nipa awu no de owusɔre anidaso no akyekye wɔn werɛ, na wɔaboa wɔn sɛnea wobetumi biara, bere a amu no da so ara da fie anaa wɔasie akyi.—Ɔsɛnk. 7:2.
ASƐMFUA “PƐSI” A WƆDE DI DWUMA
4 Owufo no a wɔbɛdeda no anadwo ansa na wɔasie no no yɛ amanne a wɔyɛ wɔ ɔman yi afã horow pii. Bere a ɛte sɛɛ mu no, nnamfo ne amannifo de hokwan no di dwuma de kɔsra wɔn a wɔn nipa awu no ma wɔn hyɛden. Asafo ahorow yɛ Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa ho nhyehyɛe de kyekye abusua a wɔn nipa awu no werɛ, na wɔka owusɔre anidaso no ho asɛm nso kyerɛ wɔn a wɔabehyiam wɔ hɔ no.
5 Ɛwom sɛ mfomso biara nni mu sɛ yɛbɛkɔ hɔ bere a wɔadeda amu no de, nanso yɛmpɛ sɛ yɛde asɛmfua “pɛsi” no di dwuma sɛnea wiasefo yɛ no, te sɛ nea yɛne wiasefo a ‘wosi pɛ’ ma awufo no wɔ gyidi koro. Ɛbɛyɛ nea ɛfata yiye sɛ obi bɛka sɛ merekɔ “ayi” ase mmom, sen sɛ ɔbɛka sɛ merekɔ “pɛsi.” Ɛdefa asɛm a ɛne sɛ “Wobesi pɛ wɔ . . . .” ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ: “Wɔbɛdeda amu no wɔ. . . .”
AWUFO HO NKRATAA A WƆKYEKYƐ
6 Na adeyɛ a ɛne nkrataa a wɔkyekyɛ ma asafo ahorow de bɔ wɔn amanneɛ sɛ asafo no muni bi awu no nso ɛ? Eyi ho nhia. Sɛ nhwɛso no, sɛ asafo no sua, na wonni nnipa a wɔfata a wobetumi adi nneɛma pɔtee bi ho dwuma, na wɔpɛ sɛ wobisa mmoa fi asafo bi a ɛbɛn hɔ nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wɔkohu wɔn. Nanso ɛda adi sɛ ɛho renhia sɛ wɔkyerɛw nkrataa anaasɛ wɔbɛsoma nnipa akɔbɔ asafo pii amanneɛ. Mpɛn pii no, owu no ankasa ho asɛm trɛw ntɛmntɛm.
7 Nokware a ɛfa awufo tebea ho a yenim no ama yɛade yɛn ho afi atoro som nneyɛe ho. (Yoh. 8:32) Yɛn ani gye nimdeɛ a yɛanya wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛkɔ so ama nokware no ayɛ kronn a efĩ biara nni mu.