Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/91 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Yɛn Ahenni Som—1991
km 5/91 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 191

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Our Bulletin no mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ti dapɛn no asɛnka nhyehyɛe mu. Wo ne asafo no nsan nsusuw How to Handle Subscriptions Properly (S-11) mu akwankyerɛ no ho tiawa.

15 min: “Yɛn Ahenni Som Adwuma a Yɛbɛyɛ wɔ Asafo no Mu.” Ɔkasa a ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye di akyi, a nhoma adesua sohwɛfo kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de Index no adi dwuma de ahu nea enti a anuawanom kata wɔn ti, ne bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ho asɛm mu akyerɛ awarefo bi.

20 min: Nkɔmmbɔ Asɛmti foforo. Wo ne atiefo nsusuw Asɛmti foforo no ho. Afei nso, munsusuw Ɔwɛn-Aban a aba foforo mu nsɛm ahorow a wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ ho. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wonsusuw nnipa a wɔakyerɛ nhoma ho nokware anigye a ebia wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛkra nsɛmma nhoma no ho yiye. Ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ asɛm a edi so yi ho ɔyɛkyerɛ. “Mikyia wo, me din de ______. Mebɛsra wo bere tiaa bi, efisɛ mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi. So wususuw sɛ asomdwoe a enni awiei bɛba wɔ yɛn bere so? [Ma ommua.] Sɛ anka yebegyina nsɛm a asisi atwam so aka a, ɛnde asomdwoe ho anidaso kɛse biara nni hɔ. Nanso hyɛ nea wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi so no nsow wɔ Luka 21. [Kenkan nkyekyem 10, 11, 26.] Eyi aba fi Wiase Nyinaa Ko I. Nanso yɛwɔ anidaso. Tebea horow a ɛhaw adesamma adwene yiye no ara kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi nneɛma funu afi asase so, na ɛde asomdwoe a enni awiei aba. Eyi ne nea Yesu toa so ka wɔ nkyekyem 28 ne 31. [Kenkan kyerɛw nsɛm no.] Enti amanehunu tebea a ebu abam yi yɛ adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ nsrakrae a ɛyɛ nwonwa bi bɛba. So ɛnyɛ asɛmpa? (Ma ommua.] Saa Ɔwɛn-Aban yi mu asɛm yi [paw nkyekyem anaasɛ mfonini a ɛfata] kyerɛ nsakrae a ɛrenkyɛ ɛbɛba no bi ne sɛnea wo ne w’abusua betumi atra ase anya mu anigye. Sɛ wopɛ sɛ wokenkan saa asɛm yi a, m’ani begye ho sɛ megyaw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yi ama wo.” Ɔdawurubɔfo no nam anigye a ɔbɛkyerɛ no so betumi ahu sɛ ebia ɛsɛ sɛ ɔma ɔkra nsɛmma nhoma no. Mpɛn pii no, wotumi yɛ eyi sen biara wɔ sankɔhwɛ mu, bere a wɔatumi ahu sɛ ebia ofiewura no akenkan nea wodii kan de maa no anaa no. Afei nso, ɔdawurubɔfo no betumi aka ɔkasa horow a wotintim nsɛmma nhoma no wom dodow, ne faako a yɛayɛ yɛn adwuma no akodu wɔ wiase nyinaa. “Mmɔden a yefi yɛn pɛ mu bɔ no ma Bible nkyerɛkyerɛ nya nkɔso. Sɛ hokwan no bue, na ɛfata a, kyerɛkyerɛ sɛnea yɛyɛ wiase nyinaa adwuma no mu kyerɛ ofiewura no. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no nni dwuma fa wie ɔfã yi.

Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Song 43

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Ma Atu Mpɔn Kɛse Denam Asɛm a Wotie So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, yɛ sɛnea hokwan a eye a ɛbɛma ɔdawurubɔfo ne ofiewura abɔ nkɔmmɔ pa bɔ ɔdawurubɔfo no, efisɛ wanyɛ aso antie nsɛm a ofiewura no kaa faa nneɛma a ehia no ho ho ɔyɛkyerɛ. Bisa atiefo sɛnea anka ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. Ɛno akyi no, ma ɔdawurubɔfo koro no ara nsan nyɛ ɔyɛkyerɛ no, nanso afei de, kyerɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ denam nkɔmmɔ pa a ɔne ofiewura no bɔ so.

25 min: “Yɛn Ankasa Mmɔdenbɔ so Aba a Yebetwa.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina krataa a ehyem so. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Ma asɛm no mfa mo ho. Mubetumi akenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan.

Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 28

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa Asafo ti no nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ani sɔ sika a wɔde boa wiase nyinaa adwuma no ka ho. Kamfo anuanom wɔ ayamye mu a wofi de mmoa ma wɔ nneɛma a mo asafo no hia ho no ho.

15 min: “Hyɛ Afoforo Nkuran Ma Wɔnkenkan Ɔwɛn-Aban No.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye a adawurubɔfo ka nsɛm ntiantiaa a wasiesie abien anaa abiɛsa a ɛkyerɛ nea enti a wɔwɔ Ɔwɛn-Aban no ho anisɔ, ne sɛnea wɔanya kenkan a wokenkan no daa no mu mfaso.

20 min: “Mumfi Nhyiam Horow Ase Bere Ano, Na Munwie no Bere Ano.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ mekenkan nkyekyem no nyinaa.

Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 118

10 min: Asafo mu nkaebɔ. So mo asafo no ayɛ nhyehyɛe sɛ mubesiesie Ahenni Asa so nnansa yi, na moabɔ ahobammɔ adwumayɛfo amanneɛ sɛ mopɛ sɛ moyɛ saa? Tĩ Ahenni Asa so asiesie nhyehyɛe mu. Boa anuanom ma wonhu sɛnea ehia sɛ wɔboa ma faako a yɛsom Yehowa no tew. Sɛ wopɛ nsɛm afoforo a, hwɛ September 1989 Yɛn Ahenni Som kratafa 7 asɛm a ɛne “So Wowɔ Obu ma Mo Ahenni Asa No?” mu.

13 min: “Fa Yɛn Nhoma Ahorow no Di Dwuma Yiye.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Yɛ sɛnea wobetumi ahu sɛ ebia ofiewura wɔ anigye ankasa ansa na wɔde nhoma ama no wɔ ɔpon ano ho ɔyɛkyerɛ abien.

12 min: “So Kristofo ‘Si Pɛ’ ma Awufo?” Ma no sɛ ɔkasa, na si nsɛntitiriw a ehia sɛ mode di dwuma wɔ mo hɔnom so dua. Ma atiefo mmisa nsɛm biara a wɔwɔ.

10 min: Nkratawa a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Ɔsom Adwuma no Mu. Fa nkratawa ahorow a mowɔ no kyerɛ anuanom, na ka akwan horow a mubetumi afa so de adi dwuma. Ma atiefo nka sɛnea wɔde nkratawa di dwuma ne osuahu ahorow bi a ebia wɔanya nkyerɛ. Yesusuw sɛnea yebetumi de nkratawa afi adesua ase ho wɔ February mu. Ma wɔnka nea efii eyi mu bae no ho osuahu nkyerɛ. Hwɛ Index no mu asɛmti a ɛne “Tracts” no ase na woanya dwuma a wɔde di no mu osuahu afoforo.

Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena