Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/91 kr. 1-6
  • Mumfi Nhyiam Horow Ase Bere Ano, Na Munwie No Bere Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mumfi Nhyiam Horow Ase Bere Ano, Na Munwie No Bere Ano
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
  • Asɛmmisa Afa
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 5/91 kr. 1-6

Mumfi Nhyiam Horow Ase Bere Ano, Na Munwie No Bere Ano

1 Ɛsɛ sɛ yefi asafo nhyiam horow a asɛnka nhyiam nso ka ho ase bere ano, na yewie no bere ano. Dɛn ntia? Efisɛ ade a yɛyɛ no bere ano da nhyehyɛe pa adi, na ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn a wɔba nhyiam na wɔde wɔn ho hyem no nyinaa ho. (Ɔsɛnk. 3:17b; 1 Kor. 14:33) Yebetumi akyerɛ sɛ yedwen afoforo ho denam akwankyerɛ a edidi so yi akyi a yebedi no so, na ama yɛafi nhyiam horow ase bere ano, na yɛawie bere ano. (Nanso, yenim sɛ asafo ahorow bi fam no, wobetumi adi akwankyerɛ a wɔaka ho asɛm yi so koraa bere a wɔayi nsa a ɛda yɛn dwumadi so mprempren no.)

2 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebedu nhyiam ase ntɛm na yɛne afoforo abɔ nkɔmmɔ, adi nneɛma a ɛho hia ho dwuma, na yɛanya dwom a wɔde bue ano, ne mpaebɔ mu kyɛfa. Mpɛn pii no, simma anum na wɔde ma sɛ yɛmfa nto dwom na yɛmfa mmɔ mpae. Ɛsɛ sɛ wɔn a wogyina asafo no ananmu bɔ mpae no ma nea enti a yɛahyiam tra wɔn adwenem, na wɔma ɛno da adi wɔ nsɛm a wɔka wɔ mpaebɔ a wɔde bue ano, ne nea wɔde wie no mu. Enhia sɛ mpaebɔ a ɛte sɛɛ no yɛ tenten.

3 Baguam Nhyiam: Baguam ɔkasa yɛ simma 45. Sɛ edi boro bere a wɔde ama no a, ɛbɛka Ɔwɛn-Aban Adesua a edi akyi no. Nnɔnhwerew abien na ɛsɛ sɛ wɔde wie nhyiam abien no, a nnwom ne mpaebɔ ka ho. Ɛsɛ sɛ baguam akasafo di bere a wɔakyerɛ wɔ Asafo ti krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa no so no so, na ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛnka ho, te sɛ nkyia ka ho. Sɛ ɔkasafo bi nnim faako a Ahenni Asa no wɔ a, ɛsɛ sɛ obisa akwankyerɛ ne bere dodow a ebia akwantu no begye fi asafo a ɔrekɔma ɔkasa wom no hɔ.

4 “Ɔwɛn-Aban” Adesua: Dɔnhwerew biako na wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Ɔwɛn-Aban adesua no, wɔbɛkenkan nkyekyem no nyinaa na woasusuw ntĩmu nsemmisa no ho. Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no nnianim nsɛm tiawa a ɛyɛ tẽẽ no kanyan anigye, na ɛtwe adwene si adesua no so. Ɛsɛ sɛ ɔma nsɛm ne asuade a ɔda no adi wɔ adesua no yɛ mu no yɛ kakraa bi. Sɛ adesua sohwɛfo no kyekyɛ adesua no mu, na ɔma ne ho bere dodow bi a ɔde bedi emu biara ho dwuma a, ɛbɛboa no ma wakwati bere a ɛdɔɔso pii a ɔde bɛyɛ adesua no fã a edi kan no, na afei ɔde ntɛmpɛ ayɛ ɔfã a etwa to no.

5 Teokrase Ɔsom Sukuu: Eyi yɛ simma 45 nhyiam. Ɛwom sɛ, sɛ bere so a, wɔmma wonnyae ɔkyerɛkyerɛ ɔkasa no ne Bible mu nsɛntitiriw no ma de, nanso ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde afã horow yi ma wɔn no di bere a wɔde ma wɔn no so. Sɛ wɔnyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kokoam afotu. Afei nso, ɛnsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no afotu ne nea ɔwɔ ka no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ sukuufo no nyinaa tra bɛn asɛnka agua no, na sɛ wɔn mu biara de ne ɔkasa no ba awiei ntɛm ara bere a bere a wɔde ama no aso no a, wɔrensɛe bere.​—Hwɛ Theocratic ministry School Schedule for 1991.

6 Ɔsom Nhyiam: Eyi nso yɛ simma 45 nhyiam. Sɛ wɔka ɛno ne Teokrase Ɔsom Sukuu, nnwom ne mpaebɔ bom a, ɛnsɛ sɛ dwumadi no nyinaa boro dɔnhwerew biako ne simma aduanan anum. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ afã wɔ Ɔsom Nhyiam no mu no di bere a wɔde ama wɔn no so. Afã horow a wɔde nsemmisa ne mmuae bedi ho dwuma no hia nnianim nsɛm tiatiaa. Enhia sɛ wɔde nnianim nsɛm a ɛdɔɔso pii ka ho. Ɛsɛ sɛ wosua ɔyɛkyerɛ ahorow yiye, wɔn a wɔbɛyɛ no yɛ krado, tra beae a ɛfata na ama wɔde bere a wɔde ama no adi dwuma yiye.

7 Asafo Nhoma Adesua: Eyi yɛ dɔnhwerew biako nhyiam a mpaebɔ a wɔde bue ano ne nea wɔde wie ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem no nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na adesua sohwɛfo no ahwɛ ma wɔawie adesua no bere ano no, ɔbɛkyekyɛ adesua no mu, na ama wakwati adesua no fã a etwa to a ɔde ntɛmpɛ bɛyɛ, anaasɛ adesua no a obewie no ntɛm dodo no. Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no hu bere dodow a wɔde di nkyekyem biara ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔte nsɛntitiriw no ase pefee. Adekyerɛ a adesua sohwɛfo no nim no betumi ama wadi eyi mu asɛnnennen biara ho dwuma.​—Tito 1:9.

8 Asɛnka Nhyiam: Ɛnsɛ sɛ eyi boro simma 15, a asasesin no kyekyɛ ne mpaebɔ a wɔde wie ka ho. Wɔn a wɔkɔ asɛnka no bɛpɛ sɛ wofi asɛnka adwuma ase ntɛm. Nhyiam no sohwɛfo befi nhyiam no ase bere ano, na ɔrentwɛn nkosi sɛ nnipa pii bɛba ansa. Afei nso, sɛ wɔkyekyɛ asasesin no, na wɔde mpaebɔ wie nhyiam no a, kuw no betumi akɔ asɛnka no ntɛm ara. Eyi ho hia titiriw ma akwampaefo a ebia wɔbɛba no.

9 Yɛn nyinaa betumi anya nhyiam horow a wofi ase bere ano, na wowie bere ano no mu mfaso. Wɔn a wɔwɔ ahokafo a wonnye nni a wɔhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ wodu fie wɔ bere pɔtee bi mu no titiriw ani bɛsɔ eyi. Sɛ wɔn a wɔyɛ mmusua a emu apaapae mufo reyɛ afiri a wɔde bɛkɔ nhyiam, na asan abɛfa wɔn akɔ fie ho nhyehyɛe anaasɛ wɔrekyerɛ bere a wɔbɛsan akɔ fie a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔma bere a wobehia wɔ bere a wobefi nhyiam no ase ne bere a wɔbɛpɔn de abɔ fekuw no, nhoma a wɔbɛtɔ ne ade ho asɛm tra wɔn adwenem. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyiam horow a yebefi ase bere ano, na yɛawie bere ano no bɛboa ma nneɛma akɔ so “fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”​—1 Kor. 14:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena