Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu
Ná tete Kristofo no taa hyiam wɔ nkurɔfo afi mu de gye nkyerɛkyerɛ na wonya fekubɔ a ɛhyɛ nkuran mu anigye nso. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo asafo ahorow no hyiam mprɛnsa dapɛn biara. Yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ nhyiam ahorow yi bi ase. Wɔn nhyiam ahorow no nyɛ nea wɔnam nyamesom amanne kwan bi so na ɛyɛ, na mmom ɛtwe adwene si ɔsoro ntetee so. Wɔde nnwom ne mpaebɔ bue asafo nhyiam ahorow no na wɔde wie nso. Obiara tumi kɔ bi, na wɔmmfa prɛte mfa obiara anim nnyigye sika.—Asomafo no Nnwuma 4:23-31; 14:22; 15:32, 35; Romafo 16:5; Kolosefo 4:15.
Ebia nhyiam a edi kan a wobɛkɔ ne simma 45 baguam ɔkasa a ɛka Bible mu nkyerɛkyerɛ ahorow, nkɔmhyɛ, anaasɛ afotu a ɛfa Kristofo asetra ho asɛm no. Wɔ ɔkasa yi akyi no, wosua Bible no denam nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a wɔahyɛ da asiesie ama asafo adesua no mu no so. Ɔkwan a wɔfa so yɛ adesua yi ni: Wɔkenkan nkyekyem a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no, nea ɔrehwɛ so no bisa nsɛm a ɛfa eyi ho, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔma mmuae no kyerɛ eyi denam wɔn nsa so a wɔma no so. Nhyiam no gye dɔnhwerew biako.
Akyiri yi, wɔ dapɛn no mu no, wɔyɛ simma 45 nhyiam ahorow abien. Biako ne Teokrase Ɔsom Sukuu no. Ɛde ntetee ma wɔ sɛnea wonya nsɛm a egyina Bible so a wotumi de kyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Wɔ simma 21 ɔkyerɛkyerɛ titiriw bi akyi no, asuafo a wɔadi kan de dwumadi ahyɛ wɔn nsa no ba bɛma ɔkasa ntiantia bi kyerɛ. Emu biara akyi no, Sukuu no kyerɛkyerɛfo no de afotu ma de kyerɛ sɛnea osuani no betumi anya nkɔanim. Wɔasiesie nhoma ahorow pii a wɔde di dwuma wɔ sukuu yi mu. Wɔn a wɔba nhyiam ahorow daa no nyinaa betumi akyerɛw wɔn din, sɛ ɛyɛ nea wɔn asetra ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow no hyia nkutoo a.
Wɔfrɛ nhyiam a edi hɔ no sɛ Ɔsom Nhyiam. Wɔkyekyem afã horow abiɛsa anaa anan a ɛka asɛmpa no a wɔbɛka akyerɛ wɔ afie afie ne ɔsom adwuma no afã afoforo nso ho asɛm. Wodi afã horow yi ho dwuma sɛ ɔkasa, nkɔmmɔbɔ ahorow, anaasɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a atiefo nya mu kyɛfa bi. Dwumadi no pii gyina nsɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som, a ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ kratawa a ekura nkratafa anan a Ɔwɛn Aban Asafo no tintim ɔsram biara no mu so.
Nhyiam foforo ne dapɛn dapɛn adesua a wɔyɛ wɔ akuw nketewa mu, na wɔtaa yɛ eyi wɔ nkurɔfo afi mu wɔ asafo no asasesin nyinaa mu. Adesua no gyina Bible no ne nhoma foforo a Asafo no atintim so. Esiane sɛ akuw no yɛ nketewa nti, obiara nya hokwan kɛse sɛ obenya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa, na wɔn a wɔba ase no tumi hu wɔn ho wɔn ho yiye.
Asafo ahorow pii yɛ wɔn nhyiam ahorow no wɔ Ahenni Asa a Yehowa Adansefo na wosii so. Ntoboa ahorow a Adansefo no ankasa fi wɔn pɛ mu yi na wɔde tua ho ka, mpɛn pii adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama na ɛyɛ ho adwuma a wonnye akatua biara. Wɔde ntoboa nnaka sisi hɔ wɔ nhyiam ahorow no nyinaa ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔpɛ no betumi ayi ntoboa.
Asafo nhyiam ahorow no boa Yehowa Adansefo ma wodi afotu a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no akyi: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a [yehu] sɛ ɛda no rebɛn no.”
• Tete Kristofo nhyiam mu dwumadi ahorow bɛn na wohu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase nnɛ?
• Kyerɛ nea wɔyɛ wɔ Adansefo no nhyiam ahorow anum a wɔyɛ daa no ase.
• Ɔkwan bɛn so na wonya asa ahorow a wohyiam wɔ so?
[Kratafa 14 mfonini ahorow]
Ɔpanyin reyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua, United States
Teokrase Ɔsom Sukuu mu dwumadi, Faeroe Islands
Wɔreyɛ kuw adesua wɔ obi fi, Yap
Ahenni Asa, New Braunfels, Texas, U.S.A., a Yehowa Adansefo de nnanu sii
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ aman ahorow so
Japan
Australia
Austria
Spain