Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/07 kr. 7
  • Asɛmmisa Afa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afa
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua—Ɛho Akwankyerɛ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua Ho Akwankyerɛ
  • Mumfi Nhyiam Horow Ase Bere Ano, Na Munwie No Bere Ano
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 5/07 kr. 7

Asɛmmisa Afa

◼ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔda dwom a wɔde bue Teokrase Ɔsom Sukuu, Ɔsom Nhyiam, Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua no ano no adi, na hena na ɔbɛyɛ saa?

Wɔakyerɛ nnwom a yɛde fi dapɛn biara Teokrase Ɔsom Sukuu no ase wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe a ɛhyɛ October Yɛn Ahenni Som mu no mu. Wɔakyerɛw nnwom a yɛde bue dapɛn biara Ɔsom Nhyiam no ano ne nea yɛde pɔn no wɔ Yɛn Ahenni Som no kratafa 2. Saa ara nso na nnwom a yɛto bere a yɛyɛ dapɛn biara Ɔwɛn-Aban Adesua no wɔ Ɔwɛn-Aban biara kratafa 2. Nnwom yi ka nhyiam no ho, ma enti onua a ɔredi ho dwuma no na ɛsɛ sɛ ɔma wɔto dwom no na ɛnyɛ Ɔsom Sukuu sohwɛfo anaa Baguam Nhyiam no guamtrani no.

Sɛ nhwɛso no, Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no bɛma atiefo no akwaaba, akyerɛ dwom a wɔde befi ase, ahwɛ sukuu no so, na afei wato nsa afrɛ ɔkasafo a odi kan wɔ Ɔsom Nhyiam no mu no ma waba asɛnka agua no so. Onua a obefi Ɔsom Nhyiam no ase no na ɛsɛ sɛ ɔma wɔto dwom a wɔde bebue Ɔsom Nhyiam no ano.

Saa ara na Baguam Nhyiam guamtrani no na obebue nhyiam no ano. Ɔde anigye bɛma wɔn a wɔaba nyinaa akwaaba na afei wato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmom nto dwom a ɔkasafo no apaw no. Baguam Ɔkasa no guamtrani no (anaasɛ ebia onua a ɔfata a wadi kan apaw no no) de mpaebɔ bebue nhyiam no ano. Ɔbɛfrɛ ɔkasafo no na waka ne kasa no asɛmti akyerɛ. Sɛ ɔma ɔkasa no wie a, oguamtrani no remmɔ nea ɔkasafo no kae no mua, na mmom ɔbɛka asɛm tiaa bi de ada wɔn anisɔ adi wɔ nkyerɛkyerɛ no ho. Ɔbɛka ɔkasa a wɔbɛma no dapɛn a edi hɔ no asɛmti akyerɛ na afei waka akyerɛ atiefo no nyinaa sɛ wɔntra ase ntwɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no. Sɛ ɔkasafo no fi asafo foforo mu a, ɛho nhia sɛ oguamtrani no bebisa atiefo no sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ ɔkasafo no de wɔn dɔ nkyia kɔma n’asafo no anaa. Afei, oguamtrani no bɛfrɛ nea ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so no aba asɛnka agua no so.

Nea ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no so no bɛkyerɛ dwom a wɔbɛto de afi adesua no ase. Ɔbɛyɛ adesua no sɛnea ɛho akwankyerɛ a wɔatintim no kyerɛ na afei wakyerɛ dwom a wɔde bɛpɔn no. Mpɛn pii no, Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no bɛfrɛ onua a ɔmaa ɔkasa no ma wabɛbɔ mpae a wɔde bɛpɔn no.

Akwankyerɛ yi a yebedi akyi no bɛboa ma yɛde biakoyɛ ayɛ yɛn asafo nhyiam ahorow no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena