Asemmisa Afã
● So ɛsɛ sɛ wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ansa na wɔayɛ Ɔsom Nhyiam wɔ da a wɔyɛ nhyiam horow abien yi no, anaasɛ wogyaw eyi ma mpanyimfo no na wɔasi ho gyinae?
Mpanyimfo binom akyerɛw abebisa Asafo no sɛ ɛyɛ nea hokwan wɔ hɔ sɛ wobetumi adi kan ayɛ Ɔsom Nhyiam no anwummere a wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no. Ɛda adi sɛ asafo ahorow binom ayɛ saa nhyehyɛe yi. Yɛhyɛ asafo ahorow nyinaa nkuran sɛ wonni kan nyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no, na Ɔsom Nhyiam no adi hɔ. Ɔkwan a wɔafa so ahyehyɛ Ɔsom Nhyiam no wɔ Yɛn Ahenni Som no mu no kyerɛ saa. Nhyehyɛe no kyerɛ nnwom a mpaebɔ nka ho wɔ Ɔsom Nhyiam no mfiase, a ɛkyerɛ sɛ wɔnhwɛ kwan sɛ eyi bɛyɛ anwummere no nhyiam a edi kan. Nhyehyɛe no de Ɔsom Nhyiam no ba awiei denam nnwom ne mpaebɔ so a ɛkyerɛ sɛ da no nhyiam no aba awiei.
Yehu sɛ ebia mfaso ahorow bi bɛwɔ Ɔsom Nhyiam a wobedi kan ayɛ no so. Nanso, bere a yɛasusuw ntease ahorow a wɔde aba ho akyi no, yɛte nka sɛ nhyehyɛe a wɔada no adi wɔ ha no ne nea eye wɔ ne nyinaa mu. Yɛte nka sɛ eye sɛ wɔde nhyiam abien no bɛba awiei denam nkuranhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Ɔsom Nhyiam mu no so.
Sɛ asafo ahorow bi ayɛ nhyehyɛe ma wɔde Ɔsom Nhyiam no di kan a, yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ nsakrae ahorow a ɛne nea wɔada no adi wɔ ha no hyia. Yɛpɛ sɛ yekura nhyehyɛe koro mu wɔ baabiara a eyi bɛyɛ yiye. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ obiara nkuran na ɔba nhyiam horow abien yi ase. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmra mmenya nnwom a wɔde bue ne mpaebɔ no mu kyɛfa na wɔntwɛn na wɔanya mpaebɔ a wɔde wie no mu mfaso.