Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/06 kr. 8
  • Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnka Nhyiam a Ɛhyɛ Nkuran na Ɛtu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Asɛnka Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Ɔfã 3: Asɛnka Nhyiambea
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 10/06 kr. 8

Nya Asɛnka Nhyiam so Mfaso Kɛse

1. Mmoa bɛn na yebetumi anya afi asɛnka nhyiam mu?

1 Asɛnka nhyiam a etu mpɔn hyɛ yɛn nkuran na ɛma yɛn akwankyerɛ a mfaso wɔ so ansa na yɛakɔ asɛnka. Etumi ma yebom kɔ asɛnka sɛ kuw sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa yɛn ho yɛn ho atete yɛn ho yɛn ho. (Mmeb. 27:17; Ɔsɛnk. 4:9, 10) Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya asɛnka nhyiam yi so mfaso?

2. Nneɛma bɛn na nea ɔhwɛ asɛnka nhyiam so no betumi asusuw ho?

2 Nea Ɔbɛhwɛ So: Wɔntaa mfa nea wɔhwɛ so yɛ nhyiam yi nni kan mma. Enti sɛ wo na wobɛhwɛ so a, ehia sɛ wusiesie wo ho yiye. Nyɛ w’adwene sɛ daa asɛm no na wubesusuw ho. Ɛwom, sɛ emu nsɛm no fa asɛnka ho tee a, wubetumi de aka nea wo ne wɔn besusuw ho no ho. Susuw nea ɛbɛboa wɔn a wɔahyia rekɔ asɛnka saa da no ho. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asusuw nsɛm a mokɔ a mobɛka no ho anaa moayɛ ho ɔyɛkyerɛ. Wubetumi apaw asɛm bi afi Reasoning nhoma no mu, Ɔsom Sukuu nhoma no, anaa Ɔsom Nhyiam dwumadi fã bi a ɛnkyɛe mu. Bere foforo mu nso, wubetumi asusuw sɛnea mubedi asɛnnennen bi a ebetumi asɔre wɔ mo asasesin mu ho dwuma ho, anaa wubetumi asusuw sɛnea mubenya anigyefo ne wɔn afi Bible adesua ase ho, titiriw bere a adawurubɔfo pii bɛkɔ akɔyɛ sankɔhwɛ no. Ɛmfa ho nea wubesusuw ho biara no, ma ɛnyɛ anigye na ɛnhyɛ nkuran.

3. Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam di, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde saa bere no yɛ?

3 Sɛ wunim sɛ ebinom bɛka akyi mpo a, fi asɛnka nhyiam no ase wɔ bere ano. Fa nhumu di dwuma bere a worekyekyɛ wɔn no, na kyekyɛ asasesin ma wɔn a wonni bi no. Ɛnsɛ sɛ asɛnka nhyiam no di boro simma 10 kosi 15, na sɛ ɛyɛ da a moapɔn asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ tiaa sen saa. Ɛsɛ sɛ obiara hu nea ɔne no bɛyɛ adwuma ne baabi a wɔbɛyɛ adwuma ansa na woawie asɛnka nhyiam no. Ɛsɛ sɛ wode mpaebɔ wie asɛnka nhyiam no.

4. Dɛn na ɛbɛboa obiara ma wanya asɛnka nhyiam so mfaso?

4 Obiara Betumi Aboa: Sɛnea ɛsɛ sɛ yedu asafo nhyiam ase wɔ bere ano no, saa ara na ɛsɛ sɛ yedu asɛnka nhyiam ase de kyerɛ obu ma Yehowa ne afoforo. Fa wo ho hyɛ nea mubesusuw ho no mu bi. Wubetumi ama nea ɔhwɛ so no ama wo obi a wo ne no bɛyɛ adwuma, anaa wubetumi adi kan ne obi ayɛ nhyehyɛe. Sɛ wopɛ sɛ wo ara woyɛ wo nhyehyɛe a, bɔ mmɔden sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo bɛkɔ asɛnka de ‘atrɛw’ wo dɔ mu sen sɛ wo ne wo nnamfo paa bɛkɔ bere nyinaa. (2 Kor. 6:11-13) Sɛ wonya wie asɛnka nhyiam no a, nyɛ nhyehyɛe foforo biara wɔ ɛno akyi, na kɔ asasesin no mu ntɛm ara.

5. Atirimpɔw bɛn nti na yɛyɛ asɛnka nhyiam?

5 Asafo nhyiam ne asɛnka nhyiam nyinaa kura atirimpɔw biako. Wɔahyehyɛ nhyiam yi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘asusuw yɛn ho yɛn ho ho, akanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Sɛ yɛyere yɛn ho nya nhyiam ahorow yi so mfaso a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn som adwuma no—ɛyɛ ‘adwuma pa’ ankasa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena