Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ October 30, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina September 4 kosi October 30, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde akokoduru kasa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi abrɛ yɛn ahoyeraw ase? [be-TW kr. 135 nky. 5–kr. 137 nky. 2, nnaka]
2. Sɛ obi bisa yɛn nea yegye di ho asɛm a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de Bible no bua? [be-TW kr. 143 nky. 1-3]
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Bible adi dwuma ahokokwaw so? [be-TW kr. 144, adaka]
4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛtaa de Bible di dwuma bere a yɛrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu, na yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ atiefo nkuran ma wɔabue wɔn Bible wɔ asafo nhyiam ase? [be-TW kr. 145-6, nnaka]
5. Atirimpɔw abien bɛn nti na yɛtwe atiefo adwene si kyerɛwsɛm bi so? [be-TW kr. 147 nky. 2]
DWUMADI 1
6. Nsɛm a ɛho hia na mfaso wɔ so bɛn na ɛwɔ Nnwom nhoma no mu? [si-E kr. 104 nky. 23]
7. Bere bɛn na wɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no na wɔhyehyɛe? [si-E kr. 107 nky. 5]
8. Dɛn ne abebusɛm, na dɛn nti na Hebri din a ɛda nhoma no so no fata? [si-E kr. 107 nky. 6]
9. Wɔ Mmebusɛm 2:1-5 no, dɛn na nkuranhyɛsɛm a ɛne sɛ yɛnhwehwɛ nimdeɛ, ntease, ne nhumu “sɛ dwetɛ” ne “akorade a ahintaw” no kyerɛ? [be-TW kr. 38 nky. 4]
10. Dɛn na Mmebusɛm nhoma no ankasa ka de kyerɛ sɛ mfaso wɔ so? [si-E kr. 109 nky. 19]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔkwan bɛn so na Dawid ‘dwudwoo ne kra ma ɛyɛɛ komm sɛ ɔba a wɔatwa no nufu a ɔwɔ ne nã ho,’ na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no? (Dw. 131:1-3)
12. Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Dwom 139:7-12 mu?
13. Yehowa kɛseyɛ a yebetumi akamfo no wɔ ho wɔ yɛn mpaebɔ ne asɛnka mu a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 145 no bi ne dɛn? (Dw. 145:3)
14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa suro yɛ “nimdeɛ mfiase” ne “nyansa mfiase”? (Mmeb 1:7; 9:10)
15. “Me nsɛm” ne “me mmara” a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 7:1, 2 no betumi afa dɛn nso ho?