Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/06 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 10/06 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. November: Yɛde Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no bɛma. Baabi a afiewuranom bɛka sɛ wonni mma no, momfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa anaa kratawa foforo a ɛfata mma wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a mo asafo no wɔ bi nso ama. January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ December mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma Afe 2007,” na ɛsɛ sɛ wode sie na wode adi dwuma wɔ afe 2007 nyinaa mu.

◼ Wɔbɛma afe 2007 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 15, 2007. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo horow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na Kwasida, April 15, 2007 adu.

◼ Yebesusuw No Blood—Medicine Meets the Challenge video no ho wɔ January Ɔsom Nhyiam ase. Sɛ wuhia DVD ne video kasɛt no bi a, ɛsɛ sɛ wofa asafo a wowom so kra bi ntɛm ara.

◼ MONHYƐ NO NSOW: Asɛm a ɛne “Aware a Nidi Wom wɔ Onyankopɔn ne Nnipa Anim” wɔ October 15 2006, Ɔwɛn-Aban mu. Aware a nkyekyɛm 14 no ka ho asɛm no fa yɛn man yi nso ho. Kasamu abiɛsa a etwa to wɔ nkyekyɛm 14 wɔ yɛn man yi mu kasa mu no nni nea wɔatintim ama aman a mmara mma kwan sɛ wɔbɛware wɔ saa kwan no so no mu. Sɛ nhwɛso no, wotintim Borɔfo Ɔwɛn-Aban no fi Britain na ɛbrɛ yɛn. Enti, sɛ moreyɛ Ɔwɛn-Aban adesua no na sɛ wukura Borɔfo de no bi a, yɛsrɛ sɛ fa asɛm a edi so yi ka nkyekyɛm 14 a ɛwɔ kratafa 22 no ho sɛnea ɛbɛyɛ a nea yɛde di dwuma wɔ yɛn man yi mu nyinaa mu nsɛm bɛyɛ biako:

“Sɛ Kristofo baanu di kan ware wɔ amanne kwan so, na ɛno akyi no wɔpaw sɛ wɔbɛware wɔ aban mmara mu wɔ aban nanmusifo a ogye aware dwumadibea (a ɛnyɛ Ahenni Asa so) a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Ɛnyɛ ayeforo a wɔbɛsan ayɛ wɔ aban mmara mu no na ɛbɛma aware no adi mu. Ɛho renhia sɛ wɔma aware ho ɔkasa anaa wɔto ho pon.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena