Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma Afe 2007
Akwankyerɛ
Nhyehyɛe a edidi so yi na yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ afe 2007 mu.
NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible (Akuapem), Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase [bi7-TW] Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].
Sɛ Reasoning From the Scriptures no mu na wobeyi dwumadi bi afi a, wɔakyerɛ beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm a wɔde bɛyɛ wɔn dwumadi no.
Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nsɛm tiawa a wɔde ma akwaaba fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde sɛnea wɔahyehyɛ dwumadi no wɔ ase hɔ no atoa so. Sɛ wowie dwumadi biara a, sukuu sohwɛfo no bɛfrɛ nea ɔwɔ dwumadi a edi hɔ no.
ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo horow a mpanyimfo kakraa bi na wɔwom mu no, wobetumi de ama asafo mu ɔsomfo a ɔfata.)
DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata yɛ, na ebegyina Ɔwɛn-Aban, Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ ɔkyerɛkyerɛ kasa. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ wɔbɛkenkan nsɛm no nyinaa akyerɛ kɛkɛ na mmom sɛ wɔbɛtwe adwene asi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no kɛse so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi bɛma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de afotu ama wɔn wɔ kokoam.
BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata de Bible akenkan no di asafo no ahiade ho dwuma wɔ simma anum a edi kan no mu. Obetumi aka dapɛn no mu Bible akenkan a wɔde ama no fã biara ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Botae titiriw no ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti a asɛm no ho hia ne sɛnea ebetumi aboa wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma anum a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obegyaw simma anum ama atiefo no ma wɔde anya dwumadi no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔfrɛ atiefo no ma wɔde bere tiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) ka nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan no mu ne ɛso mfaso ahorow ho asɛm. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo a wɔwɔ dwumadi wɔ asa a ɛto so abien no akɔ.
DWUMADI 2: Simma 4 anaa nea ennu saa. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ wɔde ma onuabarima. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ma ntease abam, akɔ yɔɔ, asi adwene a ɛwom so dua yiye, asakra wɔn nne, ahome wɔn kasa mu wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.
DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma asuafo no anaasɛ wɔbɛma wɔapaw bi afi nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔyɛ ma ɛfata asafo no asasesin mu dwumadi. Sɛ wɔankyerɛ baabi a asɛm no fi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔma asuafo a wɔyɛ foforo no dwumadi a wɔakyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte kasa no mu nsɛntitiriw ase. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔboafo biako.
DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de di ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa a ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Sukuu sohwɛfo no betumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima bere biara a ɔte nka sɛ ɛfata. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa.
AFOTU: Simma 1. Sukuu sohwɛfo no renni kan nka ɔkasa su a osuani no bedi ho dwuma no. Sɛ wowie Dwumadi a ɛto so 2, 3, ne 4 no a, sukuu sohwɛfo no bɛka ɔkasa no fã bi a wodii ho dwuma yiye ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Ɛnyɛ ne botae ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, na mmom, sɛ ɔbɛtwe adwene asi nea enti a saa dwumadi no fã no tu mpɔn so. Obetumi de afotu foforo a mfaso wɔ so a ɛfata osuani no ama wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa bere foforo mu.
BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa ɔfotufo no nsɛm no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no sõ a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛne ɔkasa su no, Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no so a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔn wɔ kokoam. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne bere yiye. Dwumadi no nyinaa si simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.
AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.
ƆFOTUFO BOAFO: Sɛ ɔpanyin a ɔfata wɔ hɔ a, mpanyimfo kuw no betumi apaw no aka sukuu sohwɛfo no ho ma wasom sɛ ɔfotufo boafo. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara ɔpanyin foforo a ɔfata betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, bere a ehia no, ɔde afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no wɔ kokoam. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi.
NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no mu ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no so, a dapɛn no ara mu de nso ka ho. Sɛ mo asafo no wɔ ɔmansin nhyiam bere a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monyɛ ntimu (ne saa dapɛn no mu sukuu) no wɔ dapɛn a edi ɔmansin nhyiam no akyi no mu na monyɛ saa dapɛn no sukuu no wɔ dapɛn a mokɔ ɔmansin nhyiam no mu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no wɔ dapɛn a mode bɛyɛ ntimu no a, ɛnde monto dwom a ɛwɔ sukuu dwumadi no ho nhyehyɛe no mu no, na monyɛ ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no sɛnea wɔayɛ ho nhyehyɛe ama saa dapɛn no. Nanso, ɛsɛ sɛ woyi ɔkyerɛkyerɛ kasa (a wɔma wɔ ɔkasa su no akyi) no fi dapɛn a edi hɔ ho nhyehyɛe no mu. Afei dapɛn a edi hɔ no, yɛde saa dapɛn no mu ɔkasa su ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no befi Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no ase na yɛde ntimu no atoa so.
DWUMADI HO NHYEHYƐE
Jan. 1 Bible akenkan: Yesaia 24-28 Dwom 33
Ɔkasa Su: Mfaso a Ɛwɔ Asɛm no So (be-TW kr. 158 ¶2-4)
No. 1: Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu
No. 2: Yesaia 26:1-18
No. 3: Nyinsɛn a Wotu Gu—Dɛn Nti na Wɔabara? (rs-E kr. 25-26 ¶4) [+bh-TW kr. 125-127 ¶3-5]
No. 4: Yɛbɛyɛ Dɛn ‘Ahyɛ Awurade Yesu Kristo’? (Rom. 13:14)
Jan. 8 Bible akenkan: Yesaia 29-33 Dwom 42
Ɔkasa Su: Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Aba a Ɛwom no Ase (be-TW kr. 159 ¶1-4)
No. 1: Bere a Wɔma Asɛmti ne Ɔkwan a Wɔfa So Yɛ Dwumadi No (be-TW kr. 44 ¶4–kr. 46 ¶2)
No. 2: Yesaia 30:1-14
No. 3: # Mmuae a Yɛde Bɛma Obi a Ɔka Sɛ: ‘Mewɔ Hokwan sɛ Misi Nneɛma a Ɛfa M’ankasa Nipadua Ho Gyinae’ (rs-E kr. 26 ¶5)
No. 4: Nea Ɛma Yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn Dɔ Mmofra
Jan. 15 Bible akenkan: Yesaia 34-37 Dwom 222
Ɔkasa Su: Nsɛmfua Paw (be-TW kr. 160 ¶1-3)
No. 1: Nya Papa ne Bɔne Ho Adwene a Yesu Wɔ No Bi (w05-TW 1/1 kr. 9-10 ¶11-15)
No. 2: Yesaia 34:1-15
No. 3: Sɛnea Yebenya Nokware Dɔ
No. 4: Adam ne Hawa—Wɔyɛ Nnipa a Wɔtraa Ase Ankasa? (rs-E kr. 27-28)
Jan. 22 Bible akenkan: Yesaia 38-42 Dwom 61
Ɔkasa Su: Kasa a Asete Nyɛ Den (be-TW kr. 161 ¶1-4)
No. 1: Mma Ɔsɔretia Mmɔ Wo Hu (w05-TW 1/1 kr. 15 ¶16-18)
No. 2: Yesaia 38:9-22
No. 3: # Mmuae a Yɛde Bɛma Obi a Ɔka Sɛ: ‘Na Adam Bɔne no Yɛ Onyankopɔn Pɛ’ (rs-E kr. 29 ¶1-2) [+w06-TW 6/1 kr. 23 ¶10]
No. 4: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yedwen Adwemmɔne Ma Afoforo
Jan. 29 Bible akenkan: Yesaia 43-46 Dwom 113
Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛteɛ a Wɔka Dannan Mu (be-TW kr. 161 ¶5–kr. 162 ¶4)
No. 1: Nea Enti a Yegye Yehowa Atemmu Tom (w05-TW 2/1 kr. 23-24 ¶4-9)
No. 2: Yesaia 45:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Mfaso Nni So sɛ Yɛsom Yɛn Nananom a Wɔawuwu? (rs-E kr. 29 ¶3–kr. 31 ¶3) [+ol-TW kr. 12-13 ¶1-10]
No. 4: a Nea Enti a Kristofo Kwati Ntotoho a Ɛde Akansi Ba
Feb. 5 Bible akenkan: Yesaia 47-51 Dwom 79
Ɔkasa Su: Nsɛmfua a Ahoɔden Wom, Ɛka Koma, na Ɛyɛ Dɛ (be-TW kr. 163 ¶1–kr. 164 ¶2)
No. 1: Yehowa Asɛm Ma Yɛn Ho Tew na Ɛboa Ma Yedi Nokware (w05-TW 4/15 kr. 11-12 ¶5-11)
No. 2: Yesaia 50:1-11
No. 3: Nea Enti a Yɛn Nananom a Wɔawuwu a Yɛbɛsom Wɔn Nsɔ Yehowa Nyankopɔn Ani (rs-E kr. 31 ¶4–kr. 32 ¶1) [+bh-TW kr. 155-156 ¶3-5]
No. 4: So Bible Kasa Tia Akyɛde a Yɛde Bɛma?
Feb. 12 Bible akenkan: Yesaia 52-57 Dwom 139
Ɔkasa Su: Kasa a Ɛne Kasa Mmara Hyia (be-TW kr. 164 ¶3–kr. 165 ¶1)
No. 1: Yehowa Asɛm Ma Yenya Akokoduru (w05-TW 4/15 kr. 12-13 ¶12-14)
No. 2: Yesaia 55:1-13
No. 3: Mfaso Wɔ So sɛ Yɛde Yɛn Ho Bɛbɔ Afɔre
No. 4: Henanom ne Nnipa a Wotia Kristo No? (rs-E kr. 32-3) [+g01-TW 8/8 kr. 30-31]
Feb. 19 Bible akenkan: Yesaia 58-62 Dwom 189
Ɔkasa Su: Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa (be-TW kr. 166 ¶1–kr. 167 ¶2)
No. 1: Yesaia Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 123 ¶34-39)
No. 2: Yesaia 60:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Eye Sɛ Yɛbɛyɛ Onyankopɔn Nkoa?
No. 4: b Nea Ɛbɛma Yɛahu Awaefo (rs-E kr. 34 ¶1–kr. 36 ¶1) [+w04-TW 9/1 kr. 16-18 ¶12-15, 20]
Feb. 26 Bible akenkan: Yesaia 63-66 Dwom 141
Ɔkasa Su: Wo Nsɛm a Wubesusuw Ho (be-TW kr. 167 ¶3–kr. 168 ¶2)
Ntimu
Mar. 5 Bible akenkan: Yeremia 1-4 Dwom 70
Ɔkasa Su: Kyerɛw Nsɛm Kakraa Bi Pɛ Wɔ Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa no So (be-TW kr. 168 ¶3–kr. 169 ¶5)
No. 1: Yeremia Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 124 ¶1-5)
No. 2: Yeremia 3:1-13
No. 3: Dɛn na Ɛma Yenya Anigye Ankasa?
No. 4: c Su Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yenya Wɔ Awaefo Ho? (rs-E kr. 36 ¶2–kr. 37 ¶2) [+w06-TW 1/15 p. 23-24 ¶12-16]
Mar. 12 Bible akenkan: Yeremia 5-7 Dwom 159
Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔhyehyɛ Ma Edidi So (be-TW kr. 170 ¶1–kr. 171 ¶2)
No. 1: Asafo Mu Ɔkasa Ahorow a Wubesiesie (be-TW kr. 47 ¶1–kr. 49 ¶1)
No. 2: Yeremia 5:1-14
No. 3: Kristo Anhyehyɛ Asɔre no Ansi Petro So (rs-E kr. 37 ¶3–kr. 39 ¶3) [+sh-TW kr. 268]
No. 4: Sɛnea Yɛde Asuade a Ɛwɔ Exodus 14:11 no Bedi Dwuma wɔ Yɛn Bere Yi Mu
Mar. 19 Bible akenkan: Yeremia 8-11 Dwom 182
Ɔkasa Su: W’asɛm a Wobɛka Ma Adidi So (be-TW kr. 171 ¶3–kr. 172 ¶5)
No. 1: Ɔsom Nhyiam ne Ɔkasa Afoforo a Wubesiesie (be-TW kr. 49 ¶2–kr. 51 ¶2)
No. 2: Yeremia 10:1-16
No. 3: Yɛyɛ Dɛn Hu sɛ na Abraham, Hiob, ne Daniel Wɔ Owusɔre mu Gyidi?
No. 4: Safe Bɛn na Petro De Dii Dwuma No? (rs-E kr. 39 ¶4–kr. 41 ¶5) [+gt-TW ti 59 ¶8-10]
Mar. 26 Bible akenkan: Yeremia 12-16 Dwom 205
Ɔkasa Su: Nsɛm a Ehia Nkutoo a Wobɛka (be-TW kr. 173 ¶1-4)
No. 1: Agyede No Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse (w05-TW 11/1 kr. 13-14)
No. 2: Yeremia 12:1-13
No. 3: “Asomafo no Adedifo” Nyɛ Nokware Kristofo (rs-E kr. 42 ¶1–kr. 44 ¶3) [+w03-TW 9/1 kr. 6]
No. 4: Dɛn Mu na Ɛsɛ sɛ Kristoni Hoahoa ne Ho?
Apr. 2 Bible akenkan: Yeremia 17-21 Dwom 30
Ɔkasa Su: Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan (be-TW kr. 174 ¶1–kr. 175 ¶4)
No. 1: Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie (be-TW kr. 52 ¶1–kr. 54 ¶1)
No. 2: Yeremia 20:1-13
No. 3: Ɛhe na Wɔbɛko Harmagedon Ko No? (rs-E kr. 44 ¶4–kr. 46 ¶3) [+w05-TW 12/1 kr. 4 ¶1–5]
No. 4: d Ɛsɛ sɛ Yebu Afotu Dɛn?
Apr. 9 Bible akenkan: Yeremia 22-24 Dwom 184
Ɔkasa Su: Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan Mu Asiane a Wobɛkwati (be-TW kr. 175 ¶5–kr. 177 ¶1)
No. 1: Ɔkasafo no Gyinaesi Ahorow (be-TW kr. 54 ¶2-4; kr. 55, adaka)
No. 2: Yeremia 23:1-14
No. 3: Nea Enti a Asɛnka a Yɛkɔ no Ma Yɛn Ani Gye
No. 4: Henanom ne Nneɛma Bɛn na Wɔbɛsɛe no wɔ Harmagedon? (rs-E kr. 46 ¶4–kr. 47 ¶2) [+dg-TW kr. 21-22 ¶14-19]
Apr. 16 Bible akenkan: Yeremia 25-28 Dwom 27
Ɔkasa Su: Bere a Afoforo Hwehwɛ Nkyerɛkyerɛmu (be-TW kr. 177 ¶2–kr. 178 ¶2)
No. 1: Kɔ So Tu Mpɔn Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo (be-TW kr. 56 ¶1–kr. 57 ¶2)
No. 2: Yeremia 26:1-15
No. 3: Henanom na Wobenya Nkwa Wɔ Harmagedon? (rs-E kr. 47 ¶3-8) [+w05-TW 12/1 kr. 6 ¶3, 4]
No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Wɔdomee Asase? (Gen. 3:17)
Apr. 23 Bible akenkan: Yeremia 29-31 Dwom 148
Ɔkasa Su: Nkɔmmɔbɔ Kwan So (be-TW kr. 179-180)
No. 1: ‘Ma Nsonsonoe Nna Adi’ (be-TW kr. 57 ¶3–kr. 58 ¶2)
No. 2: Yeremia 31:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Yehowa Kɛseyɛ Nni Ano?
No. 4: Harmagedon Nkyerɛ sɛ Onyankopɔn Nni Dɔ (rs-E kr. 48 ¶1-3) [+w05-TW 12/1 kr. 6 ¶5-8]
Apr. 30 Bible akenkan: Yeremia 32-34 Dwom 100
Ɔkasa Su: Ɛnne Su (be-TW kr. 181 ¶1-4)
Ntimu
May 7 Bible akenkan: Yeremia 35-38 Dwom 165
Ɔkasa Su: Home Yiye (be-TW kr. 181 ¶5–kr. 184 ¶1; kr. 182, adaka)
No. 1: Hyɛ Atiefo Nkuran Ma Wonnwen (be-TW kr. 58 ¶3–kr. 59 ¶3)
No. 2: Yeremia 36:1-13
No. 3: Wuntumi Nka sɛ Wunni Afã Biara Wɔ Harmagedon (rs-E kr. 48 ¶4-7)
No. 4: Kristofo Bɛyɛ Dɛn Agyina Adwene Mu Naayɛ Ano?
May 14 Bible akenkan: Yeremia 39-43 Dwom 56
Ɔkasa Su: Gow Wo Ho (be-TW kr. 184 ¶2–kr. 185 ¶3; kr. 184, adaka)
No. 1: Kyerɛ Sɛnea Wɔde Di Dwuma, na Yɛ Nhwɛso Pa (be-TW kr. 60 ¶1–kr. 61 ¶3)
No. 2: Yeremia 39:1-14
No. 3: Hena na Ɔrepiapia Amanaman no Akɔ Harmagedon? (rs-E kr. 48 ¶8–kr. 49 ¶1)
No. 4: e Nea Enti a Nokware Kristofo Bɔ Mmɔden sɛ Wɔbɛma Nantew a Edi Aware Anim Ho Atew
May 21 Bible akenkan: Yeremia 44-48 Dwom 122
Ɔkasa Su: Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ (be-TW kr. 186 ¶1-4)
No. 1: Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu (be-TW kr. 62 ¶1–kr. 64 ¶1)
No. 2: Yeremia 46:1-17
No. 3: Sɛ́ Obi Bɛdaadaa Ne Ho no Kyerɛ Dɛn, na Yɛbɛyɛ Dɛn Ahwɛ Yɛn Ho Yiye Wɔ Ho?
No. 4: Babilon a Adiyisɛm Ka Ho Asɛm no a Yebehu (rs-E kr. 49 ¶2-3) [+bh-TW kr. 219 ¶2-kr. 220 ¶3]
May 28 Bible akenkan: Yeremia 49-50 Dwom 95
Ɔkasa Su: Yɛ Otiefo Pa (be-TW kr. 187 ¶1-5)
No. 1: Sɛnea Wɔtoa Nkɔmmɔbɔ So (be-TW kr. 64 ¶2–kr. 65 ¶4)
No. 2: Yeremia 49:14-27
No. 3: Dɛn na Ɛmaa Tete Babilon Gyee Din? (rs-E kr. 50 ¶1–kr. 51 ¶5) [+kp-TW kr. 12-13 ¶6]
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Awofo Kenkan Ade Kyerɛ Wɔn Mma
June 4 Bible akenkan: Yeremia 51-52 Dwom 166
Ɔkasa Su: Boa Afoforo Ma Wonnya Nkɔso (be-TW kr. 187 ¶6–kr. 188 ¶3)
No. 1: Yeremia Nhoma No—Nea Enti a Mfaso wɔ So (si-E kr. 129 ¶36-39)
No. 2: Yeremia 52:1-16
No. 3: Nyansa Nnim Sɛ Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Onyankopɔn Ho
No. 4: Nea Enti a Asɔre Ahorow a Wɔkyerɛ sɛ Wɔyɛ Kristofo no Yɛ Babilon Kɛse no Fã (rs-E kr. 52 ¶1–kr. 53 ¶1) [+ol-TW kr. 19-21 ¶1-10]
June 11 Bible akenkan: Kwadwom 1-2 Dwom 129
Ɔkasa Su: Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma (be-TW kr. 188 ¶4–kr. 189 ¶4)
No. 1: Kwadwom Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 130-131 ¶1-7)
No. 2: Kwadwom 2:1-10
No. 3: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wufi Babilon Kɛse no Mu Ntɛm (rs-E kr. 53 ¶2-7) [+ol-TW kr. 21 ¶11-13]
No. 4: Nea Enti a Ayamye Ankasa Nyɛ Mmerɛwyɛ
June 18 Bible akenkan: Kwadwom 3-5 Dwom 140
Ɔkasa Su: Obu a Wɔkyerɛ Ma Afoforo (be-TW kr. 190 ¶1-kr. 191 ¶1)
No. 1: Kwadwom—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 132 ¶13-15)
No. 2: Kwadwom 4:1-13
No. 3: Nea Asubɔ Kyerɛ, ne Nea Enti a Wɔbɔ Gyidifo Asu (rs-E kr. 54 ¶1-4) [+bh-TW kr. 174-175 ¶1-4]
No. 4: f Nea Enti a Nokware Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Amanyɔsɛm Mu
June 25 Bible akenkan: Hesekiel 1-5 Dwom 1
Ɔkasa Su: Obu So a Yehyia Obi (be-TW kr. 191 ¶2–kr. 192 ¶1)
Ntimu
July 2 Bible akenkan: Hesekiel 6-10 Dwom 26
Ɔkasa Su: Obu So a Wɔkasa (be-TW kr. 192 ¶2–kr. 193 ¶2)
No. 1: Hesekiel Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 132-133 ¶1-6)
No. 2: Hesekiel 7:1-13
No. 3: Nea Ɛhwehwɛ na Obi Atumi Abɛn Yehowa (Yak. 4:8)
No. 4: Kristofo Asubɔ Nyɛ Nsu a Wɔde Petepete Nnipa So, na Ɛnyɛ Mmofra Asubɔ (rs-E kr. 54 ¶5–kr. 55 ¶4)
July 9 Bible akenkan: Hesekiel 11-14 Dwom 112
Ɔkasa Su: Ahotoso Mu a Wofi Kasa (be-TW kr. 194 ¶1–kr. 195 ¶2)
No. 1: Mpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho (w05-TW 6/1 kr. 29-30)
No. 2: Hesekiel 11:1-13
No. 3: So Nsu Mu Asubɔ Hohoro Bɔne? (rs-E kr. 55 ¶5–kr. 56 ¶1) [+kl-TW kr. 175-176 ¶10, 11]
No. 4: Ɛsɛ sɛ Yɛte Adiyisɛm 17:9-11 Ase Dɛn?
July 16 Bible akenkan: Hesekiel 15-17 Dwom 29
Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔda Ahotoso Adi (be-TW kr. 195 ¶3–kr. 196 ¶3)
No. 1: Ko Tia Nsusuwii Bɔne! (w05-TW 9/15 kr. 26-28)
No. 2: Hesekiel 16:1-13
No. 3: Nea Onitefo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ (Mmeb. 13:16)
No. 4: Henanom na Wɔde Honhom Kronkron Bɔ Wɔn Asu? (rs-E kr. 56 ¶2–kr. 57 ¶3)
July 23 Bible akenkan: Hesekiel 18-20 Dwom 193
Ɔkasa Su: Anifere ne Pintinn a Wobɛyɛ (be-TW kr. 197 ¶1-3)
No. 1: Hu Ɔsɛmmisafo no Adwene (be-TW kr. 66 ¶1–kr. 68 ¶1)
No. 2: Hesekiel 18:19-29
No. 3: Ogya a Wɔde Bɔ Asu ne Honhom Kronkron a Wɔde Bɔ Asu Nyɛ Adekoro (rs-E kr. 57 ¶4–kr. 58 ¶2)
No. 4: Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni Wɔ Hɔ Ankasa
July 30 Bible akenkan: Hesekiel 21-23 Dwom 35
Ɔkasa Su: Da Anifere Adi Bere a Woredi Adanse No (be-TW kr. 197 ¶4–kr. 199 ¶1)
No. 1: Hu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubua Asɛm (be-TW kr. 68 ¶2–kr. 70 ¶3)
No. 2: Hesekiel 23:1-17
No. 3: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Bible no Ho (rs-E kr. 58 ¶3–kr. 60 ¶2) [+bh-TW kr. 18-19 ¶1-5]
No. 4: Adwene a Ɛfata Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yenya Wɔ Kɛseyɛ Ho?
Aug. 6 Bible akenkan: Hesekiel 24-27 Dwom 37
Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛfata a Wobɛka Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu (be-TW kr. 199 ¶2-5)
No. 1: Nkitaho a Wɔnam Nkrataakyerɛw So Di (be-TW kr. 71-73)
No. 2: Hesekiel 24:1-14
No. 3: Akwan Bɛn So na Mose Yɛɛ Nhwɛso a Ɛfata Maa Kristofo?
No. 4: Adanse a Yesaia ne Yeremia De Ma a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na Ɔma Wɔkyerɛw Bible No (rs-E kr. 60 ¶3–kr. 61 ¶3) [+ba-TW kr. 27 ¶5-kr. 28 ¶4]
Aug. 13 Bible akenkan: Hesekiel 28-31 Dwom 123
Ɔkasa Su: Anifere a Yɛbɛda no Adi Wɔ Abusuafo ne Afoforo Ho (be-TW kr. 200 ¶1-4)
No. 1: Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso (be-TW kr. 74 ¶1–kr. 75 ¶3)
No. 2: Hesekiel 28:1-16
No. 3: Yesu Ho Nkɔmhyɛ a Ɛbaa Mu no Kyerɛ sɛ Onyankopɔn na Ɔma Wɔkyerɛw Bible No (rs-E kr. 61 ¶4–kr. 62 ¶1) [+w03-TW 1/1 kr. 8-9 ¶3-7]
No. 4: Sɛ Wɔka “Ɔtan” Ho Asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm Mu a, Ɛkyerɛ Dɛn?
Aug. 20 Bible akenkan: Hesekiel 32-34 Dwom 215
Ɔkasa Su: Denhyɛ ne Nkuranhyɛ (be-TW kr. 202 ¶1–kr. 203 ¶2)
No. 1: Fa Wo Dom Akyɛde Di Dwuma (be-TW kr. 75 ¶4–kr. 77 ¶2)
No. 2: Hesekiel 34:1-14
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Honhom Boa Yɛn?
No. 4: Bible no Ne Nyansahu Hyia (rs-E kr. 62 ¶2–kr. 64 ¶3) [+bh- kr. 20-21 ¶6-9]
Aug. 27 Bible akenkan: Hesekiel 35-38 Dwom 94
Ɔkasa Su: Ma Wo Nsɛm no Nyinaa Nhyɛ Nkuran (be-TW kr. 203 ¶3–kr. 204 ¶1)
Ntimu
Sept. 3 Bible akenkan: Hesekiel 39-41 Dwom 194
Ɔkasa Su: Bere a Wo ne Mfɛfo Gyidifo Rebɔ Nkɔmmɔ (be-TW kr. 204 ¶2–kr. 205 ¶4)
No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn Asɛm? (w05-TW 4/15 kr. 16 ¶3-6)
No. 2: Hesekiel 40:1-15
No. 3: So Nnipa Betumi Ama Onyankopɔn Ani Agye Ankasa?
No. 4: # Anoyi a Yɛde Bɛma Wɔ Nsɛm a Wɔka Tia Bible No Ho (rs-E kr. 64 ¶4–kr. 68 ¶1) [+T-13-TW kr. 2 ¶1-kr. 3 ¶3]
Sept. 10 Bible akenkan: Hesekiel 42-45 Dwom 77
Ɔkasa Su: Ntĩmu Ma Ɛso Duasi (be-TW kr. 206 ¶1-4)
No. 1: Bere a Mpanyinyɛ Yɛ “Abotiri a Ɛyɛ Fɛ” (w05-TW 1/15 kr. 8-9)
No. 2: Hesekiel 43:1-12
No. 3: Nea Enti a Kristofo Nni Awoda (rs-E kr. 68 ¶2–kr. 70 ¶2) [+bh-TW kr. 157 ¶7, 8]
No. 4: g Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Ananafo anaa “Ahɔho Nne”? (Yohane 10:5)
Sept. 17 Bible akenkan: Hesekiel 46-48 Dwom 164
Ɔkasa Su: Ntĩmu wɔ Asɛnka Mu ne Bere a Worema Ɔkasa (be-TW kr. 207 ¶1–kr. 208 ¶4)
No. 1: Hesekiel Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 137 ¶29-33)
No. 2: Hesekiel 47:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Kristofo Twe Wɔn Ho Fi Mogya Ho? (rs-E kr. 70 ¶3–kr. 72 ¶3) [+bh-TW kr. 128-129 ¶10-12]
No. 4: h Nea Enti a Honhom Fam Agyapade Ne Akyɛde a Ɛsen Biara a Awofo Betumi De Ama Wɔn Mma
Sept. 24 Bible akenkan: Daniel 1-3 Dwom 179
Ɔkasa Su: Asɛmti Ho Dwumadi (be-TW kr. 209 ¶1-3)
No. 1: Daniel Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 138-139 ¶1-6)
No. 2: Daniel 2:1-16
No. 3: Nea Enti a Yebu Akontaahyɛde 144,000 No Sɛ Ɛyɛ Paa Ara (Adi. 7:4)
No. 4: Nea Enti a Nokware Kristofo Nnye Mogya (rs-E kr. 72 ¶4–kr. 73 ¶4) [+bh-TW kr. 130-131 ¶13-16]
Oct. 1 Bible akenkan: Daniel 4-6 Dwom 14
Ɔkasa Su: Asɛmti a Ɛfata a Wode Bedi Dwuma (be-TW kr. 210 ¶1–kr. 211 ¶1; kr. 211, adaka)
No. 1: Dɛn na Yebetumi Agyina so Ama Yɛn Bo Afuw? (w05-TW 8/1 kr. 13-15)
No. 2: Daniel 4:1-17
No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Asuasua Mefiboset Suban Pa No?
No. 4: # Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Nsɛm a Wɔka Fa Mogya Ho Ho (rs-E kr. 74 ¶1–kr. 76 ¶2)
Oct. 8 Bible akenkan: Daniel 7-9 Dwom 34
Ɔkasa Su: Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi (be-TW kr. 212 ¶1–kr. 213 ¶1)
No. 1: Ma Yehowa “Asɛm” Mmɔ Wo Ho Ban (w05-TW 9/1 kr. 28-31)
No. 2: Daniel 7:1-12
No. 3: Sɛ́ Wɔbɛwo Obi Foforo no Kyerɛ Dɛn? (rs-E kr. 76 ¶3–kr. 77 ¶7) [+w98-TW 2/15 kr. 13 ¶6, 7]
No. 4: Anigye Soronko Bɛn na Yenya Fi Asɛnka Adwuma a Yɛyɛ no Daa no Mu?
Oct. 15 Bible akenkan: Daniel 10-12 Dwom 210
Ɔkasa Su: Mpaw Nsɛntitiriw Pii Dodo (be-TW kr. 213 ¶2–kr. 214 ¶5)
No. 1: Daniel Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 141-2 ¶19-23)
No. 2: Daniel 11:1-14
No. 3: Sɛnea Ahobrɛase Betumi Aboa Yɛn ma Yɛadi Akasakasa So
No. 4: Nkwagye Nnyina Awo foforo So (rs-E kr. 77 ¶8–kr. 79 ¶1)
Oct. 22 Bible akenkan: Hosea 1-7 Dwom 66
Ɔkasa Su: Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye (be-TW kr. 215 ¶1–kr. 216 ¶5)
No. 1: Hosea Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 143-145 ¶1-8, 14-17)
No. 2: Hosea 5:1-15
No. 3: # Nkyerɛkyerɛmu a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔnte Awo Foforo no Ase (rs-E kr. 79 ¶3–kr. 80 ¶2)
No. 4: Akwan a Nokware Kristofo Fa so Da Boasetɔ Adi
Oct. 29 Bible akenkan: Hosea 8-14 Dwom 59
Ɔkasa Su: Nkurɔfo a Wobɛma Wɔayɛ Aso Atie Wo Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 217 ¶1-4)
Ntimu
Nov. 5 Bible akenkan: Yoel 1-3 Dwom 166
Ɔkasa Su: W’asɛmti a Wobɛda no Adi wɔ Nnianim Asɛm no Mu (be-TW kr. 217 ¶5–kr. 219 ¶2)
No. 1: Yoel Nhoma No Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 146-8 ¶1-5, 12-14)
No. 2: Yoel 2:1-14
No. 3: Sɛ́ Obi Wɔ “Ɔdɔ a Ɛyɛ Pɛ” no Kyerɛ Dɛn (1 Yohane 4:18)
No. 4: Bɔne a Wɔka Kyerɛ Asɔfo—Dɛn Nti na Ɛne Kyerɛwnsɛm Nhyia? (rs-E kr. 80 ¶3–kr. 81 ¶9) [+w95-TW 9/15 kr. 31]
Nov. 12 Bible akenkan: Amos 1-9 Dwom 211
Ɔkasa Su: Ɔkasa Awiei a Etu Mpɔn (be-TW kr. 220 ¶1-3)
No. 1: Amos Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 148-50 ¶1-6, 13-17)
No. 2: Amos 2:1-16
No. 3: Nea Enti a Osuahu Nyɛ Ɔkwampa a Eye Sen Biara a Wɔfa So Sua Biribi
No. 4: Bɔne a Wɔyɛ Tia Onyankopɔn ne Nnipa a Wɔka Kyerɛ (rs-E kr. 83 ¶2-8)
Nov. 19 Bible akenkan: Obadia 1–Yona 4 Dwom 220
Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Woma Ɛtra W’adwenem (be-TW kr. 221 ¶1–5)
No. 1: Obadia ne Yona Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 151-153 ¶1-5, 10-14; kr. 153-155 ¶1-4, 9-12)
No. 2: Yona 1:1-17
No. 3: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yenya Honhom Fam Paradise Ansa na Asase So Paradise Aba
No. 4: i Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔka Bɔne a Anibere Wom Kyerɛ Mpanyimfo? (rs-E kr. 83 ¶9–kr. 84 ¶4) [+w01-TW 6/1 kr. 30-31]
Nov. 26 Bible akenkan: Mika 1-7 Dwom 18
Ɔkasa Su: Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 221 ¶6–kr. 222 ¶6)
No. 1: Mika Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 155-8 ¶1-8, 16-19)
No. 2: Mika 2:1-13
No. 3: Sɛ Yɛka sɛ Obi Dwo a, na Ɛkyerɛ Dɛn?
No. 4: Nea Enti a Ntease Wom sɛ Yegye Adebɔ Di (rs-E kr. 84 ¶5–kr. 86 ¶2) [+dg-TW kr. 4-5 ¶3-9]
Dec. 3 Bible akenkan: Nahum 1–Habakuk 3 Dwom 137
Ɔkasa Su: Nokwasɛm a Wɔka (be-TW kr. 223 ¶1-5)
No. 1: Nahum ne Habakuk Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 158-160 ¶1-7, 11-12; kr. 161-3 ¶1-5, 12-14)
No. 2: Habakuk 1:1-17
No. 3: Bible Mu Asɛm a Ɛfa Adebɔ Ho a Yɛbɛte Ase (rs-E kr. 86 ¶3–kr. 88 ¶4) [+dg-TW kr. 8 ¶22-27]
No. 4: Nea Enti a Daa Nkwa Renyɛ Mfonoe
Dec. 10 Bible akenkan: Sefania 1–Hagai 2 Dwom 78
Ɔkasa Su: ‘Nokwasɛm no a Yebeso Mu Pɛpɛɛpɛ’ (be-TW kr. 224 ¶1-4)
No. 1: Sefania ne Hagai Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 163-166 ¶1-6, 10-12; kr. 166-168 ¶1-7, 13-16)
No. 2: Sefania 3:1-17
No. 3: Dɛn Nti na Mmeamudua Som no Nnyina Kyerɛwnsɛm So? (rs-E kr. 92 ¶1–kr. 93 ¶1) [+bh-TW kr. 204 ¶3-kr. 205 ¶5]
No. 4: j Obi ne Yehowa Ntam Abusuabɔ Tumi Ka N’aware Dɛn?
Dec. 17 Bible akenkan: Sakaria 1-8 Dwom 209
Ɔkasa Su: Nsɛm mu Nokwasɛm a Wobɛhwehwɛ (be-TW kr. 225 ¶1-3)
No. 1: Sakaria Nhoma no Nnianim Nsɛm (si-E kr. 168-169 ¶1-7)
No. 2: Sakaria 7:1-14
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Ahosakra Ho Anisoadehu no Anya Mmamu?
No. 4: Sɛnea Yebu Mfe Nnɛ no, So Saa ara na Nnipa a Wɔtraa Ase Ansa na Nsuyiri no Reba no Buu No? (rs-E kr. 94 ¶4–kr. 95 ¶1)
Dec. 24 Bible akenkan: Sakaria 9-14 Dwom 202
Ɔkasa Su: Afoforo Tumi Te Ase (be-TW kr. 226 ¶1–kr. 227 ¶2)
No. 1: Sakaria Nhoma No—Nea Enti a Mfaso Wɔ So ne Malaki Nhoma no Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 171-172 ¶23-27; kr. 172-175 ¶1-6, 13-17)
No. 2: Sakaria 10:1-12
No. 3: Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka sɛ Afe 1914 Mu na Wɔde Onyankopɔn Ahenni Sii Hɔ (rs-E kr. 95 ¶2–kr. 97 ¶2) [+bh-TW kr. 215 ¶3-kr. 218 ¶1]
No. 4: Yɛbɛyɛ Dɛn Asiesie Yɛn Ho Ama Ɔtaa?
Dec. 31 Bible akenkan: Malaki 1-4 Dwom 118
Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔnte Ase a Wobɛkyerɛkyerɛ Mu (be-TW kr. 227 ¶3–kr. 228 ¶1)
Ntimu
[Ase hɔ asɛm]
a Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
b Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
c Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
d Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
e Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
f Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
g Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
h Munsusuw sɛnea mubedi nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho ho dwuma yiye wɔ asasesin no mu ho sɛnea bere ma kwan.
i Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
j Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Munsusuw sɛnea mubedi nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho ho dwuma yiye wɔ asasesin no mu ho sɛnea bere ma kwan.
Munsusuw sɛnea mubedi nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho ho dwuma yiye wɔ asasesin no mu ho sɛnea bere ma kwan.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
Fa ma anuanom mmarima nkutoo.
+ Beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm a wɔde bɛyɛ wɔn dwumadi.