Amanne a Mfaso Nni So?
KATOLEKFO de mfehaha pii ayɛ bɔneka akronkronne. Nanso, nnipa pii bu no sɛ adeyɛ a mfaso nni so ma nnipa pii. Bere a sukuu panyin bi a ne din de Bob reka ne mmofraberem ho asɛm no, ɔka sɛ: “Ná meyɛ abarimaa, na saa bere no mpo mammu no aniberesɛm.” Dɛn ntia? Ná bɔneka abɛyɛ amanne a mfaso nni so ama no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná bɔneka te sɛ nea wode wo nnaka a bɔne ayɛ mu ma nyinaa rebrɛ ɔbarima bi a ogyegye nneɛma ho tow wɔ wimhyɛn gyinabea. Obisa wo nsɛm fa wo bɔne no ho na afei ɔma wo fa wo ho di, bere a woatua afɛfɛde a wotɔe bere a na wowɔ amannɔne no ho tow akyi no.”
Saa ara na Frank Wessling kyerɛw asɛm bi wɔ U.S. Catholic mu, na ɔka sɛ bɔneka yɛ “akwankyerɛ bi a wɔde nkakrankakra ma ɛyɛ mmerɛw, fi bɔne nketenkete a wɔnam ahonu mpae a wosua gu wɔn tirim a emu yɛ den a wɔbɔ de yi fi hɔ so kosi amanne a wɔyɛ de tew bɔne ho asotwe so.” Wessling de baa awiei dɛn? Ɔka sɛ: “Migye di sɛ Bɔneka ye ma ɔkra no. Nanso ɔkwan a Katolekfo fa so yɛ no no yɛ ɔhaw.”
Bible no ka bɔneka ho asɛm wɔ ɔkwan soronko koraa so. Nea ehia titiriw ne ka a wobɛka akyerɛ Onyankopɔn. (Dwom 32:1-5) Na Kristoni suani Yakobo kyerɛw sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa] din mu. Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare.”—Yakobo 5:14, 16.
Kristoni a bɔne adesoa aden no no betumi afrɛ asafo no mu ahwɛfo a wobetumi de afotu pa a efi Bible mu ama no, na aboa ɔbɔnefo no ma wagyaw n’akwammɔne no. Ahwɛfo no betumi ama no nkuranhyɛ a ɛfata bere a wɔhwɛ ma nea ɔyare honhom mu no nya nkɔso no. Hwɛ abira ara a ɛne bɔneka ho amanne a asɔre ahorow yɛ no nnɛ no bɔ! Bere a asafo mpanyimfo no ankasa ahyɛ abɔnefo a wɔanu wɔn ho no den no, wobetumi anya ahotɔ a Dawid nyae no bi, sɛnea wakyerɛw wɔ nnwom bi mu no: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.”—Dwom 32:5.