Ma Wo Gyidi Nyɛ Den Denam Kokoam Adesua So
1 Bible no sua ma obi nya honhom mu ahoɔden ne gyidi a ɛyɛ den te sɛ nea aduan ankasa ma obi nya honam fam ahoɔden no. Worentumi nyɛ den honhom mu bere a w’ankasa wunsua Bible no daa no. Bio nso, su pa a yenya wɔ adesua ho ma yetumi nya gyidi a ɛyɛ den na yɛnam so tumi dum Satan bɛmma a ɛredɛw a ɛne ɔtaa, honam fam ade dodowpɛ ne nneɛma a enye a yɛbɛyɛ ho sɔhwɛ no.—Efe. 6:16.
KOKOAM ADESUA MU MFASO AHOROW
2 Kokoam adesua ma ntease a yɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no yɛ kɛse. Ɛboa yɛn ma yenya gyidi a ɛyɛ den na yɛte Kristo dɔ no tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emu dɔ ase. (Rom. 11:33; Efe. 3:16-19) Sɛ́ honhom no aba no, gyidi ba bɛyɛ tumi a ɛkanyan yɛn wɔ yɛn asetra mu. Ɛboa yɛn ma yɛhyɛ nipa su foforo no na yɛyɛ yɛn ade sɛ honhom mufo. (Gal. 5:22, 23; Efe. 4:24) Esiesie yɛn yiye ma yedi yɛn haw ahorow ho dwuma. Ɛma yetumi bu ani gu afoforo mmerɛwyɛ so na yɛma asomdwoe ne biakoyɛ kɔ so wɔ asafo no mu. (Kol. 3:10, 13, 14) Eyi nyinaa betumi ahyɛ yɛne afoforo den.
3 Kokoam adesua siesie yɛn yiye nso ma yɛboa anigyefo a yenya wɔn wɔ asɛnka mu no. Yetumi de ahotoso ‘kyerɛkyerɛ obiara a obisa yɛn anidaso a ɛwɔ yɛn mu no ase.’ (1 Pet. 3:15) Te sɛ yɛn nhwɛsofo Kristo Yesu no, yebetumi akasa sɛ obi a ɔwɔ tumi a onim Yehowa apɛde yiye a otumi da nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ adi pefee wɔ nyansam.—Mat. 7:28, 29.
ƆKWAN A WƆFA SO SUA ADE NE BERE KO
4 Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro adesua bi mu nsɛm ara kwa a yɛbɛkenkan. Egye bere na yɛde asusuw nea yɛankan no ho. Bisa wo ho sɛ: Ɔkwan bɛn so na asɛm no fa me ho? Dɛn na ɛda no adi wɔ Yehowa, ne su, ne n’akwan ho? Ɔkwan bɛn so na metumi de asɛm yi aboa afoforo? Ɔkwan bɛn so na ɛfa nea minim dedaw wɔ asɛm yi ho no ho? Ɛdenam nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ de abua nsɛm a wɔabisa yi so no, yebenya nea yɛresua no ho ntease kɛse na yɛahu sɛnea ɛne nokware no nyinaa hyia. Ɔkwan a wɔfa so nya nhumu nen.—Mmeb. 4:6. Hwɛ United in Worship, nkr. 23-28 nso.
5 Adesua ho nhyehyɛe pa a wubenya hwehwɛ sɛ wubeyi bere pɔtee bi asi hɔ ama adesua na woadi so. (Fa toto Filipifo 3:16 ho.) Ebia eyi yɛ bɛyɛ den ama ebinom, nanso bere a bere kɔ so, ne wɔ mmɔdenbɔ mu, no, ɛba bɛyɛ mmerɛw. Na hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so! Ebia wubetumi asua ade ansa na woakɔda anadwo. Ebinom pɛ sɛ wɔbɛsɔre ntɛm kakra anɔpa bere a wiase ayɛ dinn no na wɔayɛ saa. Wubetumi ayɛ saa awia wɔ bere a wode gye w’ahome wɔ adwuma mu no mu. Hwehwɛ tebea a eye ma adesua wɔ bere biara a eye ma wo no mu. Eyi bɛma woatumi de w’adwene asi so na aka wo tirim. Eyi betumi akanyan koma no wɔ trenee kwan so.—Mmeb. 15:28.
NEA WUBESUA
6 Ɛsɛ sɛ yɛn ho a yebesiesie ama dapɛn-dapɛn nhyiam anum no nya afã titiriw wɔ yɛn kokoam adesua nhyehyɛe no mu. Wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a wusiesie wo ho ma akyi no, so worenya honhom mu aduan pa a wɔasiesie ama Teokrase Ɔsom Sukuu no mu mfaso kɛse? Hwɛ sɛ wubedi Bible akenkan ho nhyehyɛe a wɔayɛ no akyi na gye bere yɛ Bible mu nsɛntitiriw no ho nhwehwɛmu wɔ Asafo nhoma ahorow no mu. Sɛ wudi kan hwɛ ɔkasa 1, 3, ne 4 mu nsɛm no mu a, wubehu sɛ sukuu no mu dwumadi no yɛ anigye kɛse. Bible mu akwankyerɛ a ɛho hia no bɛka w’adwene mu kɛse.
7 Yɛn ho a yebesiesie ama Ɔsom Nhyiam no nnye yɛn kokoam adesua bere no pii, nanso ɛsɛ sɛ yɛde oyi nso ka yɛn nhyehyɛe no ho. Sɛ dapɛn biara wode simma kakraa bi hwɛ dwumadi a wɔada no adi wɔ Yɛn Ahenni Som mu no mu a, eyi bɛboa wo ma wo gyidi ayɛ den na ɛbɛboa wo ma woaka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ asɛnka mu.
8 Kokoam adesua ho nhyehyɛe a ɛkari pɛ bɛboa wo wɔ “tumi mu ahoɔden emu-nipa” a wubenya no mu. (Efe. 3:16) Yiw, gyidi a ɛyɛ den, ɔdɔ kɛse ma Yehowa ne Kristo Yesu, nimdeɛ kɛse, ne ahokokwaw kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu—mfaso yi nyinaa, ne pii a ɛka ho—ma kokoam adesua yɛ nea ɛfata. So wowɔ nhyehyɛe pa ma wo kokoam adesua?