Nya Nkɔso Wɔ Wo Som Adwuma Mu
1 Onyin ne nkɔso yɛ su horow a ɛyɛ anigye sɛ wobehu na wɔanya bi nso. Okuafo de ahopere hwɛ aduaba a wagu sɛ enyin yɛ dua a ɛsow aba. Awofo ani gye ho sɛ wobehu sɛ wɔn mma nyin yɛ mpanyimfo a wɔfata. Saa ara na Yehowa ani gye ho kɛse sɛ obehu sɛ yɛrenya honhom mu nkɔso wɔ yɛn som adwuma mu. N’Asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma yɛn nkɔso nna adi, ɛnyɛ nea wohu.—1 Tim. 4:15, 16; Fil. 3:13, 16.
2 Paulo krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no da no adi sɛ ná ebinom nnya nkɔso wɔ wɔn som adwuma no mu. Ɔde wɔn totoo nkokoaa ho; ná ɛsɛ sɛ obi kyerɛkyerɛ wɔn mfitiasesɛm no ansa na wɔatumi anya nkɔso sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no. (Heb. 5:12-14) So wɔn osuahu no ne afotu a wonyae no nsi so dua sɛ ɛsɛ sɛ wohu sɛ yɛnya nkɔso wɔ yɛn Kristofo adwuma no mu? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yɛn asɛnka adwuma a ebenya nkɔso no ho adwuma?
NEA YƐKA NO A YƐBƐMA ANYA NKƆSO
3 Ebia bere a edi kan a wokɔɔ asɛnka no wotee ehu nka na na wususuw sɛ wo ho nkokwawee. Ebia wusuaa asɛm bi guu wo tirim a ɛno na wokae mpɛn pii kosii sɛ wotee nka sɛ afei de wunsuro bio. Nanso, bere a yenya nimdeɛ a ɛdɔɔso no, ɛsɛ sɛ yɛn asɛm no yɛ fakãã a ɛma yetumi de ahotoso kɛse ka Bible mu nsɛm ahorow pii ho asɛm. Wurenya nkɔso dɛn wɔ eyi yɛ mu? So woda so ara ka asɛm no wɔ afi mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛ bere a wufii asɛnka ase no so? Anaasɛ woanya nkɔso wɔ wo afie afie asɛnka no mu?
4 Yehowa Adansefo pii a wofii asɛnka ase bere a wɔyɛ mmofra no yɛ wɔn a wɔn awofonom kyerɛɛ wɔn nsɛntiaa a wɔka de nsɛmma nhoma ma. Wɔ bere bi akyi no, eyinom anya nkɔso akodu baabi a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no di dwuma a nhoma a wɔde ma ka ho. Awofonom, yɛhyɛ mo nkuran sɛ mommoa mo mma ma wonnya nkɔso wɔ nea wɔka no mu bere a wonyin wɔ nipadua ne honhom mu no.
5 Awofo pii wɔ mma nkumaa a ebinom nnya nnii mfe aduonu a wɔnnyɛ adawurubɔfo. August, 1986, Yɛn Ahenni Som no kaa eyi ho asɛm na ɛde nkuranhyɛ bi mae. Awofonom, ɛho hia sɛ mo ne mo mma besua ade na moahyɛ wɔn nkuran ma wɔabɛyɛ adawurubɔfo. Mommfa no sɛ nea ɛbɛyɛ biara wɔn ankasa bɛyɛ. Mmom no, ɛho hia sɛ moyɛ ho adwuma nkakrankakra
6 Nea ɛho hia titiriw wɔ nkɔso a yebenya wɔ ɔsom adwuma no mu ne ntetee a wɔde ma wɔ asafo nhyiam horow ase no. So yɛyɛ aso tie Ɔsom Nhyiam no yiye? Ɛno mu na yenya akwankyerɛ foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a yehyia wɔ yɛn som adwuma mu no ano. So yɛde nsiesiei pa yi redi dwuma? Sɛ yɛde ntetee a ɛsom bo yi sie yɛn komam na yɛde di dwuma a, yɛn asɛm a yɛka no benya nkɔso kɛse.
BIBLE NE NOKWARE ASOMDWOE NHOMA A YƐDE BƐMA
7 Yɛde New World Translation Bible no ne Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no na ɛbɛma October yi. Wɔ Ghana ha no, eyi bɛyɛ hokwan a edi kan a yɛanya sɛ yɛde Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma foforo no bɛma wɔ afie afie. Kae, sɛ wunni foforo no bi a, wubetumi de dedaw no ama, titiriw, wɔ Twi ne Ewe mu.
8 Yebetumi de n’abien yi ama sɛ Bible ne Bible adesua mmoa. Da no adi sɛ Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ nhoma no kyerɛkyerɛ Bible no anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛde ma a ɛfa nokware asomdwoe ne ahotɔ a ɛkyɛ ho a abɛn pɛɛ no mu. Kyerɛ no sɛnea nhoma no yɛ eyi tiawa. Kenkan nkyekyem 11 ne 12 a ɛwɔ kratafa 8 no. Bere a woyɛ saa no, gyina na kenkan Kyerɛwnsɛm a emu nsɛm nni hɔ no fa kyerɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ wɔ N’Asɛm no mu. Bere a woakenkan nkyekyem no biako anaa n’abien nyinaa a egyina ofiewura no bere ne ne nsɛm tebea so no, bisa asɛm a wɔatintim wɔ nhoma no mu no na ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene. Yegye di sɛ eyi bɛma moabɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Ɛno akyi no, ka kyerɛ ofiewura no sɛ onnye Bible no ne nhoma no, ne afei ofie Bible adesua nhyehyɛe a woayɛ akyerɛ no mprempren ara no. Saa kwan yi so no, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ asomfo a wɔrenya nkɔso a ɛnyɛ nhoma a wɔbɛma nko na wɔn ani gye ho na mmom sɛ wɔde hokwan biara a wobenya befi ofie Bible adesua ase nso.
9 Yɛaba abɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a enya nkɔso no fã, na Yehowa fi ɔdɔ mu boa yɛn ma yɛne no bɔ anan nantew. Momma yɛn nyinaa nnye saa mmoa no so denam yɛn anim a yɛbɛkɔ wɔ yɛn som adwuma mu no so. Ɛdenam akwankyerɛ ne ntetee pii a ɔde ma no a yɛde bedi dwuma so no, momma yɛmfa “ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.”—Efe. 4:15.