Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi Dwuma
1. Ɛsɛ sɛ yebu sɛnea yɛde nhoma ma ho nhwɛso no sɛn?
1 Akwan a yɛbɛfa so aka yɛn nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo ho asɛm no ho nhwɛso taa ba Yɛn Ahenni Som mu. Sɛ yɛreyɛ ɔsom adwuma no a, enhia sɛ yɛka nsɛm no pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔakyerɛw no. Wɔde saa nsɛm no ama sɛ ɛmmoa yɛn ma yennya nea yɛbɛka no ho adwene. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kyerɛkyerɛ nsɛm mu sɛnea yɛte ase a, ɛbɛma yɛn asɛm no atu mpɔn, na aboa ofiewura no ma wanya abotɔyam na wahu sɛ yegye nea yɛreka no di.—2 Kor. 2:17; 1 Tes. 1:5.
2. Dɛn nti na ehia sɛ yesusuw amammerɛ a ɛwɔ baabi a yɛte no ho bere a yɛresiesie akwan a yɛbɛfa so aka asɛm no?
2 Sakra Wo Nsɛm no Mu: Amammerɛ a ɛwɔ baabi a yɛte no ka sɛnea yɛde asɛmpa no ma no kɛse. So wubetumi akyia ofiewura no na woafa so abue w’asɛm no ani so anaasɛ w’asasesin no mufo hwɛ kwan sɛ wobɛkɔ w’asɛm no so tẽẽ? Ɛsono sɛnea eyi te wɔ baabiara ne nnipa biara mpo fam. Nhumu nso ho hia bere a yebisa nsɛm no. Nsɛmmisa a ɛfata wɔ baabi no, wokɔ mmeae foforo bi a etumi haw ɛhɔfo. Enti ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm ho yiye na yɛsakra sɛnea yɛka yɛn nsɛm no ma afata baabi a yɛwɔ no.
3. Dɛn nti na ehia sɛ yesusuw nnipa a yɛne wɔn kasa no tebea ne wɔn nsusuwii ho?
3 Afei nso, bere a yɛresiesie yɛn ho ama asɛnka no, ehia sɛ yɛdwene sɛnea yɛn asasesin no mu nnipa asetra ne wɔn nsusuwii te ho. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛsono sɛnea wo ne obi a ɔyɛ Katolekni mapa besusuw Mateo 6:9,10 ho wɔ ɔkwan a wone obi a onnim “Yɛn Agya a wowɔ soro” mpaebɔ no koraa bɛyɛ ho. Sɛ yedi kan susuw nsɛm ho yiye a, yebetumi asakra sɛnea yɛka asɛm no mu ma atɔ nnipa a yehyia wɔn asɛnka mu no asom.—1 Kor. 9: 20- 23.
4. Dɛn nti na ahosiesie pa ho hia?
4 Sɛ mpo yɛyɛ yɛn adwene sɛ sɛnea yɛde nhoma ma ho nhwɛso a wɔakyerɛw no ara na yɛde bedi dwuma a, ehia sɛ yɛyɛ ahosiesie pa. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo kenkan asɛm anaa ti a ɛwɔ nhoma a yɛpɛ sɛ yɛde ma no mu hwehwɛ nsɛmpɔw a ebetumi akanyan anigye de ka yɛn asɛm no ho. Sɛ yebetumi de yɛn nhoma ahorow no ama wɔ anigye so a, gye sɛ yehu emu nsɛm a eye no yiye.
5. Dɛn nti na ebia ebehia sɛ yesiesie ɔkwan foforo de ka asɛm no, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ?
5 Akwan Afoforo: Akwan a wɔde ama sɛ nhwɛso no nko ara na yebetumi afa so aka asɛm no? Dabi. Sɛ ɔkwan anaa kyerɛwsɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛyɛ mmerɛw ma wo a, fa ɛno di dwuma. Ne titiriw no sɛ ɛyɛ nsɛmma nhoma a, hwehwɛ emu nsɛm a ɛkeka ho a ebia w’asasesin no mufo ani begye ho kɛse no na gyina so ka w’asɛm no. Sɛ wɔreyɛ sɛnea yɛbɛka asɛm no ho ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam no ase a, wobetumi ahyehyɛ ma wɔde ɔkwan biara a etu mpɔn wɔ mo asasesin mu no ayɛ. Saa kwan yi so no, yebetumi aboa anuanom nyinaa ma wɔaka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.