Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/98 kr. 1
  • Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ahosiesie a Wobɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Fa Nsɛmma Nhoma a Edi Nokware no ho Adanse Ma
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Ɛho Hia sɛ Mekɔ so Sakra Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 2/98 kr. 1

Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!

1 Yɛn Ahenni Som no kɔ so de nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ pii a yɛde bedi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu ma yɛn. Eyi ma yenya adwene foforo wɔ sɛnea yɛbɛkanyan nkurɔfo anigye wɔ Ahenni asɛm no ho no ho. Ebetumi aba sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubesua nsɛm a wɔka kyerɛ yi mu biako anaa pii ɔsram biara. Nanso, ebia adawurubɔfo foforo hu sɛ ebedu bere a wɔde emu biako bedi dwuma kakra no, na Yɛn Ahenni Som foforo de nsɛm a wɔka kyerɛ foforo aba. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi asua asɛm foforo a wɔka kyerɛ no ansa na ne ho akokwaw dedaw no mu.

2 Nokwarem no, akwampaefo ne adawurubɔfo foforo pii wɔ hɔ a wɔde bere pii yɛ asɛnka adwuma no. Bio nso, asafo ahorow pii yɛ wɔn asasesin mu adwuma koraa adapɛn kakra biara mu. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, adawurubɔfo ani gye ho sɛ wobenya akwan foforo ne adwenhorow a wɔde bɛka asɛm no. Eyi boa wɔn ma wɔn ho kokwaw kɛse. Ɛma wɔn som adwuma no yɛ anigye kɛse na ɛsow aba nso, na ɛboa wɔn ma wogyina nsɛnnennen a wohyia no ano.

3 Sɛnea ɛte biara no, sɛ woasiesie asɛm bi a wɔka kyerɛ a ɛboa yiye ma afoforo kyerɛ anigye a, sɛnea ɛte biara no, kɔ so fa di dwuma! Ɛho nhia sɛ wubegyae asɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn a ɛresow aba a wode bedi dwuma no. Ɛno ara ne sɛ wobɛyɛ nsakrae wom ma afata nhoma a wɔde rema ɔsram foforo no mu no. Bere a wohwɛ nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no, hwɛ nsɛm a ɛyɛ anigye a ebia wobɛpɛ sɛ wode ka asɛm a woka kyerɛ no ho no.

4 Enti sɛ wo nsa ka Yɛn Ahenni Som a aba foforo a, kae sɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwom no yɛ nyansahyɛ ara kwa. Sɛ wubetumi de adi dwuma a, eye. Nanso sɛ wowɔ asɛm a wɔka kyerɛ bi dedaw a ɛsow aba wɔ mo asasesin mu a, fa di dwuma! Nea ɛho hia ne sɛ ‘wubewie wo som adwuma no koraa’ wɔ ɔkwampa so, anya wɔn a wɔfata na woaboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo.—2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena