Fa Nsɛmma Nhoma a Edi Nokware no ho Adanse Ma
1. Dwuma bɛn na Ɔwɛn-Aban ne Awake! no di?
1 Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ ne Awake! a ɛka ho no yɛ nsɛmma nhoma atitiriw a ɛboa ma yɛyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yɛn ani gye ho sɛ yɛde nsɛmma nhoma abien yi ma nkurɔfo daa bere a yɛde yɛn ho hyɛ Ahenni adwuma no afã horow mu no.
2. Nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ Ɔwɛn-Aban ne Awake! no mu, na adɛn ntia?
2 Mfe a atwam no, wɔayɛ nsakrae wɔ sɛnea nsɛmma nhoma no kɛse te, emu nsɛm, ne ɔkwan a yɛfa so de ma mu. Atirimpɔw a enti wɔayɛ saa nsakrae yi ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo ani agye nsɛmma nhoma no ho na wɔanya so mfaso kɛse, sɛnea ɛbɛyɛ a Ahenni asɛm no bɛka ‘nnipa ahorow nyinaa a wobetumi agye wɔn ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ’ no koma.—1 Tim. 2:4.
3. Dɛn na yɛbɛyɛ de nsɛmma nhoma no ama wɔ asɛnka mu?
3 Efi January 2006 no, yɛn ho akokwaw wɔ nsɛm a yɛka de Awake! a ɛba ɔsram biara ma no mu. Yɛbɛfa ɔkwan a ɛte saa ara so seesei de Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ a ɛba mprenu ɔsram biara no mu biako ama wɔ asɛnka mu. Nsɛm a yɛka de nsɛmma nhoma no mu biara ma no ba Yɛn Ahenni Som no akyi. Eyinom taa ka nsɛm a edi kan wɔ nsɛmma nhoma no mu biako ho asɛm, nanso ɛtɔ mmere bi a woyi nsɛm a nnipa pii ani gye ho no bi nso ka ho asɛm. Sɛ yebetumi de nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som no akyi adi dwuma yiye a, gye sɛ yehu nsɛmma nhoma no mu asɛm ko a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ no mu nsɛm yiye na yɛde yɛn ankasa nsɛm ka ma ɛfata yɛn asasesin no.
4. Dɛn nti na sɛ yɛka asɛm foforo de ka nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho a, ebetumi aboa?
4 Ɛwom sɛ Yɛn Ahenni Som no ma yɛn nyansahyɛ abien wɔ nsɛmma nhoma biara ho de, nanso wubetumi aka asɛm foforo koraa de ama. Ade biako nti a wubetumi ayɛ saa ne sɛ, ebia na nnipa a wɔwɔ mo asasesin no mu pii ani begye emu nsɛm afoforo no mu biako ho. Anaasɛ wote nka sɛ wubetumi aka emu asɛm bi a w’ani gye ho paa ho asɛm yiye de ama.
5. Ansa na wubesiesie asɛm bi a wobɛka de nsɛmma nhoma ama no, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
5 Sɛnea Wubesiesie Asɛm a Wobɛka: Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wuhu emu asɛm a wopɛ sɛ woka de ma no yiye. Ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ahu nsɛmma nhoma no mu asɛm biara yiye ansa na wode ama wɔ asɛnka mu. Nanso ɛsɛ sɛ wode anigye ka asɛm a woapaw sɛ wobɛka akyerɛ no. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, gye sɛ woahu emu nsɛm no yiye.
6. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie asɛm a yɛn ankasa bɛka?
6 Nea edi hɔ no, sɛ woresiesie wo nnianim nsɛm a, yɛ fakaa anaa dannan wo nsɛm mu. Wubetumi de asɛmmisa bi a ɛkanyan adwene a ɛfa asɛm no ho afi nkɔmmɔbɔ ase. Nya ahotoso bere nyinaa sɛ tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛka nkurɔfo koma. (Heb. 4:12) Paw kyerɛwsɛm bi a ɛfata a ɛfa asɛm a wopɛ sɛ woka no ho, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so anaa wɔaka mu asɛm wɔ nsɛmma nhoma a wopɛ sɛ wode ma no mu. Susuw sɛnea wobɛnwene kyerɛwsɛm no afa asɛm no ho ho.
7. Dɛn bio na yebetumi ayɛ ama asɛm a yɛbɛka no atu mpɔn?
7 Bere Biara a Hokwan Bebue: Sɛ asɛm a yɛka de nsɛmma nhoma ma betumi atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma. Sɛ edu Memeneda a, wo ne asafo no mmɔ anan nkɔyɛ nsɛmma nhoma ɔsatu. Fa nsɛmma nhoma no ma nkurɔfo a wɔagye yɛn nhoma afoforo pɛn. Fa nsɛmma nhoma no ma wo Bible asuafo ne nnipa afoforo a ebia a wɔwɔ hɔ bere a woreyɛ sankɔhwɛ no bere nyinaa. Wubetumi de nsɛmma nhoma ama nkurɔfo bere a worekodi gua, woretu kwan, anaa woretwɛn oduruyɛfo no. Ma asɛm a wobɛka no ntu mpɔn bere a wode reyɛ adwuma wɔ ɔsram no mu no.
8. Ɔwɛn-Aban ne Awake! no da nsow wɔ akwan bɛn so?
8 Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no da nsow. Ɛkamfo Yehowa sɛ Amansan Hene. (Aso. 4:24) Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɛwom no ma nkurɔfo nya awerɛkyekye na ɛhyɛ Yesu Kristo mu gyidi ho nkuran. (Mat. 24:14; Aso. 10:43) Bio nso, ɛkɔ so hwɛ sɛnea nsɛm a esisi wɔ wiase no ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu. (Mat. 25:13) Siesie wo ho sɛ wode nsɛmma nhoma yi bɛma bere biara a hokwan bebue na wode aboa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no ma wɔanya so mfaso!
9. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ kwan ama sankɔhwɛ?
9 Sɛ wutumi de nsɛmma nhoma bi ma anaa sɛ wo ne obi bɔ asɛm bi a ɛfa ɔsom ho ho nkɔmmɔ kɛkɛ mpo a, siesie asɛmmisa anaa asɛm bi a ɛkanyan adwene a wubetumi de abɔ kwan ama sankɔhwɛ ne asɛm foforo a ɛfa ɔsom ho a wo ne no bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛde nsi gu nokware no aba a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bebue wɔn a wɔpɛ paa sɛ wohu No na wɔsom No no koma mu.—1 Kor. 3:6.