February Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase February 2
Dwom 166
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka adaka a ɛfa “Drama Kasɛt Foforo” ho no ho asɛm. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Yehowa Adansefo—Nokware Asɛmpakafo.” Nsɛmmisa ne mmuae. Munsusuw adaka a ɛwɔ September 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19 no ho.
20 min: “To Nsa Frɛ Obiara a Sukɔm De No.” Munsusuw asɛm no ho, na da sɛnea wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no di dwuma de kanyan atiefo anigye adi. Ma ɔpanyin bi nyɛ nkyekyem 2-3 anaa 4-5 ho ɔyɛkyerɛ, na abofra bi nyɛ nkyekyem 6 ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 9
Dwom 96
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu.” (Nkyekyem 1-10) Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ kasa ahorow a nnipa pii a wɔwɔ mo asasesin mu ka, na kyerɛ nhoma ko a mo asafo no wɔ bi wɔ saa kasa ahorow no mu. Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 10 no, ma obi nyɛ Good News for All Nations nhomawa no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 16
Dwom 75
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
12 min: Nea Enti a Ehia sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Ahorow. Ɔpanyin ka nsɛntitiriw a ɛwɔ August 15, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 8-11 no mu asɛm, na osi hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ nhyiam ahorow nyinaa no so dua.
18 min: “Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu.” (Nkyekyem 11-29) Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ ɔsom ahorow a wɔnyɛ Kristofo a ɛwɔ mo asasesin no mu. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔne obi a ogye Afrikafo nananom som di, Buddhani, Hinduni, Yudani, anaa Kramoni—nea ɛfa mo hɔ tebea ho biara—fi adansedi ase.
15 min: “Yehowa Ne Me Boafo.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a emu yɛ hyew a ɔpanyin ma.
Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 23
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Munsusuw nhoma a yɛde bɛma March ho. Kyerɛ atirimpɔw biako anaa abien nti a yɛde Nimdeɛ nhoma no rema, na fa March 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 mu nsɛm di dwuma. Si botae a ɛne sɛ wobefi ofie Bible adesua ahorow ase so dua.
15 min: “Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔn ho akokwaw mfi atiefo no mu nka nsɛm tiawa a ɛkyerɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔakɔ so de adi dwuma esiane tiaa a ɛyɛ ne aba a asow nti. Afei ma ebinom nka akwan a wɔahyɛ ho nyansa nnansa yi ara wɔ Yɛn Ahenni Som mu a asow aba ho asɛm.
20 min: Bobɔ Nsɛm a Woka Kyerɛ So. Ɔkasa tiawa a egyina School Guidebook nhoma no nkratafa 98-9, nkyekyem 8-9 no so. Si hia a ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn nsɛm a yɛka kyerɛ mu na yɛahu akwan a yɛbɛfa so ama atu mpɔn kɛse so dua. Ma anuanom mmea baanu nyɛ sɛnea wɔhwehwɛ nea wɔyɛe wɔ pon bi ano mu ho ɔyɛkyerɛ, na wɔnka sɛnea wobetumi ama atu mpɔn ho asɛm. Wɔde bere tiaa bi nso bobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma bere foforo so hwɛ, na wɔn mu biara ma ɔfoforo nyansahyɛ a ɛbɛboa. Oguamtrani no wie denam nkuran a ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ nsɛm a wɔka kyerɛ mu na wɔmmobɔ so no so.
Dwom 103 ne mpaebɔ a wɔde wie.