‘Yehowa Ne Me Boafo’
1 Bere a Yesu somaa n’asuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini.” (Mat. 10:16) So ɛno bɔɔ wɔn hu ma wogyaee? Dabi. Wonyaa su a akyiri yi ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo no: ‘Fa akokoduru ka sɛ: Yehowa ne me boafo, merensuro. Onipa betumi ayɛ me dɛn?’ (Heb. 13:6) Wɔn ani gyei sɛ wobuu wɔn sɛ wɔfata sɛ Yesu din nti wɔbɔ wɔn ahohora, na wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no a wɔannyae.—Aso. 5:41, 42.
2 Ɛnnɛ, wiase nyinaa asɛnka adwuma no adu ne mmere a etwa to mu. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, aman nyinaa tan yɛn. (Mat. 24:9) Wɔasɔre atia yɛn asɛnka adwuma no adi ho fɛw, na wɔ asase no mmeae bi no, wɔabara mpo. Sɛ yenni gyidi a, ehu betumi aka yɛn. Nanso, nim a yenim sɛ Yehowa ne yɛn Boafo no ma yenya abotɔyam na ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so gyina mu.
3 Nea akokoduru kyerɛ ne sɛ obi bɛyɛ den, onsuro, ɔmmɔ hu. Ɛyɛ osuro, ne ehu abirabɔ. Yesu asuafo ahia akokoduru a wɔde begyina mu bere nyinaa. Ɛho hia na wiase a ɛtan Nyankopɔn no abrabɔ ne ne nneyɛe amma yɛn abam ammu. Hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yebesusuw Yesu a odii wiase so nkonim no nhwɛso a ɛkyɛn so no ho! (Yoh. 16:33) Kae asomafo a bere a na wɔwɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no wɔde akokoduru kaa eyi no nso: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.
4 Yɛnyɛ Nkurɔfo a Wɔtwe San: Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya yɛn adwuma no ho adwempa. (Heb. 10:39) Ma ɛntra w’adwene mu bere nyinaa sɛ Yehowa na ɔresoma yɛn de ada ne dɔ ne ne mmɔborohunu a ɔwɔ ma adesamma nyinaa no adi. Ɔnkyerɛ n’asomfo sɛ wɔnyɛ biribi a enni atirimpɔw pa biara ho dwuma da. Biribiara a ɔkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no yɛ nea awiei koraa ɛbɛboa wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn no.—Rom. 8:28.
5 Adwempa a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ahwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ yɛn asasesin mu no. Yebetumi abu anibiannaso a nkurɔfo yɛ no sɛ abasamtu ne anidaso a wonni a wɔda no adi. Momma ɔdɔ a yɛwɔ no nkanyan yɛn mma yɛnna tema ne boasetɔ adi. Bere biara a yɛde nhoma bɛma anaa yebehu anigye ho mpopoe bi no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ntɛm ara de akanyan wɔn anigye bio. Ɛnsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nnaa wɔ tumi a yebetumi afi Bible adesua ase anaa mpɔn a yebetu wɔ ne yɛ mu no ho. Mmom no, momma yɛmfa mpaebɔ nhwehwɛ Yehowa mmoa ne n’akwankyerɛ daa, na yennya ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn.
6 Yegye di yiye sɛ Yehowa bɛhwɛ ma yɛawie adwuma no koraa. (Fa toto Filipifo 1:6 ho.) Ne mu ahotoso koraa a yɛwɔ sɛ ɔne yɛn Boafo no hyɛ yɛn den na ‘yɛammrɛ papayɛ mu.’—Gal. 6:9.