Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/98 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 2/98 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua ahorow a wubefi ase so. April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan!

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no susuw daa akwampaefo nyinaa dwumadi ho. Sɛ obi rehyia nsɛnnennen a entumi mma onnu ne nnɔnhwerew ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe yɛ no mmoa. Sɛ mopɛ nyansahyɛ ahorow a, munti Asafo ti no nkrataa (S-201) a wɔkyerɛw no October 1, 1993, ne November 2, 1992 no mu. Afei nso hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20.

◼ Efi May 4, 1998 dapɛn no kosi September 14, 1998 dapɛn no mu no, yebesua “W’ahenni Mmra” nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Nanso, asafo ahorow a wɔka Engiresi kasa no besua The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April, ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene wɔn so sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo kuw a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu no hwɛ hu sɛ wɔde Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no bɛma wɔ wɔn asɛnka mu. Wobetumi de nhoma dedaw a aka nso aka ho.

◼ Wɔremmue Betel Fida, March 6, 1998. Wɔrenyɛ adwuma saa da no, enti yɛsrɛ sɛ monnkɔ hɔ anaa monnyɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe biara.

[Kratafa 7 adaka]

Drama Kasɛt Foforo Bere a edi kan wɔ ɔman yi mu no, yɛanya kasɛt a wɔato din Nkwa So a Yɛbɛkora Wɔ Ɔkɔm Bere Mu wɔ yɛn man yi mu kasa a edidi so yi mu—Ewe, Ga, ne Twi. Asafo ahorow no betumi akra bi. Esiane sɛ eyi yɛ “Controlled Stock” nneɛma nti, yɛsrɛ sɛ monkra mma ankorankoro a wobisa nkutoo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena