Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu
1 Afeha a edi kan no mu Kristofo no de nnamyɛ dii nnipa a na wɔka kasa afoforo na wɔwɔ ɔsom ahorow mu adanse. Ne saa nti, “eduu afe 100 no na ɛkame ayɛ sɛ Kristofo wɔ aman a ɛwɔ Mediteranea ho no mu biara mu.”—History of the Middle Ages.
2 Wɔ Ghana ha no, nnipa pii ka aman foforo so kasa a ɛnyɛ Engiresi kasa. Esiane nnipa atutuatutu nti, nkuropɔn ne nkurow bi wɔ hɔ a ananafo a wɔdɔɔso yiye, a aguanfo ka ho, wom. Afei nso, nnipa pii a wɔwɔ ɔsom ahorow a ɛnyɛ Kristofo de mu abegye nnwuma wɔ ha reyɛ, na Buddhafo, Hindufo ne Nkramofo nso ka saafo yi ho. Ghanafo bi nso agye ɔsom ahorow yi atom, na ebinom rekamfo Afrikafo nananom som kyerɛ. Esiane kasa ne ɔsom ahorow yi nti, sɛ yehyia nnipa a wɔte saa a, ɛyɛ den yiye sɛ yebehu sɛnea yɛne wɔn nyinaa bɛkasa, na yɛadi wɔn adanse. Ne saa nti, yebetumi anya asɛmpatrɛw asasesin wɔ beae a yɛn ankasa te. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Yesu ahyɛde a ese ‘yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni’ nnipa a wɔka kasa horow na wɔwɔ ɔsom ahorow nyinaa mu no ‘adanse fefeefe’ no so?—Aso. 10:42.
Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Foforo
3 Nkɔanim kɛse aba adawurubɔfo foforo a wɔka aman foforo so kasa mu wɔ nsase foforo so. Wɔahyehyɛ asafo ne akuw ahorow a wɔka aman foforo so kasa pii. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ yɛn asasesin mu de aboa wɔn a wɔka aman foforo so kasa no?
4 Kasa mu Akwanside so a Yebedi: Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔde nkurɔfo kurom kasa kyerɛkyerɛ wɔn a, wohu ade ntɛmntɛm na wɔte ase yiye. “Asɛmpa no” ne sɛnea ɛbɛyɛ a ‘afoforo benya mu kyɛfa nti,’ anuanom mmarima ne mmea pii asua kasa foforo. (1 Kor. 9:23) Ɛwom sɛ na onuawa bi a ɔka Engiresi kasa ama ɔbea bi a ɔka China kasa nsɛmma nhoma mfe pii de, nanso ɔbea no amma wɔne no anyɛ Bible adesua kosii sɛ onuawa foforo a na ɔresua China kasa maa no nhoma a ɛwɔ saa kasa no mu. Ogyee no ntɛm so ma wɔne no yɛɛ adesua. Nea ɛma ɛbaa saa nyinaa ne mmɔden a onuawa a ɔto so abien no bɔe sɛ ɔbɛka ɔbea no ankasa kasa kakra.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 22:2 ho.
5 Ntease pa na November 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no de ka saa asɛm yi: “Sɛ mmofra sua ɔman foforo so kasa a, ɛnyɛ wɔn adwenem nko na ebebue, na mmom ɛbɛma wɔn ho aba Yehowa ahyehyɛde no mfaso kɛse nso.” Adawurubɔfo binom de ato wɔn ho so sɛ wobesua kasa foforo. Wɔ saa kwan yi so no, anuanom atumi aboa titiriw wɔ asafo ahorow a wohia wɔn ma wɔadi anim no mu. Sɛ wote wo man mu kasa bi ka nea woka ho, anaa wowɔ ɔpɛ sɛ wubesua a, wo nso wubetumi aboa asafo anaa kuw bi.—Mat. 9:37, 38.
6 Onua bi a ɔwɔ Florida, U. S. A., a osuaa Vietnam kasa ansa na ɔreba nokware no mu no ani agye kɛse seesei wɔ asɛmpa no a ɔka kyerɛ nkurɔfo wɔ Vietnam kasa mu no mu. Nea ɛbɛyɛ na wanya bere pii de ne nimdeɛ a ɔwɔ wɔ saa kasa no mu adi adanse nti, ɔde n’abusua twaa kwan tenten kɔtraa baabi a Vietnamfo wɔ na mmoa ho hia kɛse no. Efi bere a otui no, watumi ne Vietnamfo pii ayɛ Bible adesua a etu mpɔn.
7 Onua kwampaefo bi a ɔwɔ Ghana kyerɛ mum kasa. Asotifo pii wɔ ne sukuu mu. Esiane sɛ wɔn a wɔadi dɛm taa yɛ ankonam na wɔn ani sɔ afoforo fekubɔ nti, wafa ne sukuu no sɛ asasesin titiriw, na ɔne wɔn di nokware no ho nkitaho daa. Anigyesɛm ne sɛ, saafo yi mu bi ani gye Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no ho, na wɔresua Bible no anibere so seesei. Ɔne onua foforo bi a ɔno nso asua mum kasa no abom reboa akyerɛ wɔn ade, na wɔkyerɛ asafo nhyiam horow, amansin ne amantam nhyiam nsɛm ase ma saa komapafo yi nya mu mfaso seesei. Asotifo no mu baanu renya nkɔso kɛse wɔ nokware no mu, na wɔada no adi dedaw sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Anuanom baanu yi de nsiyɛ redi mum adanse, na wɔreyɛ ofie Bible adesua daa.
8 Sɛ wutumi ka ɔman yi mu kasa bi yiye ka nea woka ho, na wowɔ ɔpɛ sɛ wubetu akɔtra asasesin bi a mmoa ho hia kɛse mu a, dɛn nti na wo ne asafo no mu mpanyimfo nka ho asɛm. Sɛ wɔte nka sɛ wofata sɛ wutu kɔyɛ adwuma a ɛte saa a, bisa ɔmansin sohwɛfo no sɛ baabi a ɛbɛn wɔ hɔ a wubetumi akɔsom a. Sɛ ebi nni hɔ a, wubetumi akyerɛw Asafo ti no, sɛ mpanyimfo no kyerɛw krataa ka nea wonim fa wo su ahorow ne kasa ho nimdeɛ a wowɔ ho ka ho a.—Hwɛ August 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-3.
9 Adwinnade Ahorow a Wɔde Ama a Yɛde Bedi Dwuma: Yɛwɔ nhoma wɔ kasa horow pii mu. Ɛyɛ papa sɛ wode nkratawa a ɛwɔ kasa horow a wɔka wɔ w’asasesin mu—anaasɛ sɛ asafo biara a ɛka kasa foforo nyɛ adwuma wɔ asasesin koro no ara mu a, Ahwehwɛde nhomawa no—mu bɛhyɛ wo ho. Sɛ wuhu sɛ Engiresi nyɛ onipa no kasa a, bisa no kasa horow a ɔkenkan. Eyi betumi ama woahu nhoma pɔtee a wubetumi de ama no no yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia obi a ɔka Urdu kasa betumi akenkan Arabic nso.
10 Sɛ wonka onipa a wuhyia no wɔ asɛnka mu no kasa mpo a, wubetumi aka asɛmpa no akyerɛ no ara. Ɔkwan bɛn so? Denam Good News for All Nations nhomawa no a wode bedi dwuma so. Mubetumi akra eyi afi baa dwumadibea. Eyi nyɛ nhomawa a yɛde ma wɔ asɛnka mu; biako pɛ na ehia sɛ ɔdawurubɔfo biara de hyɛ ne ho. Nsɛm ntiatiaa a ɛwɔ kasa horow 59 mu na ɛwom. Sɛnea akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ nhomawa no kratafa 2 kyerɛkyerɛ mu no, bere a woahu kasa a ofiewura no ka no, ma ɔnkenkan nsɛm a ɛwɔ nhomawa no mu no kratafa a ɛfata no. Sɛ ɔkenkan wie a, fa nhoma bi a ɛwɔ ne kasa mu kyerɛ no. Sɛ wunni bi a, fa nhoma a ɛwɔ Engiresi kasa mu kyerɛ no. Kyerɛ no sɛ wobɛbɔ mmɔden de nea ɛwɔ ne kasa mu abrɛ no. Bisa ne din, na kyerɛw n’address ka ho. Ebia wubetumi de nsɛm a woakyerɛw yi akɔma asafo anaa kuw a ɛbɛn wo a wɔka saa kasa no. Sɛ obi a ɔka saa kasa no nni hɔ a ɔbɛkɔ akodi ho dwuma a, wubetumi afa ato wo ho so, denam ebia nhoma no a ɛwɔ Engiresi anaa w’ankasa wo kasa mu akyi a wubedi ne onipa no asua so.—1 Kor. 9:19-23.
Nnipa a Wɔn Som Ahorow Nyɛ Kristofo De a Yebedi Wɔn Adanse
11 Obi som ho nimdeɛ kakra a yebenya no boa yɛn ma yedi Onyankopɔn Ahenni ho adanse a etu mpɔn. Mankind’s Search for God nhoma no ma yehu wiase som atitiriw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya gyidi ahorow a nkurɔfo kura ho ntease a ɛfata na ama yɛatumi aboa wɔn ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ.
12 Adaka a ɛwɔ krataa a ɛhyem yi akyi no kyerɛ yɛn nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no de ama seesei a yɛde di nkurɔfo a wɔnyɛ Kristofo adanse no. Sɛ yɛkenkan saa nhoma ahorow yi a, yehu sɛnea yɛde asɛmpa no bɛkɔ nkurɔfo nkyɛn yiye. Adwinnade a mfaso wɔ so a ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ne Reasoning nhoma no. Saa nhoma yi nkratafa 21-4 de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yebua Buddhafo, Hindufo, Yudafo, ne Nkramofo no ho.
13 Ahwɛyiye a Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔ Nea Woka Ho: Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa no sɛ ɔsom bi mufo ankorankoro gyidi a wokura no ne ɔsom no mufo a aka gyidi yɛ biako. Mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea wo ne no rekasa no adwene. (Aso. 10:24-35) Sɛ́ Kramoni no, wɔtetee Salimoon ma obenyaa gyidi sɛ Koran yɛ Onyankopɔn asɛm. Nanso wannye Nkramofo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo no bɛyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hellgya mu no anni da. Da bi, Yehowa Adansefo too nsa frɛɛ no kɔɔ asafo nhyiam bi ase. Ohuu nokware no ntɛm ara, na seesei ɔsom anigye mu sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo mu.
14 Sɛ yɛredi wɔn a wɔnyɛ Kristofo adanse a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ɔkwan a yɛfa so no amma yɛanhwere hokwan a yebenya ne wɔn abɔ asɛmpa no ho nkɔmmɔ no. (Aso. 24:16) Mmɔden biara a obi bɔ sɛ ɔbɛdan ɔsom bi mufo afi wɔn som ho no tumi haw wɔn yiye. Enti ma w’ani nna hɔ na hwehwɛ nsɛm bi a mo nyinaa adwene behyia wɔ ho, na ama atwetwe wɔn aba Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho. Nnipa a wɔte sɛ nguan no betie nokware no ho asɛm a wofi ayamye mu ka na wɔma emu da hɔ no.
15 Ehia sɛ yesusuw nsɛmfua a yɛde di dwuma ho nso, anyɛ saa a yɛbɛpam nkurɔfo afi yɛn asɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ nhwɛso no, sɛ woda wo ho adi ntɛm ara sɛ woyɛ Kristoni a, wo tiefo no bɛka sɛ woyɛ Kristoman asɔre ahorow no bi muni, na ebetumi ayɛ akwanside. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wobɛbɔ Bible no din “kyerɛw nsɛm” anaa “nkyerɛwee kronkron.”—Mat. 21:42; 2 Tim. 3:15.
16 Sɛ wuhyia obi a ɔnyɛ Kristoni na wote nka sɛ wuntumi nni no adanse amonom hɔ ara a, fa hokwan no ne no mmɔ manni kɛkɛ, ma no kratawa, bɔ wo din kyerɛ no na bisa ne de. Afei san kɔ hɔ n’adekyee anaa nnanu akyi, bere a woasiesie wo ho yiye sɛ wubedi adanse no.—1 Tim. 4:16; 2 Tim. 3:17.
17 Buddhafo a Yebedi Wɔn Adanse: (Hwɛ Mankind’s Search for God ti 6.) Nsonsonoe kɛse wɔ Buddhani biako gyidi ne ɔfoforo de mu. Sɛ́ anka Buddhafo bɛka Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ hɔ ho asɛm no, wogye di sɛ Indiani Buddha Gautama a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no ne obi a ɛsɛ sɛ wodi n’akyi wɔ ɔsom mu. Bere a Gautama dii kan huu akwakoraa yarefo bi ne obi a wawu no, odii yaw wɔ nkwa atirimpɔw ho. Obisae sɛ: ‘So wɔwoo nnipa sɛ wommehu amane, wonnyinyin, na wonwuwu kɛkɛ?’ Nokwarem no, yebetumi ayi saa nsɛmmisa yi ano ama Buddhafo a wɔpɛ sɛ wonya ho mmuae nokware mu no.
18 Sɛ wo ne Buddhafo rekasa a, ka nsɛm a ɛyɛ papa, ne nhoma akronkron nyinaa mu nea ɛsen biara, Bible, no mu nokware ahorow a emu da hɔ. Te sɛ nnipa dodow no ara no, Buddhafo ani gye asomdwoe, abrabɔ pa, ne abusua asetra ho kɛse, na wɔn ani taa gye nkɔmmɔ a ɛfa saa nsɛm yi ho no ho. Eyi betumi akowie Ahenni no so dua a wubesi sɛ ɛne adesamma haw ahorow ano aduru ankasa no mu.
19 Yebetumi ahu nkurɔfo a wɔwɔ Buddhasom ne Apuei fam nyansapɛ afoforo mu gyidi wɔ yɛn asasesin no afã bi. Wɔn mu bi yɛ sukuufo a wɔkɔ sukuupɔn ahorow. Bere a onuawa bi huu Chinani barima bi wɔ nnuantɔnbea no, ɔmaa no kratawa a ɛwɔ ne kasa mu ne no hyehyɛɛ Bible adesua. Ɔbarima no kae sɛ: “Wokyerɛ Kyerɛw Kronkron Bible no? Mahwehwɛ eyi me nkwa nna nyinaa!” Ofii ase suaa ade saa dapɛn no ara, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa.
20 Bɛboro mfe du ni na onuawa kwampaefo bi a ɔwɔ U.S. de nokware no akyerɛkyerɛ Chinafo sukuufo bi. Ɔkwan a ɔfa so a ɛboa no yiye ne sɛ ɔbɛka sɛ wahu biribi a ɛyɛ sukuufo no nyinaa ahiasɛm—wɔn nyinaa pɛ asomdwoe ne anigye. Afei obisa sɛ ebia ɛho hia wɔn nso anaa. Wogye tom bere nyinaa. Ɔtwe wɔn adwene si Lasting Peace and Happiness—How to Find Them nhomawa no a wɔyɛ maa Chinafo no so. Bere a wosuaa ade mpɛn anum pɛ no, sukuufo no biako ka kyerɛɛ no sɛ ofi bere tenten na ahwehwɛ nokware no, na afei na wahu.
21 Wɔn a Wogye Afrikafo Nananom Som Di a Yebedi Wɔn Adanse: Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ saa som yi mu no gye Onyankopɔn Pumpuni, amansan Bɔfo no di. Eyi yɛ ade a yɛn adwene hyia wɔ ho. Yebetumi agyina eyi so akyerɛ sɛ amansan Nyankopɔn no wɔ atirimpɔw ma yɛn asase yi. Yebetumi ne wɔn abɔ Ahenni nhyira ahorow ho nkɔmmɔ na yɛatwe wɔn adwene akɔ Ahwehwɛde nhomawa adesua a ɛto so 5 no so.
22 Hindufo a Yebedi Wɔn Adanse: (Hwɛ Mankind’s Search for God ti 5.) Hindusom nni gyidi pɔtee bi. Ne nkyerɛkyerɛ yɛ hwanyann paa. Hindufo kura adwene a ɛne sɛ wɔn nyame titiriw Brahman yɛ baasakoro (Brahma ne Ɔbɔadeɛ, Vishnu ne nea Ɔkora Nneɛma So, na Siva yɛ Ɔdesɛefo). Ɔkra a enwu mu gyidi ho hia Hindufo wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa onipa a owu ma wɔsan wo no foforo no ho mu, na ɛma wonya nkwa ho adwene sɛ egyina nkrabea so. (Hwɛ Reasoning nhoma no nkratafa 317-21, ne May 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 3-8.) Hindusom kyerɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wonya afoforo ho abotare, na wɔkyerɛ sɛ ɔsom ahorow nyinaa kowie nokware biako mu.
23 Ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so di Hinduni adanse ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn anidaso a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ nnipa pɛyɛ mu wɔ asase so a egyina Bible no so, ne nsɛmmisa a ɛho hia a adesamma nyinaa hyia ho mmuae a abotɔyam wom a Bible no de ma no mu.
24 Yudafo a Yebedi Wɔn Adanse: (Hwɛ Mankind’s Search for God ti 9.) Yudasom nte sɛ ɔsom ahorow a aka a ɛnyɛ Kristofo de no, egyina abakɔsɛm so, ɛnyɛ anansesɛm. Adesamma nam Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no so hu nokware Nyankopɔn no a wɔhwehwɛ no ho biribi a ɛho hia. Nanso, nea ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia no, ɛnnɛyi Yudasom nkyerɛkyerɛ titiriw ne onipa kra a enwu da. Wubetumi anya biribi a mo adwene behyia wɔ ho denam si a wubesi so dua sɛ yɛsom Abraham Nyankopɔn, na woagye atom sɛ nsɛnnennen koro no ara na yɛn nyinaa hyia wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no so.
25 Sɛ wuhyia Yudani a onnye Onyankopɔn nni a, bisa a wubebisa no sɛ saa na wate nka bere nyinaa anaa no betumi aboa wo ma woahu nea n’ani begye ho kɛse. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔntee nkyerɛkyerɛmu a ntease wom a ɛfa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan ho da. Yebetumi ahyɛ Yudafo a wɔwɔ koma pa nkuran ma wɔasan ahwehwɛ Yesu gyinabea sɛ Mesia no mu, a wonnyina nsusuwii a ɛnteɛ a Kristoman wɔ wɔ ne ho so, na mmom sɛnea Yudafo a wɔkyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm no kaa ne ho asɛm no so.
26 Nkramofo a Yebedi Wɔn Adanse: (Hwɛ Mankind’s Search for God ti 12.) Nkramofo yɛ nkramosom mufo a wogye di sɛ Allah nkutoo ne wɔn nyame, na Muhammad (570-632 Y.B.) ne ne diyifo a otwa to a ɔsen biara. Esiane sɛ Nkramofo nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ Ba nti, wobu Yesu Kristo sɛ Onyankopɔn diyifo kumaa bi kɛkɛ. Koran a wɔkyerɛwee no ennuu mfe 1,400 no twe adwene si Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa so. Nkramosom ne Katoleksom di nsɛ yiye. Ɔsom abien no nyinaa kyerɛkyerɛ onipa kra a enwu da, bere tiaa mu ayayade, ne hellgya a ɛwɔ hɔ.
27 Asɛm a ɛda adi sɛ yɛn nyinaa gye tom ne gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Obi a ɔkenkan Koran no yiye ahu adwene pii a ɛtwe si Torah, Nnwom, ne Nsɛmpa no so sɛ Onyankopɔn Asɛm no, na wakenkan sɛ ɛsɛ sɛ wogye tom sɛnea ɛte no na wodi so. Enti, wubetumi ayɛ nhyehyɛe na wo ne onipa no asua eyinom.
28 Yebetumi de asɛm a wɔka kyerɛ yi adi dwuma wɔ obi a ɔka sɛ ɔyɛ Kramoni fam: “Me ne Nkramofo pii nkasae, nanso makenkan mo som mu nkyerɛkyerɛ ho biribi kakra afi nhoma ketewa yi mu. [Dan kɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So no kratafa 15.] Ɛka sɛ Yesu yɛ odiyifo nanso Muhammad ne odiyifo a otwa to a ɔsen biara. Wugye di nso sɛ na Mose yɛ nokware diyifo? [Twɛn ma ommua.] So metumi akyerɛ wo nea Mose sua fii Onyankopɔn hɔ wɔ Ne din ankasa ho?” Afei kenkan Exodus 6:2, 3. Sɛ wokɔyɛ sankɔhwɛ a, mubetumi abɔ The Time for True Submission to God nhomawa no mu asɛmti ketewa “Onyankopɔn Biako, Ɔsom Biako” a ɛwɔ kratafa 13 no mu nkɔmmɔ.
29 Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔreyɛ wɔn ade ma ɛne nsɛm a ɛwɔ Yesaia 55:6 a ɛkenkan sɛ: “Mónhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, mómfrɛ no bere a ɔbɛn no” ahyia. Eyi fa nnipa komapafo nyinaa ho, ɛmfa ho kasa a wɔka anaa ɔsom a wɔwɔ mu no. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so bere a yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ ‘akɔyɛ amanaman nyinaa asuafo no.’—Mat. 28:19.
[Kratafa 6 adaka]
Nhoma Ahorow a Wɔayɛ Ama Nkurɔfo a Wɔnyɛ Kristofo
Buddhafo
In Search of a Father (Nhomawa)
“Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” (Nhomawa)
In Search of a Father (Nhomawa)
Chinafo
Lasting Peace and Happiness—How to Find Them (Nhomawa)
Hindufo
From Kurukshetra to Armageddon—And Your Survival (Nhomawa)
Our Problems—Who Will Help Us Solve Them? (Nhomawa)
The Path of Divine Truth Leading to Liberation (Nhomawa)
Victory Over Death—Is It Possible for You? (Nhomawa)
Why Should We Worship God in Love and Truth? (Nhomawa)
Yudafo
A Peaceful New World—Will It Come? (Kratawa a Ɛto so 17)
Yehowa Adansefo—Dɛn na Wogye Di? (Kratawa a Ɛto so 18)
Will There Ever Be a World Without War? (Nhomawa)
Nkramofo
How to Find the Road to Paradise (Kratawa)
The Time for True Submission to God (Nhomawa)