Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/12 kr. 4-7
  • Hwehwɛ Nkurɔfo na Ka Asɛm no Kyerɛ Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwehwɛ Nkurɔfo na Ka Asɛm no Kyerɛ Wɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yehowa Atew N’anim Ama Wɔn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Mum a Wɔwɔ W’asasesin Mu No
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa A Ɛsono Wɔn Kasa
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Ma W’ani Nnye Wo Nuanom Asotifo no Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 7/12 kr. 4-7

Hwehwɛ Nkurɔfo na Ka Asɛm no Kyerɛ Wɔn

1. Dɛn nti na wɔma asafo bi ka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔka wɔn kasa wɔ nsasesin a wɔka kasa pii wom mu?

1 Bere a Yesu asuafo no nyaa honhom kronkron akyi wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, “wofii ase kaa kasa horow” kyerɛɛ wɔn a na wofi akyirikyiri nsase so no. (Aso. 2:4) Eyi ma wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu. Anwonwasɛm ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na ahɔho no mu dodow no ara nso ka kasa biako, ebetumi ayɛ Hebri anaa Hela kasa. Nanso, Yehowa maa wɔde wɔn ankasa kurom kasa kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɛda adi sɛ ade biako nti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, sɛ nkurɔfo te asɛmpa no wɔ wɔn kurom kasa mu a, wɔtaa yɛ ho biribi ntɛm. Enti ɛnnɛ, wɔ nsasesin a wɔka kasa pii wom mu no, wɔma asafo ahorow no mu biara ka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔka wɔn kasa wɔ asasesin no mu. (Nhyehyɛe nhoma, kr. 107, nky. 2-3) Wɔmmma akuw a wɔka aman foforo so kasa no asasesin, na mmom wɔka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔka kasa no wɔ asafo a wɔwom no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no asasesin mu.

2. (a) Henanom na ɛsɛ sɛ mokɔhwehwɛ wɔn, na ɛhefa na mubetumi akɔhwehwɛ wɔn? (b) Dɛn na asafo ahorow betumi ayɛ de aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔayɛ adwuma wɔ asasesin a wɔka kasa pii wom mu? (d) Sɛ yenya obi a ɛsono kasa a ɔka a n’ani gye asɛm no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2 Sɛ wote baabi a nnipa no nyinaa ka kasa biako a, wubetumi aka asɛm no wɔ afie fie a wommrɛ. Nanso, sɛ wote kurow a wɔka kasa pii wom mu a, ebia ɛrenyɛ mmerɛw saa. Ebetumi aba sɛ asafo afoforo a ɛsono kasa a wɔka nso kɔ asɛnka wɔ asasesin koro no ara mu. Enti ɛwom sɛ asafo ahorow no bɛka nnipa a wɔka mo kasa a wonya wɔn no ho asɛm akyerɛ mo de, nanso ɛyɛ mo asafo no anaa mo kuw no asɛyɛde titiriw sɛ mobɛhwehwɛ nnipa a mubetumi aka asɛm no akyerɛ wɔn. (Hwɛ adaka “Mommoa Mo Ho Mo Ho.”) Enti ebia ɛho behia sɛ mubisabisa baabi a mubehu wɔn a wɔka mo kasa no na mokɔhwehwɛ wɔn. Ɔkwan bɛn na mobɛfa so ahwehwɛ wɔn?

3. Dɛn na asafo anaa kuw bi betumi agyina so de ahwehwɛ wɔn a wɔka wɔn kasa, na bere dodow ahe na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ saa adwuma yi?

3 Nhyehyɛe a Mobɛyɛ Akɔhwehwɛ Wɔn: Bere dodow a mode bɛhwehwɛ wɔn a wɔka mo kasa wɔ mmeae a wɔka kasa pii wɔ hɔ no begyina mo hɔnom nsɛm tebea so. Sɛ nhwɛso no, nnipa baahe na wɔte mpɔtam hɔ a wɔka saa kasa no? Adawurubɔfo baahe na wɔwɔ hɔ? Nnipa baahe na asafo no anaa kuw no wɔ wɔn address? Ɛho renhia sɛ asafo no de bere koro no ara hwehwɛ nnipa a wɔka wɔn kasa no wɔ asasesin no mu baabiara, na mmom wobetumi de wɔn adwene asi baabi a wobenya saa nkurɔfo no pii wɔ hɔ ne mmeae a ɛbemmɛn wɔn no so. Nanso, nhyehyɛe pa a wɔbɛyɛ de ahwehwɛ nkurɔfo a wɔka wɔn kasa no ho hia na ama nnipa pii atumi anya hokwan abɔ Yehowa din.—Rom. 10:13, 14.

4. (a) Nhyehyɛe bɛn na yebetumi ayɛ de akɔhwehwɛ wɔn a wɔka yɛn kasa no? (b) Akwan bɛn na yebetumi afa so anya wɔn a wɔka yɛn kasa no?

4 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no, titiriw no, ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ adwuma yi ho nhyehyɛe na ɔhwɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔ nnipa koro no ara a asafo afoforo mufo akɔ wɔn nkyɛn no hɔ. (1 Kor. 9:26) Onuabarima a ɔfata, ebia asafo mu panyin anaa ɔsomfo a ɔwɔ asafo a kuw no wom mu a mpanyimfo kuw no apaw no no betumi adi kuw a wɔka ɔman foforo so kasa no anim. Asafo ahorow ne akuw pii wɔ nhyehyɛe a ɛma wɔkɔhwehwɛ wɔn a wɔka wɔn kasa. Wɔyɛ saa na ama wɔahu mmeae a ɛsɛ sɛ wɔkɔ wɔ asasesin no mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, asafo a kuw no wom mu mpanyimfo betumi ayɛ nhyehyɛe ma asafo mũ no nyinaa akɔhwehwɛ wɔn a wɔka kuw no mufo kasa wɔ bere ne bere mu.—Hwɛ adaka “Sɛnea Wubehu Wɔn a Wɔka Wo Kasa.”

5. (a) Nyansahyɛ a wɔde ma adawurubɔfo a wɔkɔhwehwɛ nnipa a wɔka wɔn kasa no bi ne dɛn? (b) Dɛn na yebetumi aka bere a yɛrehwehwɛ nkurɔfo no?

5 Ɛsɛ sɛ yenya botae pɔtee bi bere biara a yɛrekɔhwehwɛ wɔn a wɔka yɛn kasa no. Esiane sɛ eyi yɛ ɔsom adwuma no fã nti, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ asɛmpakafo. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wodi kan sua asɛm a wɔbɛka na wɔka kasa no bere a wogu so rehwehwɛ nkurɔfo no a, ɛma wɔn ani gye bere nyinaa na wotumi ka kasa no yiye. Yebetumi abu bere a yɛde kɔhwehwɛɛ wɔn no ho akontaa, nanso yɛrentumi mmu nea yɛde yɛɛ asasesin no ho mfonini, ne nea yɛde kyerɛw edin ne address ahorow no ho akontaa. Sɛ yenya obi a ɔka kasa no a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛmpa no kyerɛ no, na afei yɛka ho asɛm kyerɛ ɔsom adwuma sohwɛfo anaa nea wɔapaw no no ntɛm ara, na ama wɔatumi de aka asasesin no kyerɛwtohɔ ho. Sɛ onipa no kyerɛ asɛm no ho anigye oo, wɔankyerɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɛwom sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔhwehwɛ wɔn a wɔka yɛn kasa no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na yɛyɛ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa bi.—Hwɛ adaka “Nea Ɛsɛ sɛ Yɛka Bere a Yɛrehwehwɛ Nnipa a Wɔka Yɛn Kasa.”

6. Ɔhaw ahorow bɛn na yebetumi ahyia bere a yɛrehwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum no?

6 Wɔn a Wɔyɛ Mum a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn: Wɔn a wɔyɛ mum a yɛhwehwɛ wɔn no nso wɔ ne haw, na egye mmɔdenbɔ ne animia paa. Yɛrentumi mfa obi din, ne nipaban anaa atade a ɔhyɛ nhu sɛ ɔyɛ mum. Bio nso, abusuafo ne nnamfo bɛpɛ sɛ wɔbɔ wɔn a wɔyɛ mum no ho ban ma enti ebia wɔrempɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho asɛm akyerɛ adawurubɔfo a wɔrehwehwɛ wɔn no. Ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum ho nyansahyɛ a edidi so yi nso betumi aboa bere a yɛrehwehwɛ wɔn a wɔka kasa bi no.

7. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ de ahwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum wɔ afie mu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na ofiewura no adwenem anyɛ no naa?

7 Asafo ne akuw ahorow a wɔka mum kasa akɔhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum wɔ afie mu ma wɔatumi ahu wɔn. Ebia ofiewura bi ahu sɛ ne fipamfo, ne yɔnko dwumayɛni anaa sukuuni bi yɛ mum. Ebetumi aba sɛ wahu sɛ wɔakyerɛw asi kwan bi ho sɛ mmofra a wɔyɛ mum te mpɔtam hɔ. Ebia na ne busuani bi yɛ mum. Kae sɛ ofiewura no adwenem betumi ayɛ no naa wɔ nea enti a woaba hɔ no ho. Nanso, wubetumi de adamfofa su ne obu akyerɛkyerɛ nea enti a woaba hɔ no mu tiawa na ama ofiewura no koma atɔ ne yam. Ebinom de Bible no anaa DVD ahorow adi dwuma bere a wobisa ofiewura bi sɛ ebia onim obi a ɔyɛ mum no ma biribi pa afi mu aba. Afei wɔka no tiawa sɛ wɔpɛ sɛ wɔka anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm kyerɛ saafo no. Sɛ ofiewura no mpɛ sɛ ɔka sɛ onim obi a ɔte saa mpo a, ebia ɔbɛpɛ sɛ ogye w’address anaa krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo ba asafo nhyiam no bi ma ne busuani anaa n’adamfo a ɔyɛ mum no.

8. Ɔkwan bɛn na asafo a ɛbɛn asafo a wɔka mum kasa no betumi afa so aboa wɔn?

8 Asafo a wɔka mum kasa no betumi afrɛ asafo bi a ɛsono kasa a wɔka a ɛbɛn wɔn no ma wɔabɛboa ma wɔahwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum wɔ wɔn asasesin kɛse no mu kurow biako mu pɛnkoro anaa mprenu afe biara. Asafo a wɔka mum kasa no betumi de adwuma yi ho akwankyerɛ ne ɔyɛkyerɛ aka asɛnka nhyiam a wɔbɛyɛ no ho. Anyɛ yiye koraa no, wobetumi ama asafo a wɔka mum kasa no mu ɔdawurubɔfo biako aka kar biako biara mufo ho, na wɔama wɔn asase ho mfonini a ɛkyerɛ baabi pɔtee a wɔbɛyɛ adwuma no.

9. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so akɔhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum no wɔ baabi a wɔtaa hyia bɔ fekuw, gye wɔn ani anaasɛ wogye mmoa wɔ mpɔtam hɔ no?

9 Wobetumi akɔhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum no wɔ baabi a wonim sɛ wɔtaa hyia bɔ fekuw, gye wɔn ani anaasɛ wogye mmoa wɔ mpɔtam hɔ. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo siesie wɔn ho ma ɛfata saa dwumadi no. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛyɛ anifere na yɛne onipa biako anaa baanu bɔ nkɔmmɔ sen sɛ yɛbɛkasa akyerɛ kuw no nyinaa. Sɛ wɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, yebetumi agye wɔn address ne wɔn telefon nɔma na yɛde yɛn de nso ama wɔn.

10. Ɔkwan bɛn na adawurubɔfo betumi afa so akɔhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum wɔ nnwuma a ɛwɔ wɔn asasesin mu no mu?

10 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ne sɛ yɛbɛkɔ baabi a nnwuma wɔ wɔ asasesin no mu te sɛ mmeae bi a wɔtɔn pɛtro, baabi a wɔhoro nneɛma, adidibea, anaa adwuma foforo bi. Wɔ nnwuma bi mu no, yebetumi abisa sɛ ebia wɔn adwumayɛfo no anaa wɔn adetɔfo anaa nnipa a wɔyɛ adwuma ma wɔn no mu binom ka mum kasa anaa. Sɛ mum sukuu wɔ asasesin no mu a, yebetumi de yɛn DVD ahorow no bi ama sukuu no ma wɔde agu wɔn nhomakorabea.

11. Dɛn nti na adwuma a yɛyɛ de hwehwɛ nnipa a wɔka yɛn kasa no ho hia saa?

11 Adwuma a Ɛho Hia: Ebetumi ayɛ den sɛ wubenya afiewuranom a wɔka wo kasa. Afei nso, nsakrae tumi ba mmeae bi ntɛmntɛm bere a nkurɔfo tu fi hɔ na afoforo bɛtena hɔ no, na eyi ma etumi yɛ den sɛ yɛbɛyɛ kyerɛwtohɔ a edi mu. Nanso, wɔ mmeae pii no, nnipa a wɔka yɛn kasa a yɛbɛhwehwɛ wɔn no yɛ ɔsom adwuma no fã a ɛho hia. Yehowa a ɔde asɛnka adwuma no ahyɛ yɛn nsa no nhwɛ nnipa anim. (Aso. 10:34) “Ɔpɛ sɛ ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Enti, momma yɛne Yehowa ne yɛn nuanom nyinaa nyɛ biako na ama yɛatumi ahwehwɛ nnipa a wɔka kasa horow nyinaa a wɔwɔ “koma pa” no.—Luka 8:15.

[Kratafa 5 adaka]

Mommoa Mo Ho Mo Ho

Sɛ asafo anaa kuw bi pɛ sɛ asafo afoforo a ɛsono kasa a wɔka a ɛbɛn wɔn no boa wɔn ma wohu wɔn a wɔka wɔn kasa a wobetumi aka asɛm no akyerɛ wɔn a, ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi akohu wɔn. Ɛbɛyɛ papa sɛ wokohu asafo ahorow a ɛbemmɛn a nnipa a wɔka saa kasa no dɔɔso wom no nkutoo. Asafo ahorow a wɔakohu wɔn no betumi aka akyerɛ wɔn adawurubɔfo sɛ, sɛ wonya obi a ɔka saa kasa no a, wɔnkyerɛw n’address na wɔmfa mma ɔsom adwuma sohwɛfo no, na ɔno nso de bɛma asafo anaa kuw a wohia mmoa no. Ɔsom adwuma so ahwɛfo a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu no betumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔde biakoyɛ ayɛ nsasesin a wɔka kasa pii wom no mu adwuma, na wɔakyerɛ anigyefo kwan akɔ asafo anaa kuw a wɔka wɔn kasa no mu.

Sɛ adawurubɔfo nya obi a ɛsono kasa a ɔka (anaa obi a ɔyɛ mum) a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye paa a, ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no ntɛm ara na wɔde ma wɔn asafo mu ɔkyerɛwfo no. Eyi bɛma onipa no anya honhom fam mmoa ntɛm ara.—Hwɛ km 5/11 kr. 3.

[Kratafa 6 adaka]

Sɛnea Wubehu Wɔn a Wɔka Wo Kasa

• Bisabisa afoforo—Wo Bible asuafo, wɔn abusuafo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo.

• Kɔ mmeae bi te sɛ nhomakorabea ahorow, aban adwumayɛbea, ne kɔlege ahorow mu na fa anifere kwan so bisa wɔn.

• Hwɛ atesɛm nkrataa mu hwɛ sɛ wubehu amanneɛbɔ a ɛfa wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa dwumadi ahorow ho.

• Kɔ sotɔɔ ahorow a wɔn a wɔka ɔman foforo so kasa tɔ nneɛma wom ne nnwuma a wɔyɛ nneɛma ma wɔn no mu.

• Srɛ kwan fi wɔn a wɔhwɛ nnwuma, mmeae a sukuupɔn adesuafo kɔtena, anaa baabi a wɔfa kar ne keteke a nkurɔfo a wɔka kasa no taa di hɔ akɔneaba so no hɔ.

[Kratafa 7 adaka]

Nea Ɛsɛ sɛ Yɛka Bere a Yɛrehwehwɛ Nnipa a Wɔka Yɛn Kasa

Adamfofa su a wode bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee no remma n’adwenem nyɛ no naa. Sɛ wudi kan de nhoma a ɛwɔ ne kasa mu kyerɛ no a, ɛtaa boa.

Sɛ wukyia wie a, wubetumi aka sɛ: “Yɛrehwehwɛ wɔn a wɔka ․․․․․ kasa na yɛaka anidaso a ɛwɔ Bible mu ho asɛm akyerɛ wɔn. Wunim obi a yebetumi aka bi akyerɛ no?”

Sɛ worehwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum a, wubetumi aka sɛ: “Mikyia wo. Mepɛ sɛ mede biribi kyerɛ wo. [Fa New World Translation—On DVD no hyɛ afiri ketewaa a wɔde yi video no mu ma ɔnhwɛ nkyekyɛm bi.] Eyi yɛ Amerika Mum Kasa Bible no mu asɛm bi. Wɔ Bible no akyi no, yɛwɔ video ahorow a yɛde boa wɔn a wɔyɛ mum no ma wosua Onyankopɔn Asɛm. Wunim obi a ɔyɛ mum, anaa obi a n’asom yɛ den a otumi ka mum kasa?” Sɛ ofiewura no nkae sɛ onim obi a ɔte saa a, mpɛn pii no ɛbɛyɛ papa sɛ wokyerɛ no baabi a ebia wahu wɔn mu bi pɛn, ebetumi ayɛ adwumam, sukuu mu, anaa mpɔtam hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena