Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa A Ɛsono Wɔn Kasa
1 Ɛnnɛ yɛtaa hu nnipa ahorow a wɔne wɔn ho wɔn ho adi afra wɔ nkurow akɛse mu. Ebia eyi te saa wɔ nkuraa binom ase nso. Ɛsɛ sɛ yɛma Ahenni no ho asɛm no du wɔn a wɔka kasa afoforo no nso nkyɛn. (Adi. 14:6) Esiane tebea horow ne nsɛnnennen a ɛsɔre wɔ yɛn som a yebewie wɔ wɔn a ɛsono wɔn kasa no mu nti, wɔde nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ma.
YƐ ASUAFO
2 Eye sɛ yɛbɛma atra yɛn adwene mu titiriw sɛ, bere a yɛka asɛm no yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo—akyerɛkyerɛ nokware no. (Mat. 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ yɛde kasa a nnipa no te no yiye kyerɛkyerɛ. (1 Kor. 14:9) Nanso eyi ntumi nyɛ yiye bere nyinaa. Wɔ mmeae pii no yɛwɔ asafo biako pɛ a ɛyɛ asasesin no mu adwuma, nanso nnipa a wɔnnte kurom hɔ kasa te hɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa saa nnipa yi ma wɔasua nokware no?
3 Sɛ wokɔsra obi a ɔnte wo kasa a woka no a, fa Good News for All Nations nhomawa no di dwuma, Anyɛ yiye koraa no wubetumi adi adanse a edi kan wɔ saa kwan no so a ɛbɛma woahu sɛ ebia onipa no wɔ anigye bi wɔ nokware no ho. Sɛ ɔkyerɛ anigye na wowɔ nhoma a ɛwɔ ne kasa mu a, fa ma no. Ɛno akyi no bisa mpanyimfo no ne ebia ɔmansin sohwɛfo no sɛ ebia kuw bi anaa asafo bi bɛn hɔ a wɔde ofiewura no kasa a ɔte no yɛ adesua. Ebia obi a ofi saa kuw anaa asafo no mu betumi aboa no. Sɛ eyi rentumi nyɛ yiye a, ebia wubetumi ahwehwɛ asafo no mu ɔdawurubɔfo bi a ɔte kasa no ma wakɔ ne nkyɛn.
4 Nanso, ebia na Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nyinaa nte onipa no kasa no. Dɛn na mubetumi ayɛ wɔ eyi ho? Adawurubɔfo binom atumi adi nnipa a ɛsono wɔn kasa no ho dwuma kakra denam Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa no so. Sɛ wɔatintim bi wɔ oniiko no kasa mu a, ɛnde na ɛyɛ papa. Ɛdenam mfonini ahorow a wode bedi dwuma ne kenkan a wobɛma oniiko no akenkan Kyerɛwnsɛm a wɔaka ho asɛm no so no, obenya Bible no mu ntease a ɛho hia no. Wɔ nsɛm binom mu no ebia na onigyeni no abusua no mufo bi te kurom hɔ kasa no kakra a wobetumi akyerɛ no ase.
5 Wɔ mmeae a wɔmfa ofiewura no kasa a ɔte nnyɛ nhyiam horow no, hyɛ no nkuran ma ɔnkɔ asafo a ɛwɔ hɔ nhyiam horow no. Kristofo fekuwbɔ no ankasa bɛma wanya nkɔso yiye; na sɛnea ɛbɛyɛ na wanya honhom mu nkɔso bio no, obetumi afi ase asua kurom hɔ kasa no. (Mat. 18:20) Ma ɛntra w’adwene mu sɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo.
ASASESIN A WƆKA KASA HOROW PII WOM MU ADWUMA A YƐBƐYƐ
6 Wɔ mmeae horow bi no yɛwɔ asafo abien, abiɛsa anaa nea ɛboro saa a ɛsono kasa a asafo biara ka a wɔwɔ asasesin koro no ara mu. Wɔ faako a eyi te saa no, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ asafo biara mu no de wɔn ani si wɔn a wɔte wɔn kasa no so. Ɛda adi sɛ ɛtɔ bere bi a ebinom bɛyɛ adwuma akɔ afoforo asasesin mu de. Nanso, mpanyimfo kuw ne asafo horow a ɛwɔ mmeae a ɛte sɛɛ no atumi aka abom adi nnipa no ahiade ho dwuma, de asɛmpa no adu wɔn nkyɛn wɔ kasa a wɔte no yiye mu. Ɔkwan biako a wɔnam so yɛ eyi ne sɛ wɔde nkurɔfo a ɛsono wɔn kasa no address bɛma asafo a wɔte wɔn kasa no. (Fil. 2:4) Bio nso, ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ asafo biara mu hu nokwasɛm yi sɛ, wɔde asasesin wɔ mmeae horow a ɛte sɛɛ ma a egyina kasa a wɔka so. Enti, ɛsɛ sɛ obiara hu ɔkwan a wɔnam so yɛ adwuma wɔ asasesin no mu yiye. Ɛsɛ sɛ wogyaw afie a emu nnipa te asafo horow no mu biako a asasesin no hyɛ wɔn nsa kasa yiye no ma emu adawurubɔfo ma wɔkɔsra wɔn. Ɛdenam saa nyansahyɛ yi akyi a wobedi so no, wɔn a wɔde nhoma ma no betumi akɔsra anigyefo no na wɔakyerɛ wɔn kwan akɔ asafo a ɛsɛ no mu.
7 Yebetumi ayɛ pii wɔ asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ nnipa a ɛsono wɔn kasa no mu, bere a obiara boa na ɔda anidahɔ adi na ɔkyerɛ anigye a pɛsɛmenkominya nnim wɔ Awurade nguan no ho no. (Yoh. 13:34, 35; Fil. 2:14; Yak. 3:17, 18) Ɛdenam wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ yɛn asasesin no mu honhom fam yiyedi ne yɛn atirimpɔw a ɛne sɛ yɛbɛyɛ asuafo no a yɛbɛma atra yɛn adwene mu titiriw no so no ebia yɛbɛboa nnipa pii a wofi aman ne kasa horow mu ma woabɛka yɛn ho wɔ Yehowa som mu.—Yes. 2:2, 3.